Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu Nhoma no a Yɛde Bɛma
1 Yɛn ani gyei bere a woyii nhoma foforo, Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu, adi no! Wɔasiesie no sɛnea ɛbɛboa nkurɔfo ma wɔanya nokware no ho nimdeɛ a edi mu ntɛmntɛm. Wɔ March mu no, yebenya hokwan a edi kan sɛ yɛde nhoma yi bɛma wɔ yɛn asasesin mu. Dɛn na yebetumi aka de akanyan anigye?
2 Ɔkwan a ebia wobetumi afa so de ama obi a ne gyidi wɔ Onyankopɔn mu ayɛ mmerɛw ama n’ani agye ho ni:
◼ “Wɔtetee nnipa pii ma wobenyaa gyidi wɔ Onyankopɔn mu, nanso nnɛ wɔabehu sɛ wɔn gyidi no nte sɛ nea na ɛte kan no. Wususuw sɛ dɛn nti na aba saa? [Twɛn ma ommua.] Ɛdenam amansan yi mu nneɛma a ɛyɛ nwonwa a yebesusuw ho so no, Onyankopɔn mu gyidi a yɛwɔ no mu bɛyɛ den. [Kenkan Dwom 19:1.] Onii ko a ne mmara kyerɛ ɔsoro abɔde yi kwan no de akwankyerɛ a ɛsom bo nso ama yɛn. [Kenkan Dwom 19:7-9.] Nkyekyem ahorow yi si hia a ɛho hia sɛ yesua nea yebetumi nyinaa wɔ Onyankopɔn ne n’atirimpɔw ahorow ho so dua. [Twe adwene si mfonini a ɛwɔ nkratafa 4 ne 5 no so, na kenkan asɛm a ɛwɔ ase hɔ no.] Sɛ wobɛpɛ sɛ wunya saa nimdeɛ soronko yi mu mfaso a, m’ani begye sɛ megyaw saa nhoma yi ama wo.”
3 Bere a wowɔ amanneɛbɔ nsɛm bi a ɛhaw adwene wɔ wo tirim no, wubetumi aka sɛ:
◼ “Akyinnye biara nni ho sɛ wotee [ka asɛm ko]. Woasusuw ho pɛn sɛ ebia atɛnkyea ne amanehunu a yehu wɔ baabiara anaa yɛn ankasa hyia no haw Onyankopɔn ampa? [Twɛn ma ommua.] Bible no ma yɛn awerɛhyem sɛ Onyankopɔn dɔ yɛn na ɔbɛboa yɛn wɔ ahohia bere mu.” Kenkan Dwom 72:12-17 no afã ahorow bi. Bue nhoma no mu kɔ kratafa 70, na kyerɛ sɛ, saa Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma yi bua asɛm a ɔpepem pii abisa yi, Dɛn nti na Onyankopɔn ma amanehunu ho kwan? “Bible no mmuae wɔ saa asɛmmisa no ho bɛkyekye wo werɛ yiye. Mɛpɛ sɛ migyaw nhoma yi ma wo sɛnea ɛbɛyɛ a w’ankasa wubetumi akenkan ho asɛm.”
4 Sɛ wuhyia ɔwofo a, wubetumi adan adwene akɔ abusua no so:
◼ “Awofo dodow no ara gye tom sɛ wohyia nsɛnnennen pii bere a wɔbɔ mmɔden sɛ wobekura abusua asetra a ɛyɛ anigye mu no. Wohwɛ a dɛn ne ɛho akwanside akɛse? [Twɛn ma ommua.] Yɛn mu dodow no ara bɔ yɛn ho mmɔden sɛnea yebetumi biara, nanso yɛn ani taa sɔ mmoa a ɛbɛma yɛatumi anya mfaso kɛse. Bible de afotu a ɛkyɛn so ma. [Kenkan Kolosefo 3:12, 18-21 no afã ahorow bi.] Bible wɔ pii ka wɔ asɛm yi ho sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ nhoma yi ti 15 a ekura asɛmti ‘Abusua a Ɛhyɛ Onyankopɔn Anuonyam a Wobɛhyehyɛ’ mu no. Ɛka Bible mu afotu a ɛkyerɛ sɛnea yebedi aware mu haw so ne sɛnea yebegyina nsɛnnennen a yɛn mma hyia no ano. Migye di sɛ w’ani begye ho sɛ wobɛkenkan.”
5 Sɛ wopɛ biribi tiawa a, wubetumi asɔ eyi ahwɛ:
◼ “Woasusuw nea enti a yenyinyin na yewuwu ho pɛn? Nhoma yi ti 6 kyerɛkyerɛ nea ɛde owu bae ne sɛnea Onyankopɔn beyi afi hɔ mu. Bible ka kyerɛ yɛn sɛ, Onyankopɔn de daa nkwa ahyɛ wɔn a wɔdɔ no no bɔ. [Kenkan Yohane 17:3.] Sɛ wobɛpɛ sɛ wokenkan eyi ho asɛm a, wubehu sɛ nhoma yi ma nimdeɛ yiye.”
6 Sɛ yɛasiesie yɛn ho yiye a, yebetumi de nhoma yi adi dwuma de ‘abue Kyerɛwnsɛm no mu’ akyerɛ afoforo wɔ ɔkwan a ɛde anigye kɛse bɛbrɛ wɔn so!—Luka 24:32.