Ahosiesie—Ade a Ɛde Nkonimdi Ba
1 Ahosiesie a obi bedi kan ayɛ ama asɛnka adwuma no bɛboa no ma wadi ne nan ase a obetumi atwentwɛn sɛ obenya asɛnka adwuma no mu kyɛfa so. Sɛ wokɔ nkurɔfo apon ano a, wubehu asɛm a wopɛ sɛ woka kyerɛ afiewuranom no. Ɛho renhia sɛ wobɔ hu wɔ nsɛnnennen a ebia wubehyia ho. Sɛ wopɔn asɛnka san ba fie a, ɛbɛhyɛ wo nkuran, efisɛ wunim sɛ woabɔ wo ho mmɔden kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu. Yiw, ahosiesie a edi mu ne ade a ɛboa ma yɛn asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ tumi tu mpɔn.
2 Paulo sii ahosiesie a yɛbɛyɛ so dua denam hyɛ a ɔhyɛɛ yɛn sɛ ‘yɛmfa asomdwoe asɛmpa no ho ahodaso nhyehyɛ yɛn anan’ no so. (Efe. 6:15) Nea ɛka eyi ho ne yɛn adwene ne yɛn koma a yebesiesie no, na afei yɛanya adwempa ne ɔpɛ honhom. Sɛ yesiesie yɛn ho sɛ yɛbɛka nokware no ho asɛm akyerɛ afoforo a, wɔde Ahenni abasow betua yɛn adwuma no so ka ma yɛn ani agye.—Aso. 20:35.
3 Sɛnea Yebesiesie Yɛn Ho Ama Asɛnka Adwuma No: Ɛsɛ sɛ yɛpaw asɛm a yɛbɛka akyerɛ a yɛn ano betumi atotɔ so, ebia nea wɔahyɛ ho nyansa wɔ Reasoning nhoma no mu anaa nea ɛwɔ Yɛn Ahenni Som no kratafa a etwa to no bi. Fa ntoboase susuw kyerɛwsɛm a woabɔ wo tirim sɛ wode bedi dwuma no ho, na hu nsɛmfua anaa nsɛm a wubesi so dua ma asɛm titiriw no ada adi. Ɛho nhia sɛ wokyere asɛm a wobɛka no gu wo tirim; mmom no, nea eye kyɛn so ne sɛ wobɛbɔ asɛm no mua wɔ wo tirim, de w’ankasa wo nsɛm aka, na woaka no ɔkwan a wususuw sɛ wo tiefo no ani begye ho so.
4 Hwɛ nhoma a woabɔ wo tirim sɛ wode bɛma no mu, na paw nsɛm a ɛyɛ anigye a wubetumi aka ho asɛm. Paw biribi a wote nka sɛ nnipa a wɔwɔ mo asasesin no mu ani begye ho. Susuw sɛnea wobɛyɛ nsakrae wɔ asɛm a wobɛka akyerɛ afiewuranom a wogu ahorow ho—ɔbarima, ɔbea, obi a ne mfe akɔ anim, anaa abofra.
5 Woabɔ mmɔden sɛ wobɛbobɔ so akyerɛ afoforo? Wo ne abusuafo ne adawurubɔfo foforo nhyia nsusuw nsɛm a wɔka kyerɛ a ebetumi atu mpɔn ho, na afei mommobɔ so mma obiara nte na aka n’adwene mu yiye. Mommɔ mmɔden mma tebea ne anoyi ahorow no nsɛ nea mubetumi ahyia wɔ mo asasesin mu. Bobɔ a wobɛbobɔ so saa no bɛma wo kasa no akɔ yɔɔ, w’asɛnka atu mpɔn, na woanya ahotoso kɛse.
6 Asɛm a wobɛka akyerɛ a wubesiesie na woabobɔ so akyi no, ɛsɛ sɛ wubisa wo ho nso sɛ, ‘Atade a mayɛ m’adwene sɛ mɛhyɛ no fata ɔsom adwuma no? Sɛnea masiesie me ho no nso ɛ? Mewɔ nea ehia me wɔ me nhoma bag mu, a nhoma a mabɔ me tirim sɛ mede bedi dwuma no nso ka ho? Ɛho twa? Mewɔ Reasoning nhoma, nkratawa, afie afie kyerɛwtohɔ krataa, ne pɛnsere anaa pɛn?’ Ahosiesie a yebedi kan atra ase asusuw ho no bɛma ɛda no asɛnka asow aba kɛse.
7 Bere a yɛayɛ nea yebetumi nyinaa de asiesie yɛn ho akyi no, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae srɛ Yehowa honhom na aboa yɛn ma yɛadi nkonim. (1 Yoh. 5:14, 15) Ahosiesie a yɛbɛma yɛn ani akũ ho kɛse no bɛma yɛanya anigye kɛse wɔ yɛn adwuma no mu, bere a ‘yewie yɛn som no koraa’ no.—2 Tim. 4:5.