Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow
Nea edidi so yi yɛ nsɛm a ɛho hia sɛ mususuw ho ansa na Nkaedi no adu so Benada, April 2:
◼ Ɛsɛ sɛ moka bere ne beae pɔtee a mubedi afahyɛ no kyerɛ obiara, a ɔkasafo no nso ka ho.
◼ Ɛsɛ sɛ munya abodoo ne bobesa a ɛfata no de sisi hɔ.—Monhwɛ February 1, 1985, Ɔwɛn-Aban, kratafa 27.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan de ɔpon, ɔpon so tam, mprɛte ne glass ahorow a ɛfata kɔ asa no so na mohyehyɛ no sɛnea ɛsɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan koraa siesie Ahenni Asa no anaa beae foforo a mubehyiam no fefeefe.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan paw wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde abodoo ne bobesa no bɛfa nnipa no anim no kyerɛ wɔn ɔkwan pa a ɛsɛ sɛ wɔfa so ne wɔn nnwuma.
◼ Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe de abodoo ne bobesa no bi kɔma wɔn a wɔasra wɔn no mu biara a ebia wonni ahoɔden na wontumi mma no.
◼ Sɛ wobedi afahyɛ no bɛboro biako wɔ Ahenni Asa koro so a, ɛsɛ sɛ nkitahodi pa tra asafo ahorow no ntam na ama wɔakwati nkyereso a enhia wɔ abrannaa no so, ɔpon no ano, anammɔn kwan a ɔmanfo fa so, ne baabi a wɔde kar sisi no.