Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/96 kr. 2
  • Asemmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn A Wɔanyinyin Ne Ayarefo Ho A Yebesusuw
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Sɛnea Yɛboa Ahenni Adwuma No Wɔ Yɛn Man Mu Ne Wiase Nyinaa
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • So Ɛsɛ Sɛ Yɛde Nhoma Kyɛ?
    Yɛn Ahenni Som—1982
  • Wubetumi Aboa?
    Yɛn Ahenni Som—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1996
km 3/96 kr. 2

Asemmisa Afã

◼ Ɛyɛ papa sɛ yebeyi ntoboa wɔ kar a afoforo de fa yɛn no ho?

Yɛn mu binom tebea hwehwɛ sɛ yɛma afoforo boa yɛn daa na yɛatumi akɔ nhyiam horow anaa yɛayɛ asɛnka adwuma. Anuanom mmarima ne mmea pii fi wɔn pɛ ne ɔdɔ mu de wɔn bere, wɔn kar, ne nneɛma foforo boa yɛn ma yenya nea yɛde betwa kwan no. Ɛwom sɛ ebetumi ama wɔasiesie wɔn ho ntɛm asen sɛnea anka wɔbɛyɛ na wonnu fie ntɛm de, nanso wofi ɔpɛ honhom mu de wɔn kar fa yɛn.

Sɛnea ɛte wɔ yɛn Kristofo som adwuma no afã foforo biara ho no, nnyinasosɛm a yehu wɔ Galatifo 6:5 no fa asɛm no ho: “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” Enti, sɛ obi de ne kar fa yɛn bere nyinaa a, ɛnyɛ nsɛm kɛkɛ na ɛsɛ sɛ yɛka de kyerɛ anisɔ, na mmom sɛ yebetumi a, ɛsɛ sɛ yeyi ntoboa a ɛsɛ nso de tua ɛka a wabɔ no bi.—Mat. 7:12; 1 Kor. 10:24.

Sɛ onii a ɔde ne kar fa wo no ammisa sika fam mmoa na ɛte sɛ nea onhia bi mpo a, komam a wubefi aka sɛ onnye ntoboa bi no sɔ ani bere nyinaa. Ebia ofirikafo no bɛka sɛ ɔrennye hwee; na nokwarem no, ɛsɛ sɛ yɛma n’ankasa si ɛno ho gyinae. Nanso ɛyɛ papa sɛ wobɛka sɛ onnye biribi. Sɛ wuntumi nyi ntoboa biara saa bere no a, wubetumi ama atra w’adwene mu; wubetumi de bi aka nea anka wode bɛma no no ho bere foforo a wobɛtra kar no mu no.—Luka 6:38.

Ɛkyerɛ ɔdɔ kɛse sɛ wɔn a wɔwɔ kar no de bɛfa afoforo a ebia anka wɔrentumi nkɔ nhyiam horow anaa wɔnyɛ asɛnka adwuma no. (Mmeb. 3:27) Bere koro no ara, ɛkyerɛ ɔdɔ nso sɛ wɔn a wonya ayamye a ɛte saa mu mfaso no de ho aseda bɛma denam ntoboa a wobeyi sɛnea ɛne wɔn nsɛm tebea hyia no so.—Kol. 3:15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena