Wɔn A Wɔanyinyin Ne Ayarefo Ho A Yebesusuw
1 Hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran sɛ yɛwɔ anuanom a wɔanyinyin pii a wɔde mfe pii asom nokwaredi mu wɔ Ahenni adwuma no mu wɔ yɛn mu. Yiw, wɔn a wɔde mfe pii anya osuahu wɔ Yehowa som mu no yɛ nkuranhyɛ fibea ma yɛn nyinaa. Wɔn dwen no yɛ abotiri a ɛyɛ fɛ ampa, na wɔ a wɔwɔ hɔ no yɛ nhyira ma asafo no.—Mmeb. 16:31.
2 Bere a yenya honhom mu akyɛde a ebia mpanyimfo yi wɔ a wɔde ma mu mfaso no, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ onyin nso de ɔhaw ahorow ba. (Ɔsɛnk. 12:1-5) So yesusuw yɛn nuanom a wɔanyinyin no ahiade ahorow ho, na so yɛasiesie yɛn ho sɛ yɛde mmoa a efi ayamye ne ɔdɔ mu bɛma? (Yoh. 13:34, 35) Ebia wɔn ahiade no bɛyɛ nea ɛsonosonoe.
3 Ebia ɛtɔ bere bi a nea wobehia ne obi a ɔbɛboa ma ankonam nka a wɔte no afi hɔ, nanso ebia mpɛn pii wobehia mmoa ankasa wɔ lɔre ho asɛm, aguadi, ofie nnwuma, anaasɛ nneɛma afoforo a ɛtete saa mu. Ɛwom sɛ onua a wanyin no wɔ honhom mu ahoɔden de, nanso ebia ɔrennya honam fam ahoɔden a ɔde bɛyɛ nneɛma ahorow a ɛho hia no. Afoforo wɔ asafo no mu a ɛwom sɛ wonnyinnii pii de, nanso ebia wobehia mmoa a ɛte saa ara esiane ɔyare anaa dɛm a wɔadi nti.
ƆKWAN BƐN SO NA YEBETUMI ABOA?
4 Mmoa a wɔde bɛma wɔn a wɔanyinyin ne ayarefo no yɛ abusua mufo ne abusuafo afoforo asɛyɛde titiriw. Nanso ebia honhom mu anuanom besusuw wɔn ho na wɔaboa wɔn. Adesua a yɛbɛkɔ akɔfa wɔn akɔ yɛ ɔkwan biako a yebetumi afa so aboa. Yɛn mpanyimfo anokwafo yi a yɛne wɔn bɔ wɔ nhyiam horow ase no kyerɛ pii ma wɔn, na sɛ wɔwɔ ahoɔden a, wɔde anigye begye ayamye mu a wufi to nsa frɛ wɔn sɛ wɔnka wo ho nkɔ Ahenni Asa so no so. Ɔkwan foforo a yɛbɛfa so ayi ɔdɔ ne ayamye adi ne sɛ yɛbɛto nsa afrɛ wɔn ma yɛne wɔn adidi anaasɛ yɛne wɔn anya Kristofo fekubɔ.
5 Sɛ woreyɛ asɛnka nhyehyɛe a, so wobɔ mmɔden sɛ wode wɔn a wɔanyinyin no bɛka ho? Esiane sɛ wonni ahoɔden pii nti, ebia ɛho behia sɛ wopaw asasesin a emu kɔ renyɛ den mma wɔn. Wo sankɔhwɛ ne Bible adesua a wode eyinom bɛkɔ no betumi ayɛ nkuranhyɛ ama ofiewuranom no. Mpɛn pii mpanyimfo yi nnamyɛ wɔ ɔsom adwuma no mu nyɛ nea ano abrɛ ase, na sɛ yɛyɛ nhyehyɛe ma wonya mu kyɛfa a, wɔn ani gye hokwan a wɔanya no ho na wɔbɛboa wɔ adanse a yedi no mu.
6 Akyinnye biara nni ho sɛ wɔn a wontumi nkɔ nhyiam daa no te nka sɛ wɔhwere fekuw a ɛsɛ sɛ wɔne wɔn nuanom bɔ no. So wubetumi ayɛ nhyehyɛe akɔka emu nsɛntitiriw no bi akyerɛ wɔn? Ɛbɛyɛ wɔn anigye nso sɛ wɔn nsa bɛka nhoma foforo a ɛba no bi. Sɛ ɛyɛ nea n’ani nhu ade papa a, ebia n’ani begye sɛ obi bɛkenkan Bible no ne Asafo nhoma ahorow no afã bi ama no.
7 Hu a wobehu sɛ yesusuw wɔn ho no betumi akyerɛ pii ama wɔn. Nsrahwɛ anaa telefon so ɔfrɛ tiaa a ɛhyɛ nkuran betumi akanyan obi a ontumi nkɔ baabiara no honhom. Wubehu sɛ w’ankasa wubenya anigye kɛse, efisɛ wɔ saa kwan yi so no na woredi Bible ahyɛde a ɛwɔ 1 Yohane 3:18 a ese yɛnnɔ wɔ “nneyɛe ne nokware mu” no akyi. Yehowa nhyira nea woyɛ de boa yɛn nuanom anokwafo a wɔanyinyin ne wɔn a wɔyare no nyinaa so.