Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/80 kr. 3
  • Ɛsɛ Sɛ Mususuw Nnipa A Wɔanyinyin No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɛsɛ Sɛ Mususuw Nnipa A Wɔanyinyin No
  • Yɛn Ahenni Som—1980
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yehowa Dwen N’asomfo A Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim Wɔ Yɛn Mu No Ho A Yebesusuw
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Hu Sɛ Anuanom a Wɔn Mfe Akɔ Anim No Som Bo Paa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Wɔn A Wɔanyinyin Ne Ayarefo Ho A Yebesusuw
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1980
km 4/80 kr. 3

Ɛsɛ Sɛ Mususuw Nnipa A Wɔanyinyin No

1 “M’ani gye fekuw a me ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim wɔ yɛn asafo mu bɔ no ho. Gyidi a emu yɛ den ne ɔdɔ kɛse a wɔwɔ ma Yehowa no hyɛ me nkuran.” Yɛte nsɛm a ɛtete sɛɛ wɔ asafo horow a yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim resom wɔ mu no mu. Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yesusuw anuanom adɔfo yi ho!​—Lev. 19:32.

2 Ɛwom sɛ nipadua mu nyarewa ahorow haw wɔn de, nanso anuanom a wɔn mfe akɔ anim som sɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo. Nhwɛso pa bɛn ara na wɔyɛ ma yɛn sɛɛ yi! Bere a onyin mma wontumi nyɛ pii mprempren no, ɛho nhia sɛ wɔtwe wɔn ho, na wɔte nka sɛ wɔn ho nni asafo no mfaso bio. Mmom no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho wɔ mfaso kɛse ma asafo no nyinaa. Wɔn mudi mu a wɔakura, gyidi ho nhwɛso a wɔayɛ wɔ mfe no mu ne afotu pa a wɔde ma no yɛ nhyira ma yɛn. Yɛn nyinaa betumi agye atom sɛ “Abotiri a ɛyɛ fɛ ne dwen, wohu no trenee kwan so.”​—Mmeb. 16:31.

3 Mmea mpanyimfo nso wɔ nkɛntɛnso pa wɔ asafo no so. Wɔ Tito 2:2-10 no ɛnyɛ mmarima mpanyimfo ho asɛm nko na Paulo kae, na mmom ɔkaa mmea mpanyimfo ne nea wobetumi ayɛ de “ahyehyɛ” nokware no nso ho asɛm. Mmarima ne mmea a wɔn mfe akɔ anim, a mpanyinyɛ mu mmerɛwyɛ ahorow no nyinaa akyi no wonya asɛnka adwuma no mu kyɛfa ɔsram biara no nhwɛso pa no yɛ nkuranhyɛ ma nnipa pii a ɛwom sɛ wonni nipadua mu mmerɛwyɛ a ɛtete saa nanso wɔn mmɔdenbɔ ne ahofama nnu saa no. Yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no mu binom ntumi nyɛ adwuma nnɔnhwerew pii bere koro mu wɔ afie afie asɛnka adwuma anaa mmɔnten so adansedi mu. Nanso, sɛ yehu wɔn nsiyɛ a, so ɛnhyɛ yɛn nkuran sɛ yensua wɔn gyidi a emu yɛ den ne suban a wɔda no adi no anaa? (Fil. 4:23) Na, hwɛ nhwɛso pa a wɔyɛ sɛ wɔba adesua dapɛn biara, ɛwom sɛ ɛtɔ da bi a na ɛyɛ den ma wɔn de, no nso. Na, hena na ɔnyɛ aso ntie mmuae horow a wɔma wɔ nhyiam ase a ɛda nyansa ne ahobrɛase a wɔanya wɔ mfe pii a wɔde asom nokwaredi mu adi no.

4 Na ɔkwan bɛn so na yɛn mu biara betumi adi afotu a ɛwɔ Leviticus 19:32 a ese “di akwakora anim ni” no so? Ɔfa a edi eyi anim wɔ nkyekyem yi ara mu no kenkan sɛ, “Sɔre atifi dwen anim,” a ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ mmofra ne mmerante de obu ma wɔn a wɔn mfe akɔ anim. Paulo tuu fo sɛ ɛsɛ sɛ yebu afoforo sen yɛn ankasa ho. (Fil. 2:3) Sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa wɔ Kristofo asafo no mufo nyinaa ho a, ɛnde hwɛ hia a ehia sɛ yɛde obu kɛse ma obi a ɔnam gyidi nnwuma ne Onyankopɔn som pa mu nneyɛe horow so ada ne dɔ ma Yehowa no adi mfe pii no. Nokwarem no ɛfata sɛ yɛde obu ma wɔn.

5 Ɛtɔ da bi a nsa ka amanneɛbɔ sɛ onua akwakora anaa aberewa a waka dan mu te nka sɛ afoforo ani nnye ne ho esiane sɛ onnya nsrahwɛ a ɛhyɛ nkuran biara nti. Ebia na yɛn ankasa nnim wɔn anaa ebia na yɛne wɔn mmɔɔ fekuw da, nanso eyi nsakra yɛne wɔn honhom mu abusuabɔ no. Ɛyɛ yɛn Kristofo asɛyɛde sɛ yɛhwɛ wɔn a wɔtete saa, titiriw bere a wɔyɛ yɛn abusuafo. (1 Tim. 5:8) Ɔdɔ mu a yefi bɛhwɛ asafo no mufo a wɔn mfe akɔ anim, titiriw wɔn a wɔyɛ yɛn abusuafo no, yɛ Kristofo asɛyɛde a wɔn a wɔdɔ Yehowa no rentumi mmu ani ngu so. (Marko 7:10; 1 Yoh. 3:17, 18; 4:7, 8) Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa da wɔn honam fam ne honhom fam yiyedi ho anigye a yɛwɔ adi.

6 Bere a yɛreyɛ yɛn asasesin mu adwuma no akwan horow pii wɔ hɔ a yebetumi afa so ayi ɔdɔ adi akyerɛ anuanom nkwakora ne mmerewa. Sɛ nhwɛso no, ebia yebetumi akyekyɛ asasesin no wɔ ɔkwan bi so a ɛremma ɛho nhia sɛ nkwakora ne mmerewa yi foro aborɔsan anaasɛ wɔforo mmepɔw bere a wɔrekɔ afie afie. Bere biara a ɛbɛyɛ yiye no, yebetumi aboa anuanom mpanyimfo yi bere a wɔrekɔ akɔyɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua wɔ baabi a kar ho yɛ den anaa ɛhɔ wɔ akyiri kakra no. So yebetumi ayɛ nhyehyɛe de kar akɔfa wɔn aba Ahenni Asa so na yɛde wɔn akɔ fie, anaa mpo yɛaboa wɔn ma wɔakɔtotɔ nneɛma a ɛho hia wɔn wɔ gua so anaa? Yebetumi anya awerɛhyem sɛ yɛn nuanom nkwakora ne mmerewa yi ani bɛsɔ ɔdɔ a yɛda no adi denam mmoa a yɛde ma wɔn so yi kɛse.

7 Sɛ yesusuw ho yiye a, yebehu sɛ akwan horow pii wɔ hɔ a yebetumi afa so ayi ɔdɔ adi akyerɛ yɛn ho yɛn ho. Adema a ɛte saa a pɛsɛmenkominya biara nni mu de anigye brɛ asafo no nyinaa. Yohane hyɛɛ nkuran sɛ: “Mommma yɛmmfa asɛm anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom momma yɛnnɔ nneyɛe ne nokware mu.” (1 Yoh. 3:18) Yiw, mmofra ne mpanyin nyinaa nya nkuranhyɛ bere a obiara boa ne yɔnko sɛnea ne mmɔdenbɔ ne ne nsɛm tebea te no.​—Aso. 20:35; Rom. 1:12.

8 Ɔsomafo Paulo hui sɛ “Onyankopɔn . . . ade nyinaa boa wɔn ma ewie wɔn yiye, wɔn a wɔnam n’atirimbɔ no so afrɛ wɔn no.” (Rom. 8:28) Anigye bɛn ara na ɛyɛ sɛ yenya nimdeɛ ne osuahu pii a yɛn nuanom nkwakora ne mmerewa no pii anya wɔ mfe no mu no ho mfaso!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena