Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 10/87 kr. 1-4
  • Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim Wɔ Yɛn Mu No Ho A Yebesusuw

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim Wɔ Yɛn Mu No Ho A Yebesusuw
  • Yɛn Ahenni Som—1987
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NEA YEBETUMI AYƐ
  • WƆN A WƆN MFE AKƆ ANIM NO SU HOROW
  • Ɛsɛ Sɛ Mususuw Nnipa A Wɔanyinyin No
    Yɛn Ahenni Som—1980
  • Yehowa Dwen N’asomfo A Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Hu Sɛ Anuanom a Wɔn Mfe Akɔ Anim No Som Bo Paa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Wɔn A Wɔanyinyin Ne Ayarefo Ho A Yebesusuw
    Yɛn Ahenni Som—1986
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1987
km 10/87 kr. 1-4

Wɔn A Wɔn Mfe Akɔ Anim Wɔ Yɛn Mu No Ho A Yebesusuw

1 Kristoni asɛyɛde a yɛn nyinaa betumi anya mu kyɛfa ne sɛ yebesusuw yɛn nuanom a wɔn mfe akɔ anim no ho. Bere a mfe retwam no, saa adɔfo yi betumi ahyia nipadua mu ɔhaw ahorow. Esiane nneɛma ahorow bi a wontumi nyɛ ho hwee nti, wɔn mu binom ntumi nyɛ pii te sɛ nea na bere bi wɔyɛ wɔ Yehowa som mu no. (Ɔsɛnk. 12:1-6) Na sɛnea ɛte wɔ yɛn a yɛaka no fam no, wɔn nso wɔte nhyɛso ahorow pii a ɛwɔ nhyehyɛe dedaw yi mu no nka.

2 Onyankopɔn Asɛm da no adi sɛ ɛyɛ wɔn a wɔyɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no abusua mufo no asɛyɛde titiriw sɛ wɔbɛhwɛ wɔn. (1 Tim. 5:8) Ɛsɛ sɛ yɛn nso, sɛ ankorankoro ne asafo no “di akwakoraa anim ni.”​—Lev. 19:32.

NEA YEBETUMI AYƐ

3 Bere a Yehowa ahyehyɛde no renyin na wɔtew asafo afoforo no, wɔn a wɔn mfe akɔ anim no mu binom behu sɛ wɔwɔ asafo ahorow a nnipa kakraa bi na wonim wɔn yiye wom mu. Bere a yehu mmɔden a wɔbɔ na ama wɔatumi aba adesua no, so yekyia wɔn anaasɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu wɔn yiye denam di a yebedi kan afi ase ne wɔn abɔ nkɔmmɔ no so? So yɛakɔsra wɔn wɔ wɔn fi? So yɛne wɔn di nkitaho denam telefon so bere a eyi betumi ayɛ yiye na ɛfata? So yɛakɔ wɔn nkyɛn a ɛnyɛ sɛ yekobisae sɛnea wɔn ho te nko na mmom yɛkɔhwɛe sɛ ebia biribi wɔ hɔ a yebetumi ayɛ ama wɔn nso? So ɛho hia sɛ wɔde kar fa wɔn, wohia obi a wɔbɛsomasoma no, anaasɛ ɔbɛboa wɔn wɔ nnwuma ahorow a ɛho hia mu? Eye sɛ ebinom a wɔwɔ asafo ahorow no mu no reyɛ eyi nanso so yɛn mu pii wɔ hɔ a wobetumi asusuw yɛn nuanom ho wɔ ɔkwan a ɛte sɛɛ so? (Fa toto Luka 10:36, 37 ho.) Wɔn a wɔn mfe akɔ anim no ho a wobesusuw yɛ hokwan a yɛn nyinaa betumi anya mu kyɛfa.

4 Mpanyimfo no betumi abɔ asafo no amanneɛ bere a ɛsɛ sɛ wodi ahiade atitiriw ho dwuma no. Nanso sɛ ankorankoro no, yebetumi de yɛn ho ama sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim no wɔ nneɛma a ebia ɛyɛ den ma wɔn kɛse sɛ wobedi ho dwuma no mu. So wohia obi a ɔbɛkenkan ade akyerɛ wɔn anaasɛ ɔde wɔn bɛkɔ asɛnka, ɛwom mpo sɛ wɔrentumi nnya mu kyɛfa kɛse biara de? So yegye bere de kɔsra yɛn nuanom a wɔdeda ayaresabea anaasɛ wontumi mpue esiane nipadua mu ɔhaw ahorow nti no?​—Mmebusɛm 3:27.

5 Sɛnea wɔaka asie wɔ Onyankopɔn Asɛm mu no, nnɛ nnipa pii yɛ ‘awofo asɛm ho asoɔdenfo, bonniayɛfo, apamsɛefo ne wɔn a wonni dɔ.’ (2 Tim. 3:2, 3) Nanso sɛ́ Kristofo no, yɛpɛ sɛ yekwati wiase no ahopɛ su no. Yɛmpɛ sɛ yɛbɛyɛ wɔn a wonni adagyew koraa a wontumi ne wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔyɛ ɔdɔ ne ahofama ma Yehowa ho nhwɛso pa no mmɔ. Wɔn nokwaredi wɔ nhyiamkɔ mu ne asɛnka mu kyɛfa a wonya sɛnea wobetumi no ma yenya nkuranhyɛ ne titiriw no, sɛ yɛn ani sɔ mmɔden a wɔbɔ no a.

WƆN A WƆN MFE AKƆ ANIM NO SU HOROW

6 Ɛnsɛ sɛ yɛma wɔn a wɔn mfe akɔ anim no te nka sɛ wɔabɛyɛ adesoa ama asafo no anaasɛ yɛn ani nsɔ nea wɔyɛ bio esiane sɛ wɔn ahoɔden so ahuan na wontumi nyɛ pii te sɛ kan no nti. Wɔ ɔkwan foforo so no, ɛyɛ nwonwa sɛ wobehu sɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim no yi anisɔ su adi. Wɔfata nkamfo bere a wɔnkasa ntia afoforo anaasɛ wommisa nneɛma pii no. Su pa a wonya no boa wɔn ma wɔkwati nya a wobenya anwiinwii honhom na wohu sɛ Yehowa betumi aboa wɔn ma wɔatumi agyina sɔhwɛ ahorow a wɔn mfe a akɔ anim no de ba no ano. Sɛ asafo ne sɛ́ ankorankoro no, yɛpɛ sɛ yɛkɔ so yi ɔdɔ adi kyerɛ wɔn a wɔn mfe akɔ anim anokwafo a wɔwɔ yɛn mu no.​—Fa toto Hebrifo 10:32-34 ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena