Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/02 kr. 1
  • Monkae Anokwafo a Wɔn Mfe Akɔ Anim No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Monkae Anokwafo a Wɔn Mfe Akɔ Anim No
  • Yɛn Ahenni Som—2002
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔn A Wɔanyinyin Ne Ayarefo Ho A Yebesusuw
    Yɛn Ahenni Som—1986
  • Yehowa Dwen N’asomfo A Wɔn Mfe Akɔ Anim Ho Ɔdɔ Mu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2008
  • Hu Sɛ Anuanom a Wɔn Mfe Akɔ Anim No Som Bo Paa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Ɛsɛ Sɛ Mususuw Nnipa A Wɔanyinyin No
    Yɛn Ahenni Som—1980
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2002
km 12/02 kr. 1

Monkae Anokwafo a Wɔn Mfe Akɔ Anim No

1 Ɛwom sɛ na Hana a wadi mfirihyia 84 no yɛ okunafo, na na ne mfe akɔ anim de, nanso ‘wampa asɔrefie hɔ da.’ Ne nokwaredi no kaa Yehowa ma ohyiraa no wɔ ɔkwan soronko so. (Luka 2:36-38) Ɛnnɛ, anuanom mmarima ne mmea pii da honhom a ɛte sɛ Hana de no adi ɛmfa ho sɛ wɔrehyia tebea horow a emu yɛ den no. Sɛ ɛba sɛ esiane onyin nti saa anokwafo yi hyia akwahosan ho nsɛnnennen anaa akwanside ahorow a, wɔn abam betumi abu mmere bi. Momma yɛnhwɛ akwan titiriw bi a yebetumi afa so ahyɛ wɔn nkuran, aboa wɔn ma wɔakura honhom fam nhyehyɛe pa mu.

2 Nhyiam Ahorow ne Asɛnka Adwuma No: Sɛ afoforo fi ɔdɔ mu yɛ kar ho nhyehyɛe ma anokwafo a wɔn mfe akɔ anim yi a, ebetumi ayɛ mmerɛw kɛse ama wɔn mu pii sɛ wɔbɛkɔ Kristofo nhyiam ahorow daa. Eyi hyɛ asomfo anokwafo a wɔde bere tenten asom no den wɔ honhom fam na asafo no nso nya so mfaso. So woayɛ saa adwuma pa yi bi pɛn?—Heb. 13:16.

3 Asɛnka adwuma no a nokware Kristofo nya mu kyɛfa daa no ma wonya anigye ne abotɔyam. Nanso ebetumi ayɛ den ama wɔn a wɔn mfe akɔ anim ne wɔn a wonni ahoɔden no. So wubetumi de saafo a wɔsom bo yi mu biako aka wo ho sɛ ‘ɔyɔnko dwumayɛni’ wɔ adansedi adwuma no fã bi mu? (Rom. 16:3, 9, 21) Ebia wubetumi ato nsa afrɛ no ma waka wo ho wɔ telefon so adansedi mu anaa ɔne wo akɔyɛ sankɔhwɛ anaa Bible adesua. Sɛ nea ne mfe akɔ anim no aka dan mu a, so Bible suani bi betumi aba saa onipa no fie ma wɔasua ade?

4 Adesua ne Fekubɔ: Bere ne bere mu no, ebinom to nsa frɛ obi a ne mfe akɔ anim anaa obi a onni ahoɔden ma ɔbɛtra wɔn abusua adesua mu, na wɔyɛ adesua no wɔ saa onipa no fie mpo. Ɛnã bi de ne mma nkumaa baanu kaa ne ho kɔɔ onuawa bi a ne mfe akɔ anim fie ne mmofra no kosuaa Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm, fekubɔ no hyɛɛ wɔn nyinaa nkuran. Nnipa a wɔte saa no kyerɛ anisɔ nso bere a yɛto nsa frɛ wɔn ma wobedidi anaasɛ wɔbɛka yɛn ho wɔ anigyede bi mu no. Sɛ ɛyɛ den dodo ma wɔn a wonni ahoɔden no sɛ wobegye nsa a woto frɛ wɔn no so a, ebia wubetumi afrɛ wɔn wɔ telefon so anaa woakɔ wɔn nkyɛn bere tiaa bi akɔkenkan nhoma bi akyerɛ wɔn, ne wɔn abɔ mpae, anaa woaka osuahu bi a ɛhyɛ nkuran akyerɛ wɔn.—Rom. 1:11, 12.

5 Yehowa ani sɔ anokwafo a wɔn mfe akɔ anim no. (Heb. 6:10, 11) Yebetumi asuasua no denam wɔn ho anisɔ a yɛbɛkyerɛ ne boa a yɛbɛboa wɔn ma wɔakura honhom fam nhyehyɛe pa mu no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena