TI 12
Sɛnea Yɛboa Ahenni Adwuma No Wɔ Yɛn Man Mu Ne Wiase Nyinaa
YESU hyɛɛ nkɔm sɛ nna a edi akyiri mu no, yɛbɛka asɛmpa no akosi “asase ano nohoa.” Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa Adansefo ayɛ. (Aso. 1:8; Mat. 24:14) Wɔayi wɔn yam de wɔn bere ne wɔn ahoɔden nyinaa reka asɛmpa no kyerɛ nkurɔfo. Wɔyɛ Yehowa mfɛfo adwumayɛfo, enti wogye di paa sɛ ɔbɛhwɛ wɔn. Wei nti, wɔde Onyankopɔn Ahenni no di kan wɔ biribiara mu. (Mat. 6:25-34; 1 Kor. 3:5-9) Nea afi mu aba no nso kyerɛ sɛ Yehowa ahyira adwuma no so, na ɔbɔ wɔn kyidɔm.
SƐNEA YƐBOA AHENNI ADWUMA NO WƆ WIASE NYINAA
2 Ebinom de wɔn ani ato fam ahu sɛ, yɛkɔ asɛnka a, Bible ne Bible ho nhoma a yɛde ma nkurɔfo no, yɛntɔn mma wɔn. Enti ɛyɛ a wobisa sɛ, “Moyɛ dɛn nya sika yɛ weinom nyinaa?” Ampa, Bible ne Bible ho nhoma a yɛde ma no, ɛho ka dɔɔso paa. Enti sɛ nkurɔfo bisa ho asɛm a, wodi bisa. Afei nso, anuanom a wotintim yɛn nhoma, wɔn a wɔhwɛ asɛnka adwuma no so, ne wɔn a wɔyɛ nnwuma foforo de pia asɛnka adwuma no, yesisi Betel adan ma wɔtena mu yɛ adwuma, na yesiesie adan no nso. Wei nyinaa, yehia sika na yɛde ayɛ. Ɛno pa ho a, amansin so ahwɛfo, asɛmpatrɛwfo, akwampaefo atitiriw, ne afoforo a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw nso, ɛyɛ a asafo no ma wɔn sika kakra ma wɔde twitwa wɔn ho. Nea ɛwom ara ne sɛ, asɛnka adwuma a yɛyɛ wɔ yɛn man mu ne wiase nyinaa no, yehia sika pii na yɛde ayɛ. Saa sika yi nyinaa, yenya fi he?
3 Sɛnea Yehowa Adansefo de Bible kyerɛkyerɛ nkurɔfo no, nnipa pii ani gye ho. Enti ɛyɛ a woyi ntoboa de boa ɔsom adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no. Nanso sika a yɛde yɛ nnwuma yi nyinaa no, Adansefo no ara na woyi ne kɛse. Wɔn mu binom de wɔn ntoboa kɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ wɔn man mu no. Ahokeka a wɔde yi ntoboa no, ɛyɛ fɛ paa. Ɛte sɛ nea tete no, Onyankopɔn asomfo yii wɔn yam yii ntoboa ma wɔde sii baabi a wobehyiam asom no no. (Ex. 35:20-29; 1 Be. 29:9) Sɛ Yehowa Adansefo binom reyɛ wɔn agyapade ho nkrataa a, wɔde hyem sɛ, sɛ wowu a, wɔmfa wɔn agyapade bi mma ahyehyɛde no. Ankorankoro, asafo, ne amansin nso yi biribi kakra de boa. Wei de kakra ba, ná wei de kakra aba, ná abɔ toa. Enti wobɛhwɛ ná yɛanya sika de reyɛ ɔsom adwuma no.
Yehowa Adansefo hu sɛ ɛyɛ hokwan kɛse paa na wɔanya sɛ wɔde wɔn sika ne wɔn ahode bɛboa ama asɛnka adwuma no akɔ nkan
4 Yehowa Adansefo hu sɛ ɛyɛ hokwan kɛse paa na wɔanya sɛ wɔde wɔn sika ne wɔn ahode bɛboa ama asɛnka adwuma no akɔ nkan. Yesu ne n’asuafo no sɛɛ, ná wɔwɔ sika adaka bi a woyi mu sika de yɛ nneɛma a ehia wɔn. (Yoh. 13:29) Bible ka sɛ mmea bi de wɔn ahode som Yesu ne n’asuafo no. (Mar. 15:40, 41; Luka 8:3) Ɔsomafo Paulo bere so nso, ebinom a na wɔpɛ sɛ asɛmpa no nya nkɔso na wɔboa no wɔ ne som adwuma mu no yii wɔn yam kyɛɛ no nneɛma, na n’ani sɔe paa. (Filip. 4:14-16; 1 Tes. 2:9) Tetefo no twaa sa pa. Wɔde ahokeka yɛɛ ɔsom adwuma no, na wɔde wɔn ahode nso boae. Saa pɛpɛɛpɛ na Yehowa Adansefo nso yɛ. Ɛno nti, ɛnnɛ, komapafo a wɔwɔ wiase nyinaa tumi nya “nkwa nsu kwa.”—Adi. 22:17.
SƐNEA YƐBOA ASAFO A YƐWOM
5 Asafo biara, anuanom a wɔwom no na woyi sika ma wɔde yɛ nneɛma a asafo no hia. Yennyigye kɔlɛhyen, yentwa tow mma obiara, na yɛnsrɛsrɛ sika nso. Mmom, wokɔ baabi a yehyiam a, yɛde ntoboa nnaka asisi hɔ. Nea obiara ‘asusuw wɔ ne komam’ no na ɔde tom.—2 Kor. 9:7.
6 Ntoboa a asafo biara yi no, nea edi kan koraa no, wɔde tuatua Ahenni Asa no ho ka ahorow de bi nso siesie hɔ. Sɛ wowie a, sika a aka no, mpanyimfo kuw no hwɛ sɛ wobetumi de bi aboa wiase nyinaa adwuma no anaa. Sɛ wɔbɔ wɔn tirim saa a, wɔde to asafo no anim. Anuanom pene so a, wɔde sika no kɔ Yehowa Adansefo baa dwumadibea a ɛwɔ wɔn man mu no. Saa kwan yi na asafo ahorow pii fa so yi ntoboa de boa wiase nyinaa som adwuma no. Sɛ obiara ma ɛtena n’adwenem sɛ yehia sika de ahwɛ Ahenni Asa no so yiye a, ɛho renhia sɛ daa yɛka ntoboa ho asɛm wɔ asafo no mu.
SƐNEA YƐHWƐ NTOBOA SO
7 Yɛpɔn asafo nhyiam biara a, anuanom mmarima mmienu buebue ntoboa nnaka no so yi mu sika yɛ ho kyerɛwtohɔ. (2 Ahe. 12:9, 10; 2 Kor. 8:20) Mpanyimfo kuw no hwɛ ma wɔkora sika no so yiye kosi sɛ wɔde bɛkɔ Betel anaasɛ wɔde bɛyɛ nea asafo no hia. Onua a ɔhwɛ asafo sikasɛm so no, bosome biara, ɔde asafo no sikasɛm gu krataa so ma wɔkenkan kyerɛ asafo no. Bosome mmiɛnsa biara nso, mpanyimfo ntam nkitahodifo no yɛ nhyehyɛe ma wɔhwehwɛ asafo no sikasɛm mu.
ƐKA A YƐBƆ WƆ ƆMANSIN NO HO
8 Adansefo a wɔwɔ ɔmansin biara mu na woyi ntoboa ma wɔde yɛ ɔmansin nhyiam. Yɛde ntoboa a yeyi no bi nso tuatua ɛka foforo a ɔmansin no bɔ. Mmeae a yɛyɛ ɔmansin nhyiam no, yɛde ntoboa nnaka sisi hɔ, na sɛ obi pɛ sɛ oyi ntoboa a, na ɔde ato mu ama ɔmansin no. Wei da nkyɛn a, mmere foforo nso, asafo ahorow no tumi yi ntoboa ma wɔde tuatua ɛka ahorow a daa ne daa ɔmansin no bɔ no.
9 Wohwɛ mu paa a, ɛka a ɔmansin no bɔ no, ɛsɛ sɛ ntoboa a ɔmansin no yi no tumi tuatua saa ka no na wɔde nea ɛbɛka no kɔboa ɔsom adwuma a yɛyɛ wɔ wiase nyinaa no. Ɛtɔ da a, wobɛhwɛ na ɔmansin bi rebɛyɛ nhyiam, nanso sika a ɛwɔ ɔmansin no foto mu no ntumi ntua ɛka a wɔbɛbɔ wɔ nhyiam no ho. Ebi nso a, na sika no renso ɔmansin nhyiam a edi hɔ no ho ntotoe. Wei ho nhwɛso ne sɛ, ebia na wonni sika a wɔde bɛhan baabi a wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam a edi hɔ no. Ɛba saa a, ɔmansin sohwɛfo no betumi akyerɛw asafo ahorow no ama asafo biara ayi ntoboa de aboa. Enti mpanyimfo kuw a ɛwɔ asafo biara mu besusuw ho ahwɛ sɛ sika sɛn na wɔn asafo no betumi de akɔboa. Afei wɔde bɛto asafo no anim ama wɔayɛ ho tirimbɔ.
10 Sɛ sikasɛm ho asɛm bi sɔre na ehia sɛ mpanyimfo a wɔwɔ ɔmansin no mu te a, ɛnde ɛda a wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam no, ɛsɛ sɛ mpanyimfo a wɔwɔ ɔmansin no mu hyiam susuw ho. Sɛ ɛka ahorow a wɔbɔ wɔ ɔmansin no ho daa no da nkyɛn a, bere biara a ebehia sɛ woyi sika fi ɔmansin no foto mu kɔyɛ biribi no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ ho tirimbɔ, na wɔkyerɛw sika dodow a wohia no pɛpɛɛpɛ ma mpanyimfo no pene so ansa.
11 Bere ne bere mu no, wɔyɛ nhyehyɛe ma wɔhwehwɛ ɔmansin no sikasɛm mu.
SƐNEA YƐBOA AHIAFO
12 Sika adaka a na Yesu ne n’asuafo no wɔ no, na wɔde emu sika no bi boa ahiafo. (Mar. 14:3-5; Yoh. 13:29) Asɛde a Kristofo wɔ sɛ wɔboa ahiafo no, atoa so abesi nnɛ, efisɛ Yesu kaa sɛ: “Ahiafo de, daa wɔwɔ mo nkyɛn.” (Mar. 14:7) Dɛn na Yehowa Adansefo yɛ de boa ahiafo nnɛ?
13 Ɛtɔ da a, wobɛhwɛ na onua bi a ɔde nokwaredi resom akɔ ahokyere mu paa. Nea etumi ma ɛba saa ne onyin, yare, anaa ɔhaw foforo bi a ɔrentumi nyɛ ho hwee. Ɛba saa a, onua no abusuafo, ne ho nnipa, ne adɔfo tumi kɔyɛ no mmoa. Ɛno ho asɛm na ɔsomafo Yohane kae no. Ɔkaa sɛ: “Obiara a ɔwɔ wiase asetenade na ohu sɛ ahia ne nua na onhu no mmɔbɔ no, Onyankopɔn dɔ te ne mu dɛn? Mma nkumaa, mommma yɛmmfa ano anaa tɛkrɛma nnnɔ, na mmom yɛnyɛ no nneyɛe ne nokware mu.” (1 Yoh. 3:17, 18; 2 Tes. 3:6-12) Yɛka nokware som a, ɛho ade baako ne sɛ, sɛ ahia anokwafo bi a, yɛpɛ biribi boa wɔn.—Yak. 1:27; 2:14-17.
14 Wɔn a ehia paa sɛ yɛboa wɔn no, yɛhwɛ krataa a edi kan a ɔsomafo Paulo de kɔmaa Timoteo no a, ɛkyerɛ yɛn ɔkwan a yɛbɛfa so aboa wɔn. Saa asɛm no wɔ 1 Timoteo 5:3-21. Obi yɛ Kristoni a, ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔhwɛ ɔno ara ne fiefo. Nkwakoraa ne mmerewa ne wɔn a yare nti wɔagugow no, wɔn mma ne wɔn mmanana anaa wɔn abusuafo na ɛsɛ sɛ ɛhwɛ wɔn. Ɛtɔ da a, na aban no anaa nnwumakuw bi ayɛ nhyehyɛe a wɔde boa mmɔborɔwafo. Ɛno saa no, abusuafo ne adɔfo betumi aboa anuanom a ahia wɔn no ama wɔn nsa aka saa mmoa no bi. Ɛtɔ da nso a, na ɛho abehia sɛ asafo mũ no nyinaa boa anuanom bi a wɔde nokwaredi asom akyɛ a wɔakɔ ahokyere mu no. Sɛ saa anuanom no nni abusuafo biara a wɔbɛboa wɔn, na sɛ aban no nso nni mmoa titiriw biara a ɛde bɛma wɔn a, ɛnde mpanyimfo kuw no betumi ayɛ nhyehyɛe pa bi de aboa wɔn. Kristofo de, wobu no sɛ ɛyɛ hokwan kɛse sɛ wɔde wɔn ahode bɛboa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu.
15 Mmere bɔne a yɛwom nti, ɔtaa, ɔko, asasewosow, nsuyiri, ɔkɔm, ne nea ɛkeka ho atu atese. Ɛtɔ da a, ebi tumi ka anuanom pii ma wɔkɔ ahokyere mu. (Mat. 24:7-9) Ebia na asafo a ɛwowɔ mpɔtam hɔ no nni biribiara a wɔde bɛboa wɔn ho wɔn ho. Enti Akwankyerɛ Kuw no yɛ nhyehyɛe ma anuanom a wɔwɔ baabi foforo kɔboa. Saa na tete Kristofo a na wɔwɔ Asia Kumaa no yɛe. Bere a ɔkɔm sii Yudea no, anuanom a wɔwɔ Asia Kumaa no kɔmaa wɔn aduan. (1 Kor. 16:1-4; 2 Kor. 9:1-5) Sɛ yesuasua wɔn a, ɛkyerɛ sɛ yɛdɔ yɛn nuanom, na yɛyɛ Yesu Kristo asuafo ampa.—Yoh. 13:35.
SƐNEA YENYA NHOMA
16 Ade baako a ɛboa paa ma yɛtrɛw Ahenni ho asɛmpa no mu ne Bible ne Bible ho nhoma. Mpɛn pii no, asafo mu somfo baako na mpanyimfo kuw no paw no ma ɔhwɛ asafo nhoma so. Anuanom a saa adwuma no hyɛ wɔn nsa no ntoto no ase koraa. Wɔyɛ kyerɛwtohɔ pa, enti asafo no nsa ka nhoma biara a ehia.
17 Kristofo a yɛahyira yɛn nkwa so ama Yehowa nyinaa, yenim sɛ yɛn bere, yɛn nyansa, yɛn ahoɔden, yɛn dom akyɛde, yɛn ahode, ne yɛn nkwa mpo fi Onyankopɔn. Ɔde ne nyinaa ama yɛn sɛ yɛmfa nsom no. (Luka 17:10; 1 Kor. 4:7) Sɛ yɛde nea yɛwɔ nyinaa som Yehowa a, ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ a yɛdɔ no no yɛ ɔdɔ kann. Nea ɛda yɛn koma so ne sɛ yɛde yɛn ahonyade bɛhyɛ Yehowa anuonyam, efisɛ yenim sɛ Yehowa de, biribiara a yebeyi yɛn yam de ama no no, n’ani sɔ. (Mmeb. 3:9; Mar. 14:3-9; Luka 21:1-4; Kol. 3:23, 24) Yesu kaa sɛ: “Munyaa no kwa, momfa mma kwa.” (Mat. 10:8) Sɛ yeyi yɛn yam boa ma Yehowa som kɔ so na yɛde yɛn ahode hyɛ no anuonyam a, yɛn nso yenya anigye bebree.—Aso. 20:35.