Nya Kyɛfa Wɔ Adwuma a Wɔrensan Nyɛ Bio Da no Mu
1 Wɔ mmere ahorow mu wɔ adesamma abakɔsɛm nyinaa mu no, na ɛho hia sɛ Yehowa de atemmu ba n’atamfo so. Nanso, esiane ne mmɔborohunu nti, obuee nkwagye ho kwan maa komapafo. (Dw. 103:13) Ná wɔn daakye gyina sɛnea wɔbɛyɛ wɔn ade no so.
2 Sɛ nhwɛso no, nna a edii Nsuyiri no anim wɔ 2370 A.Y.B. no, ná Noa yɛ “treneekafo.” Wɔn a wobuu wɔn ani guu ɔsoro kɔkɔbɔ no so no na wɔsɛee. (2 Pet. 2:5; Heb. 11:7) Ansa na wɔresɛe Yerusalem wɔ 70 Y.B. no, Yesu daa nneyɛe a ebehia na ama obi aguan ɔsɛe a na ɛreba kurow no so adi pefee. Wɔn a wɔpoo ne kɔkɔbɔ asɛm no nyaa asotwe a emu yɛ den. (Luka 21:20-24) Wotii ɔsoro kɔkɔbɔ ne atemmu ahorow yi mu mpɛn pii wɔ abakɔsɛm nyinaa mu.
3 Ɛnnɛyi Kɔkɔbɔ Adwuma: Yehowa fi bere tenten daa no adi sɛ obegyae n’abufuw mu agu nnɛ nhyehyɛe bɔne yi so, ne sɛ ahobrɛasefo nkutoo na wobefi mu aka. (Sef. 2:2, 3; 3:8) Bere a ɛsɛ sɛ wɔde ka kɔkɔbɔ asɛm yi rɛbɛn n’awiei ntɛmntɛm! “Ahohiahia kɛse” no abɛn yiye, na wɔreboaboa ahobrɛasefo ano. Nokwarem no, “mfuw” no “anya ahoa ama otwa.” Ne saa nti, wontumi mfa adwuma biara ntoto hia a saa adwuma yi ho hia ne ntɛmpɛ a egye no ho.—Mat. 24:14, 21, 22; Yoh. 4:35.
4 Ɛsɛ sɛ yenya nnɛyi kɔkɔbɔ a wɔde rema afoforo no mu kyɛfa, “sɛ wotie oo, wɔantie oo.” Eyi yɛ adwuma a Onyankopɔn de ahyɛ yɛn nsa a ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu so. (Hes. 2:4, 5; 3:17, 18) Yɛn ho nyinaa a yɛde bɛhyɛ saa adwuma yi mu no, de Onyankopɔn ho dɔ a yɛda no adi pefee, yɛn mfɛfo ho a yefi komam susuw, ne yɛn Agyenkwa, Yesu Kristo mu gyidi a enhinhim ho adanse a edi mu ma.
5 Seesei Ne Dwumadi Bere: Yehowa atemmu horow a ɔde baa kan no akyi no, na amumɔyɛ san sɔre bere nyinaa, esiane sɛ na Satan ne n’adaemone da so ara yɛ adwuma nti. Nanso saa bere yi de, ɛbɛyɛ soronko. Wobeyi Satan nkɛntɛnso afi hɔ. Wiase nyinaa kɔkɔbɔ a ɛfa “ahohiahia kɛse” bi ho ho renhia bio. (Adi. 7:14; Rom. 16:20) Yɛwɔ hokwan soronko sɛ yenya adwuma a wɔnsan nyɛ bio da yi mu kyɛfa. Seesei ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde hokwan yi di dwuma koraa.
6 Ɔsomafo Paulo fi ahotoso kɛse mu kaa n’asɛnka adwuma no ho asɛm sɛ: “Me ho afi mo nyinaa mogya ho.” (Aso. 20:26) Wante nka sɛ odi mogya ho fɔ esiane sɛ wammɔ kɔkɔ nti. Dɛn nti? Efisɛ otumi kaa ne som adwuma ho asɛm sɛ: “Ɛno ho nso na meyɛ adwuma mebrɛ, na midi apere.” (Kol. 1:29) Momma yennya abotɔyam koro no ara a obi nya bere a onya adwuma a wɔnsan nyɛ bio da no mu kyɛfa nkosi ase koraa sɛnea yebetumi!—2 Tim. 2:15.