Nkaedi Ho Nkaebɔ Ahorow
Nkaedi afahyɛ no si Kwasida, March 23. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no hyɛ nsɛm a edidi so yi nsow:
◼ Sɛ morehyɛ bere ama nhyiam no a, monhwɛ nhu sɛ wɔremfa abodoo ne bobesa no mfa nnipa anim kosi sɛ owia bɛtɔ.
◼ Ɛsɛ sɛ moka bere ne beae pɔtee a mubedi afahyɛ no kyerɛ obiara, a ɔkasafo no nso ka ho.
◼ Ɛsɛ sɛ munya abodoo ne bobesa a ɛfata no na mode sisi hɔ.—Monhwɛ February 1, 1985, Ɔwɛn-Aban, kratafa 27.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan de mprɛte, glass ahorow ne ɔpon ne ɔpon so tam a ɛfata kɔ asa no so na mohyehyɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan siesie Ahenni Asa no anaa beae foforo a mubehyiam no fɛfɛɛfɛ.
◼ Ɛsɛ sɛ mudi kan paw wɔn a wobegye ahɔho ne wɔn a wɔde abodoo ne bobesa no bɛfa nnipa no anim no na mokyerɛ wɔn ɔkwampa a ɛsɛ sɛ wɔfa so ne sɛnea wɔbɛyɛ wɔn nnwuma no.
◼ Ɛsɛ sɛ moyɛ nhyehyɛe de abodoo ne bobesa no bi kɔma wɔn a wɔasra wɔn no muni biara a onni ahoɔden na ontumi mma no.
◼ Sɛ wobedi afahyɛ no bɛboro biako wɔ Ahenni Asa koro so a, ɛsɛ sɛ nkitahodi pa tra asafo ahorow no ntam na ama wɔakwati nkyereso a enhia wɔ abrannaa no so, ɔpon no ano, anammɔn kwan a ɔmanfo fa so, ne baabi a wɔde kar sisi no.