Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/97 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Kristofo Ayi—Nidi Wom, Ɛnyɛ Kyenkyerenn, na Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Kristofo Adwene Wɔ Ayiyɛ Ho Amanne Ahorow Ho
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Yehowa Adansefo Bu Ayiyɛ Sɛn?
    Nsɛm a Nkurɔfo Taa Bisa Fa Yehowa Adansefo Ho
  • Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 3/97 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ Sɛ wɔto nsa frɛ asafo no sɛ wɔmmɛboa ma wɔnyɛ ayi bi ho nhyehyɛe a, nsɛmmisa a edidi so yi betumi asɔre:

Hena na ɛsɛ sɛ ɔma ayi ase ɔkasa no? Abusuafo no na ɛsɛ sɛ wosi eyi ho gyinae. Wobetumi apaw onua barima biara a wɔabɔ no asu a ɔwɔ gyinabea pa. Sɛ wɔka sɛ mpanyimfo no mpaw ɔkasafo a, ɛyɛ ade a wɔbɛpaw ɔpanyin bi a ɔfata ma wama ɔkasa a egyina Asafo ti no krataa a wɔhwɛ so ma ɔkasa no so. Ɛwom sɛ yɛrenkamfo nea wawu no de, nanso ebetumi ayɛ papa sɛ yɛbɛtwe adwene asi ne nhwɛso pa horow so.

Wobetumi de Ahenni Asa no adi dwuma? Sɛ mpanyimfo kuw no ma ho kwan na sɛ ɛne nhyiam a wɔyɛ wɔ hɔ dedaw no bere nhyia a, wobetumi de adi dwuma. Sɛ na nea wawu no yɛ asafo no muni a ɔwɔ gyinabea pa anaa asafo no muni bi ba ketewa a, wobetumi de asa no adi dwuma. Sɛ obi nam su bɔne bi so agye dimmɔne wɔ ɔmanfo mu, anaasɛ sɛ wayɛ biribi a ɛbɛma wɔabɔ asafo no dimmɔne a, mpanyimfo no betumi asi gyinae sɛ wɔremma wɔmfa asa no nni dwuma.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no, nkratafa 62-3.

Wɔmfa Ahenni Asa horow nyɛ wɔn a wɔnyɛ agyidifo ayi. Nanso sɛ abusuafo a wagyaw wɔn hɔ no yɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔne asafo no bɔ denneennen, na asafo no mufo bebree nim nea wawu no sɛ obi a na ɔwɔ nokware no ho adwempa na ɔwɔ din pa wɔ mpɔtam hɔ sɛ ne bra ye, na wɔremfa wiasefo amammerɛ biara mmɛhyehyɛ dwumadi no mu a, wobetumi ama ho kwan.

Ansa na mpanyimfo no bɛma wɔde Ahenni Asa no adi dwuma no, wobesusuw ho sɛ ebia ɛyɛ nea wɔbɛhwɛ kwan sɛ wɔde funnaka no bɛba ayi no ase anaa. Sɛ ɛte saa a, wobetumi ama kwan ma wɔde aba asa no so.

Ayi a wɔyɛ ma wiasefo nso ɛ? Sɛ na nea wawu no wɔ din pa wɔ mpɔtam hɔ a, onua bi betumi ama Bible mu ɔkasa a ɛma awerɛkyekye wɔ ofie a wɔreyɛ ayi wom no mu anaa amusiei hɔ. Sɛ na wonim obi sɛ ɔbɔ bra bɔne anaa na ɔyɛ nneɛma a ɛmfata anaa n’asetra ne Bible nnyinasosɛm ahorow nhyia koraa a, asafo no renyɛ n’ayi. Akyinnye biara nni ho sɛ onua biara ne ɔsɔfo bi remmom mma ɔkasa wɔ ayi ase na ɔremfa ne ho nhyɛ ayi biara a wɔyɛ wɔ Babilon Kɛse asɔredan mu no mu.

Sɛ ná wɔatu nea wawu no nso ɛ? Asafo no remfa ne ho nhyem, na wɔremfa Ahenni Asa no nso nni dwuma. Sɛ na onii no reda su a ɛkyerɛ adwensakra adi a na ɔpɛ sɛ wɔsan gye no a, onua bi ahonim betumi ama no kwan ma wakɔma Bible mu ɔkasa wɔ ofie a wɔreyɛ ayi wom no mu anaa wɔ amusiei hɔ de adi wɔn a wonye nni no adanse akyekye abusuafo werɛ. Nanso ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ onua no bɛkɔ akohu mpanyimfo kuw no na osusuw nyansahyɛ a ebia wɔde bɛma no no ho ansa na wasi gyinae yi. Sɛ ɛba sɛ ɛrenyɛ nea nyansa wom sɛ saa onua no de ne ho behyem a, ebetumi ayɛ papa sɛ onua bi a ɔyɛ nea wawu no busuani bɛma ɔkasa de akyekye abusuafo no werɛ.

Wobetumi anya akwankyerɛ afoforo wɔ Ɔwɛn-Aban ahorow a ɛbae, October 15, 1990, nkratafa 30-1; January 1, 1982, kratafa 6; March 15, 1980, Engiresi de, nkratafa 5-7; June 1, 1978, Engiresi de, nkratafa 5-8; June 1, 1977, Engiresi de, nkratafa 347-8; March 15, 1970, Engiresi de, nkratafa 191-2; ne Nyan! a ɛbae wɔ September 8, 1990, Engiresi de, nkratafa 22-3 ne March 22, 1977, Engiresi de, nkratafa 12-15 ne krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som a ɛbae wɔ January 1996 mu no mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena