Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma March: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. April ne May: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! June: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Fa yɛ w’adwene sɛ wubefi Bible adesua ase.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu wɔ March 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ.
◼ Wɔbɛma afe yi Nkaedi ho baguam ɔkasa titiriw no wɔ asafo dodow no ara mu wɔ Kwasida, April 6. Wɔato ɔkasa no din sɛ “Montwe Mo Ho Mfi Wiase Nkekae Ho.” Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa kotie, na ɛsɛ sɛ yɛboa anigyefo a wɔbaa Nkaedi no ma wobetie ɔkasa no bi. Akyinnye biara nni ho sɛ, nea yɛbɛte no bɛsan ahyɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛsɔ Onyankopɔn ani no mu den.
◼ Nea ɛbɛyɛ na yɛanya mfaso a ɛsen biara afi asafo adesua wɔ Onipa a Ɔsen Biara nhoma no mu no, yɛsrɛ sɛ munsusuw akwankyerɛ a ɛkyɛn so a epuei wɔ September 1992 Yɛn Ahenni Som no kratafa 1 no ho. Asɛm no kyerɛkyerɛ sɛnea yebesiesie yɛn ho ama adesua biara ne ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ Asafo Nhoma Adesua no mu. Adesua so ahwɛfo ne wɔn a wɔkɔ nyinaa benya mfaso afi asɛm yi a wɔbɛsan akenkan no mu.
◼ Wɔ afe no mu mmere ahorow mu wɔ ɔman biara mu no, wiase nnapɔnna wɔ hɔ a ɛmma mmofra nkɔ sukuu na adwumayɛfo nso nkɔ adwuma. Eyi ma asafo no nya hokwan a ɛkyɛn so de yɛ pii wɔ asɛnka adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no di kan hu bere a saa mmere yi bɛba na wodi kan bɔ asafo no amanneɛ koraa wɔ nhyehyɛe a wɔreyɛ ama kuw adansedi wɔ nnapɔnna no mu ho.