Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/97 kr. 3-6
  • Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1997
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sankɔhwɛ Kowie Bible Adesua Mu
    Yɛn Ahenni Som—2003
  • Hwɛ Sɛ Wobɛsan Akɔ
    Yɛn Ahenni Som—1992
  • Yehia—Bible Adesua Pii
    Yɛn Ahenni Som—1998
  • Yɛ Sankɔhwɛ Ahorow a Etu Mpɔn Fa Hyɛ Anigye No Mu Den
    Yɛn Ahenni Som—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1997
km 3/97 kr. 3-6

Nya Akokoduru Fa Yɛ Sankɔhwɛ

1 W’ani gye sankɔhwɛyɛ ho? Adawurubɔfo pii ani gye ho. Ɛbɛyɛ sɛ mfiase no na wusuro, titiriw bere a na woresan akɔ afiewuranom a wɔankyerɛ anigye pii bere a edi kan a wokɔɔ wɔn nkyɛn hɔ no. Nanso bere a ‘yɛn Nyankopɔn nti wunya akokoduru ka asɛmpa no’ wɔ sankɔhwɛyɛ ahorow mu no, ebia wo ho dwiriw wo sɛ wuhuu sɛnea adwuma yi betumi ayɛ mmerɛw na akatua wɔ so no. (1 Tes. 2:2) Ɔkwan bɛn so?

2 Ade biako ne sɛ, nsonsonoe titiriw bi wɔ sankɔhwɛ ne nsrahwɛ a edi kan ntam. Obi a yenim no na yɛkɔ ne hɔ sankɔhwɛ, na ɛnyɛ obi a yennim no, na mpɛn pii no ɛyɛ mmerɛw kɛse sɛ yɛne obi a yenim no bɛbɔ nkɔmmɔ sen obi a yennim no. Akatua a ɛma akomatɔyam a adwuma yi a yenya mu kyɛfa ma yenya ne sɛ sankɔhwɛ betumi ama yɛayɛ Bible adesua a ɛsow aba.

3 Bere a yɛyɛ adwuma wɔ afie afie no, yɛkɔ nnipa a wɔankyerɛ ho anigye wɔ bere a atwam mu no nkyɛn mpɛn pii. Ɛnde, dɛn nti na yɛda so ara kɔ wɔn nkyɛn? Yenim sɛ nkurɔfo nsɛm tebea sakra na obi a ɛte sɛ nea na ɔyɛ anibiannaso anaa ɔsɔre tiaa yɛn mpo wɔ nsrahwɛ bi a atwam mu no betumi akyerɛ ho anigye bere foforo a yɛkɔ ne nkyɛn no. Bere a ɛno wɔ yɛn adwenem no, yesiesie yɛn ho yiye na yɛbɔ mpae srɛ Yehowa nhyira na ama biribi a yɛbɛka wɔ saa bere yi mu no ama watie.

4 Sɛ yefi yɛn pɛ mu ka asɛm kyerɛ nnipa a kan no wɔankyerɛ anigye koraa wɔ yɛn afie afie adwuma no mu a, so ɛnsɛ sɛ yenya ɔpɛ kɛse sɛ yɛbɛsan akɔ obiara a ɔkyerɛ Ahenni asɛm no ho anigye bi no nkyɛn?—Aso. 10:34, 35.

5 Yɛn mu pii wɔ nokware no mu nnɛ efisɛ ɔdawurubɔfo bi de boasetɔ baa yɛn hɔ sankɔhwɛ. Sɛ woyɛ saafo yi mu biako a, wubetumi abisa wo ho sɛ: ‘Bere a edi kan no memaa saa ɔdawurubɔfo no tee nka dɛn? Migyee Ahenni asɛm no toom ntɛm ara bere a edi kan a metee no? So na ɛte sɛ nea meyɛ anibiannaso?’ Ɛsɛ sɛ yɛn ani gye sɛ ɔdawurubɔfo a ɔsan baa yɛn nkyɛn no buu yɛn sɛ yɛfata sɛ ɔba yɛn hɔ sankɔhwɛ na ‘onyaa akokoduru Nyankopɔn mu’ baa yɛn nkyɛn, na ofii ase kyerɛkyerɛɛ yɛn nokware no. Na wɔn a mfiase no wɔdaa anigye bi adi nanso akyiri yi ɛte sɛ nea wɔkwati yɛn no nso ɛ? Adwempa ho hia, sɛnea osuahu a edi so yi kyerɛ no.

6 Bere a na adawurubɔfo baanu reyɛ mmorɔn so adansedi anɔpa bi no, wohyiaa ababaa bi a ɔrepia abofra bi a ɔte nkokoaa akentengua mu. Ɔbea no gyee nsɛmma nhoma biako na ɔtoo nsa frɛɛ anuawanom no sɛ wɔmmra ne fie Kwasida a edi hɔ no. Woduu hɔ bere ano, nanso ofiewura no ka kyerɛɛ wɔn sɛ onni bere a ɔne wɔn bɛbɔ nkɔmmɔ. Nanso, ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔnkɔ baabiara dapɛn a edi hɔ no. Anuawanom no annye anni sɛ obedi ne bɔhyɛ no so, nanso na ababaa no retwɛn wɔn bere a wɔsan kɔe no. Wofii adesua ase, na nkɔso a ɔbea no nyae no yɛɛ nwonwa. Ankyɛ koraa ofii ase kɔɔ asafo nhyiam ne asɛnka. Mprempren wɔabɔ no asu.

7 To Nhyɛase Wɔ Nsrahwɛ a Edi Kan no Mu: Wɔtaa to sankɔhwɛ a ɛsow aba nhyɛase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Tie asɛm a ofiewura no ka no yiye. Dɛn na ɛka kyerɛ wo? Ɔpɛ nyamesom? Odwen asetra mu nsɛm ho? N’ani gye nyansahu ho? abakɔsɛm ho? nneɛma a atwa yɛn ho ahyia ho? Wubetumi abisa asɛm bi a ɛkanyan adwene wɔ nsrahwɛ no awiei na woahyɛ bɔ sɛ, sɛ wosan ba a, mubesusuw mmuae a Bible de ma no ho.

8 Sɛ nhwɛso no, sɛ ofiewura no tie Bible bɔhyɛ a ɛfa paradise asase ho no a, ɛbɛyɛ nea ɛfata sɛ mobɛsan asusuw asɛm no ho. Sɛ worebefi hɔ akɔ pɛ a, wubetumi abisa sɛ: “Yɛbɛyɛ dɛn atumi agye adi sɛ Onyankopɔn bɛma bɔhyɛ yi abam?” Afei fa ka ho sɛ: “Ebia metumi aba ha bere a abusuafo a aka no wɔ fie, na afei metumi akyerɛ mo asɛmmisa yi ho mmuae a Bible de ma no.”

9 Sɛ ofiewura no ankyerɛ anigye wɔ asɛm pɔtee bi ho a, wubetumi abisa nsɛm a wɔabisa wɔ nsɛm a wɔka kyerɛ a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som no akyi no mu no mu biako na moagyina so abɔ mo nkɔmmɔ a edi hɔ no.

10 Yɛ Kyerɛwtohɔ a Edi Mu: Ɛsɛ sɛ wo afie afie kyerɛwtohɔ no di mu pɛpɛɛpɛ. Kyerɛw ofiewura no din ne n’address bere a woafi hɔ ara pɛ no. Mfa w’adwene mmu ofie no anaa borɔn no nɔma—bisa na ama woanya awerɛhyem sɛ edi mu. Kyerɛw sɛnea onii no te. Kyerɛw asɛmti a mususuw ho, kyerɛwsɛm a mokenkanee, nhoma biara a wode mae, ne asɛmmisa a wubebua bere a woasan akɔ hɔ no. Kyerɛw da ne bere a edi kan a wokɔɔ hɔ no ne bere a wokae sɛ wobɛsan aba no. Afei a wo kyerɛwtohɔ di mu no, mma ɛnyera! Fa to baabi a ɛnyera na ama woatumi akɔhwɛ akyiri yi. Kɔ so dwen onii no ne sɛnea wobɛyɛ nsrahwɛ no wɔ bere a edi hɔ no ho.

11 Hu Wo Botae Ahorow: Nea edi kan no, yɛ nea wubetumi biara ma ofiewura no koma ntɔ ne yam denam anigye ne adamfofa a wubeyi no adi so. Kyerɛ sɛ w’ani gye onipa no ho, a womfa wo ho nhyehyɛ ne nsɛm mu dodo. Afei, kae no asɛm biara a wubisae wɔ nsrahwɛ a atwam mu no. Tie n’adwenkyerɛ yiye, na fi komam kyerɛ nea ɔka no ho anisɔ. Afei, kyerɛ no nea enti a mfaso wɔ nea Bible no ka no so. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, twe n’adwene si ɛho asɛm bi a ɛwɔ Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu nhoma no mu no so. Ma ɛntra w’adwenem paa sɛ atirimpɔw titiriw nti a woyɛ sankɔhwɛ ne sɛ wubefi Bible adesua ase.

12 Nsɛm a Nimdeɛ nhoma no ka no tẽẽ akanyan yɛn mu pii ma ‘yenya akokoduru’ wɔ Bible adesua mu hyɛ adesuafo nkuran sɛ wɔmmra asafo nhyiam horow na wɔne Yehowa ahyehyɛde no mmɔ. Kan no, na yɛtaa twɛn kosi sɛ ankorankoro besua ade akosi bere bi ansa na yɛato nsa afrɛ wɔn sɛ wɔne yɛn mmɛbɔ. Mprempren de, adesuafo pii ba nhyiam horow bere a wofi ase sua ade ara pɛ no, na enti wɔrenya nkɔso ntɛmntɛm.

13 Awarefo bi dii wɔn yɔnko dwumayɛni bi adanse bɔnnɔ so. Bere a ɔkyerɛɛ nokware no ho anigye no, wɔka kyerɛɛ no sɛ wɔne no bɛyɛ Bible adesua wɔ Nimdeɛ nhoma no mu. Bere koro no ara mu no, wɔka kyerɛɛ no sɛ ɛsɛ sɛ ɔba nhyiam horow, faako a wobebua ne nsɛmmisa no mu pii. Ɛnyɛ sɛ ɔbarima no fii ne pɛ mu gyee adesua a wɔkae sɛ wɔne no bɛyɛ no toom nko, na mmom osuaa ade mprenu dapɛn biara nso na ofii ase kɔɔ nhyiam horow daa wɔ Ahenni Asa so.

14 Fa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? Nhomawa no Di Dwuma: Wɔ “Onyankopɔn Asomdwoe Ho Asomafo” Ɔmantam Nhyiam horow no ase no, yenyaa Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? nhomawa no. Nhomawa yi boa ma wɔne nnipa a wosuro Onyankopɔn fi adesua ase a sɛnea wɔn nhomasua te mfa ho. Ekura adesua a edi mu, ɛka Bible mu nkyerɛkyerɛ atitiriw ho asɛm. Nhoma no bɛyɛ adwinnade a etu mpɔn paa a yɛde bɛboa afoforo ma wɔanya Onyankopɔn ho nimdeɛ. Ɛkyerɛkyerɛ nokware no mu pefee ɔkwantiaa so araa ma ɛkame ayɛ sɛ yɛn mu biara betumi de akyerɛkyerɛ afoforo Onyankopɔn ahwehwɛde ahorow. Ɛda adi sɛ adawurubɔfo pii benya hokwan de nhomawa yi ayɛ Bible adesua.

15 Ebia ebinom a wɔte nka sɛ wonni bere a wɔde besua Nimdeɛ nhoma no bɛpɛ sɛ wɔde bere tiaa bi besua Hwehwɛ nhomawa no. Wɔn ani begye nea wobesua no ho! Wobenya nsɛmmisa a nkurɔfo adwen ho mfehaha pii no ho mmuae wɔ nkratafa abien anaa abiɛsa pɛ mu: Hena ne Nyankopɔn? Hena ne Ɔbonsam? Dɛn ne Onyankopɔn atirimpɔw ma asase? Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni? Wobɛyɛ dɛn atumi ahu nokware som? Ɛwom sɛ nhomawa no da nokware no adi wɔ ɔkwan a asete nyɛ den so de, nanso tumi kɛse wɔ emu asɛm mu. Ɛka nsɛntitiriw a mpanyimfo no ne asubɔhwehwɛfo besusuw ho ho asɛm na wubetumi agyina so de ayɛ adesua a emu dɔ paa wɔ Nimdeɛ nhoma no mu.

16 Sɛ wobɛyɛ adesua ho nhyehyɛe wɔ sankɔhwɛ mu a, wubetumi aka tiawa sɛ: “So wunim sɛ sɛ wunya simma kakraa bi a, wubetumi anya Bible mu asɛmmisa bi a ɛho hia ho mmuae?” Afei, bisa asɛm bi a epue wɔ nhomawa no mu adesua no biako mfiase hɔ no. Sɛ nhwɛso no, sɛ worekɔ obi a n’ani afi nkyɛn a, wubetumi aka sɛ: “Yenim sɛ wɔ bere a atwam no mu no, Yesu saa nkurɔfo yare. Nanso daakye, dɛn na Yesu bɛyɛ ama ayarefo? wɔn a wɔn mfe akɔ anim? awufo?” Yehu mmuae no wɔ adesua 5. Asɛmmisa a edi so yi betumi akyere obi a ɔpɛ nyamesom adwene: “So Onyankopɔn tie mpaebɔ biara?” Wɔabua wɔ adesua 7. Abusuafo bɛpɛ sɛ wohu sɛ: “Dɛn na Onyankopɔn hwehwɛ fi awofo ne mma hɔ?” Wobehu bere a wosua adesua 8. Nsɛmmisa foforo ne: “Awufo betumi apira ateasefo?” a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ adesua 11 no; “Dɛn nti na ɔsom pii na ɛwɔ hɔ a wose wɔyɛ Kristofo?” a wɔaka ho asɛm wɔ adesua 13 no; na “Dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woabɛyɛ Onyankopɔn adamfo?” a wɔka ho asɛm wɔ adesua 16 no.

17 Boa Wɔn a Ɛsono Kasa a Wɔka No: Afiewuranom a ɛsono kasa a wɔka no nso ɛ? Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔde kasa a wonim paa no kyerɛkyerɛ wɔn. (1 Kor. 14:9) Ɔkyerɛwfo no betumi akyerɛw mpɔtam hɔ asafo ahorow ne akuw a ɛsono kasa a wɔka din. Sɛ ɛho hia a, wobetumi akohu ɔmansin sohwɛfo no akogye saa asafo ahorow no ho nsɛm. Ɔkyerɛwfo no betumi akyerɛ asafo no mufo kwan akɔ asafo anaa kuw a ɛsono kasa a wɔka no hɔ. Sɛ asafo anaa akuw biara mmɛn hɔ na asafo no mu ɔdawurubɔfo biara nni hɔ a otumi ka ofiewura no kasa a, ɔdawurubɔfo no betumi abɔ mmɔden sɛ ɔne ofiewura no besua ade, bere a ɔde Hwehwɛ nhomawa no a ɛwɔ kasa abien no mu di dwuma no.

18 Ɔdawurubɔfo bi a ɔka Engiresi kasa ne ɔbarima bi a ɔka Vietnam kasa ne ne yere a ɔka Thailand kasa fii adesua ase. Wɔde Engiresi, Vietnam ne Thailand kasa mu nhoma ne Bible yɛɛ adesua no. Ɛwom sɛ mfiase no kasa a wɔnte no ma ɛyɛɛ den de, nanso ɔdawurubɔfo no kyerɛw sɛ: “Awarefo no anya honhom mu nkɔso ntɛmntɛm. Wɔahu sɛ ɛho hia sɛ wofi ase ne wɔn mma baanu no fi ase ba nhyiam horow, na wɔkenkan Bible no anadwo sɛ abusua. Wɔn babea a wadi mfe asia no yɛ n’ankasa Bible adesua.”

19 Sɛ wo ne nkurɔfo a ɛsono kasa a wɔka resua ade a, kasa brɛoo, kasa ma emu nna hɔ, na fa nsɛmfua ne nsɛm a asete yɛ mmerɛw di dwuma. Nanso, ma ɛtra w’adwenem sɛ ɛsɛ sɛ wudi nnipa a ɛsono kasa a wɔka no ni. Ɛnsɛ sɛ wo ne wɔn di te sɛ nea wɔyɛ nkokoaa.

20 Fa Hwehwɛ nhomawa no mu mfonini fɛfɛɛfɛ no di dwuma yiye. Sɛ “mfonini biako ka nsɛm apem a,” nhomawa no mu mfonini pii no bɛka nsɛm pii akyerɛ ofiewura no. Ma ɔnkenkan kyerɛw nsɛm no wɔ n’ankasa Bible mu. Sɛ mubetumi ayɛ adesua no wɔ bere a abusua no muni a ɔte kasa a woka no wɔ hɔ a ɔbɛkyerɛ ase a, akyinnye biara nni ho sɛ mfaso bɛba so.—Hwɛ Yɛn Ahenni Som, September 1984, kratafa 4; November 1990 [Vol. 33, No. 11], nkratafa 7-8; October 1993, kratafa 7.

21 Yɛ Sankɔhwɛ Ntɛm Ara: Ɛsɛ sɛ wotwɛn kosi bere bɛn ansa na woakɔyɛ sankɔhwɛ? Adawurubɔfo bi san kɔ hɔ da koro anaa nnanu wɔ nsrahwɛ a edi kan no akyi. Afoforo san kɔ hɔ da no ara! So wɔkɔ hɔ ntɛm dodo? Ɛntaa nhaw afiewuranom. Mpɛn pii no ɔdawurubɔfo a ɔrekɔ hɔ no na ɛho hia sɛ onya adwempa kɛse ne akokoduru kakra. Susuw osuahu ahorow a edidi so yi ho.

22 Da koro bi ná ɔdawurubɔfo bi a wadi mfe 13 reyɛ afie afie adwuma bere a ohuu mmea baanu a wɔabɔ anan rekɔ. Esiane sɛ na nkuranhyɛ a ɛne sɛ yɛnka asɛm nkyerɛ nnipa wɔ baabiara a yebehu wɔn wɔ n’adwenem nti, ɔkɔɔ mmea no nkyɛn. Wɔkyerɛɛ Ahenni asɛm no ho anigye, na obiara gyee Nimdeɛ nhoma no. Onua kumaa no gyee wɔn address, ɔsan kɔɔ wɔn nkyɛn wɔ nnanu akyi, na ɔne wɔn mu biara fii Bible adesua ase.

23 Onuawa biako yɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛsan akɔsra obi wɔ dapɛn a edi hɔ no mu. Nanso dakoro anaa nnanu wɔ nsrahwɛ a edi kan no akyi no, ɔkɔ hɔ kɔma ofiewura no asɛm a wɔabɔ ho nkɔmmɔ dedaw no ho nsɛmma nhoma. Ɔka kyerɛ ofiewura no sɛ: “Mihuu asɛm yi na misusuw sɛ wobɛpɛ sɛ wokenkan. Mintumi ntwɛn ne wo mmɔ nkɔmmɔ seesei, nanso mɛsan aba Wukuda awia sɛnea yɛhyehyɛe no. So saa bere no da so ara ye ma wo?”

24 Sɛ obi kyerɛ nokware no ho anigye a, yebetumi agye adi sɛ obehyia ɔsɔretia bi. Ne nkyɛn a yɛbɛsan akɔ ntɛm wɔ nsrahwɛ a edi kan no akyi no bɛhyɛ no den ma wagyina nhyɛso biara a ohyia fi abusuafo, nnamfo paa ne afoforo hɔ no ano.

25 Di Anigye a Wɔn a Wuhu Wɔn Wɔ Mmeae a Nnipa Hyia Nya no Ho Dwuma: Yɛn mu pii ani gye ho sɛ yɛbɛka asɛm no wɔ mmorɔn so, lɔre gyinabea, lɔre mu, aguadibea, agodibea ne nea ɛkeka ho. Wɔ nhoma a yɛde ma akyi no, ɛsɛ sɛ yedi anigye a wonya no ho dwuma. Ne saa nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden gye onigyefo biara a yehyia no din, address ne, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, ne telefon nɔma. Ɛnyɛ den sɛ yebenya eyinom sɛnea ebia wususuw no. Bere a nkɔmmɔbɔ no reba awiei no, fa wo krataa a wokyerɛw mu na bisa sɛ: “So ɔkwan bi wɔ hɔ a yebetumi afa so atoa nkɔmmɔbɔ yi so bere foforo?” Anaa ka sɛ: “Mɛpɛ sɛ wokenkan asɛm bi a migye di sɛ w’ani begye ho. Metumi de abrɛ wo wɔ w’adwumam?” Onua biako bisa tiawa sɛ: “Telefon nɔma bɛn na metumi de afrɛ wo?” Ɔbɔ amanneɛ sɛ wɔ asram abiɛsa mu no wɔn nyinaa de wɔn telefon nɔma maa no gye wɔn mu baasa pɛ.

26 Fa Telefon Hwehwɛ Anigyefo: Onuawa kwampaefo bi de telefon ka asɛm no kyerɛ nnipa a wɔtete adan a wɔbɔ ho ban paa mu. Ɔyɛ sankɔhwɛ wɔ saa kwan yi ara so. Ɔka wɔ ɔfrɛ a edi kan no mu sɛ: “Minim sɛ wunnim me. Merebɔ mmɔden paa sɛ menya mo mpɔtam hɔ nnipa ne wɔn asusuw Bible mu asɛm bi ho. Sɛ wowɔ bere kakra a, mɛpɛ sɛ mekenkan bɔhyɛ a ɛwɔ . . . ” Bere a wakenkan kyerɛwsɛm no awie no, ɔka sɛ: “Sɛ yetumi hu saa bere no a, anka ɛrenyɛ anigye? M’ani agye sɛ makenkan eyi akyerɛ wo. Sɛ wo nso w’ani agye ho a, mɛsan afrɛ wo na yɛasusuw kyerɛwsɛm foforo ho.”

27 Sɛ ɔsan frɛ ofiewura no wɔ telefon so a, ɔkae no nkɔmmɔ a wɔabɔ dedaw no na ɔka sɛ ɔbɛpɛ sɛ ɔkenkan sɛnea tebea no bɛyɛ bere a wɔayi nsɛmmɔnedi afi hɔ no wɔ Bible no mu. Afei ɔne ofiewura no bɔ Bible mu nkɔmmɔ tiawa bi. Nnipa 35 na wɔato nsa afrɛ no akɔ wɔn fie na wafi ofie Bible adesua ason ase wɔ telefon so nkɔmmɔbɔ pii mu! So ɛtɔ da bi a ɛyɛ den sɛ wobɛkɔ anigyefo hɔ sankɔhwɛ esiane wim tebea anaa ɔyare nti? Sɛ saa a, dɛn nti na wo ne wɔn nkasa wɔ telefon so?

28 San Kɔsra Anigyefo a Wonya Wɔn Wɔ Nnwumam: Adwuma a wɔyɛ wɔ adetɔnbea kyerɛ pii sen nsɛmma nhoma a wɔde ma kɛkɛ. Aguadifo pii ani gye nokware no ho ankasa, na ɛsɛ sɛ yedi saa anigye no ho dwuma. Wɔ nsɛm bi mu no, ebia mubetumi abɔ Bible mu nkɔmmɔ na moayɛ Bible adesua mpo wɔ adwumam hɔ ankasa. Wɔ nsɛm foforo mu no, wo ne onigyeni no betumi ahyia awia ahomegye bere no anaa wɔ bere foforo a ɛfata mu.

29 Ɔhwɛfo kwantuni bi kɔɔ owura bi a ɔtɔn nnuan nkyɛn sɛ ɔbɛkyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua. Bere a obisaa bere tenten a ebegye no, ɔhwɛfo kwantuni no kae sɛ ebegye simma 15 pɛ. Bere a ɔkaa saa no, owura no de nsɛm bi a wakyerɛw sɛn ɔpon no ano sɛ: “Mɛsan Abue wɔ Simma 20 Mu,” ɔde nkongua sisii hɔ na wɔn baanu no susuw Nimdeɛ nhoma no nkyekyem anum a edi kan no ho. Ɔbarima komapafo yi ani gyee nea osuaa no ho ara ma ɔkɔɔ Baguam Nhyiam ne Ɔwɛn-Aban Adesua saa Kwasida no na ɔpenee sɛ wɔntoa adesua no so dapɛn a edi hɔ no.

30 Sɛ wobɛyɛ adesua ho nhyehyɛe wɔ adetɔnbea a, wubetumi aka eyi: “Egye simma 15 na yɛakyerɛ sɛnea yɛyɛ yɛn Bible adesua. Sɛ ɛrenhaw a, m’ani begye ho sɛ mɛkyerɛ wo sɛnea wɔyɛ no.” Afei, di bere no so. Sɛ muntumi mmɔ nkɔmmɔ nkyɛ wɔ adetɔnbea a, ebia ɛbɛfata yiye sɛ wobɛkɔ ɔdetɔnfo no nkyɛn wɔ ne fie.

31 San Kɔ Hɔ Bere a Woamma Nhoma Biara Mpo: Ɛfata sɛ yɛyɛ anigye ketewa biara a wɔkyerɛ ho sankɔhwɛ, sɛ yɛma nhoma anaa yɛamma bi no. Nanso, sɛ ɛbɛda adi pefee sɛ ofiewura no ani nnye Ahenni asɛm no ho ankasa a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛhwehwɛ afoforo.

32 Wɔ afie afie adwuma no mu no, onuawa bi hyiaa ɔbea bi a na ɔpɛ nnipa paa nanso ɔpoo nsɛmma nhoma a ɔde maa no no koraa. Ɔdawurubɔfo no kyerɛw sɛ: “Midwen ne ho nna pii na misii gyinae sɛ mɛpɛ sɛ me no kasa bio.” Awiei koraa no, onuawa no bɔɔ mpae, nyaa akokoduru, na ɔkɔbɔɔ ɔbea no pon akyi. Nea ɛyɛɛ n’anigye ne sɛ ofiewura no ka kyerɛɛ no sɛ ɔmmra mu. Wofii Bible adesua ase, na ade kyee no, wɔsan toaa so. Ankyɛ, ofiewura no baa nokware no mu.

33 Di Kan Yɛ Nhyehyɛe na Woatumi Ayɛ Pii: Wɔkamfo kyerɛ sɛ yɛmfa bere bi nyɛ sankɔhwɛ dapɛn biara. Yɛnam nhyehyɛe pa so betumi ayɛ pii. Yɛ nhyehyɛe sɛ wobɛyɛ sankɔhwɛ ahorow wɔ baabi a wobɛyɛ afie afie adwuma no. Sɛ mode kar na ɛyɛ adwuma no a, ɛsɛ sɛ kuw no mufo yɛ kakraa bi na ama obiara anya hokwan pii ayɛ sankɔhwɛ. Ɛsɛ sɛ nea ɔka afiri no di kan hu faako a mobɛyɛ sankɔhwɛ no na amma wamfa afiri no ankyinkyin wɔ ɔkwan a ɛho nhia so.

34 Wɔn a wotumi yɛ sankɔhwɛ fi ofie Bible adesua ase ka sɛ ɛho hia sɛ yɛkyerɛ nkurɔfo ho anigye ankasa na yɛkɔ so dwen wɔn ho bere a yɛakɔ wɔn nkyɛn akyi mpo no. Ɛho hia nso sɛ yenya Bible mu asɛm a ɛkanyan anigye a yebesusuw ho na yɛato nhyɛase ama sankɔhwɛ ansa na yɛafi hɔ akɔ wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu. Afei nso, ɛho hia sɛ yɛsan kɔ hɔ ntɛm kodi anigye no ho dwuma. Ɛsɛ sɛ yɛma botae a ɛne sɛ yebefi Bible adesua ase no tra yɛn adwenem yiye bere nyinaa.

35 Su biako a ɛho hia na yɛatumi ayɛ sankɔhwɛ adwuma no ne akokoduru. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya eyi? Ɔsomafo Paulo buae sɛ ‘yɛmfa akokoduru’ nka asɛmpa no nkyerɛ afoforo ‘wɔ Onyankopɔn mu.’ Sɛ wopɛ sɛ wunya nkɔso wɔ eyi mu a, bɔ Yehowa mpae fa hwehwɛ mmoa. Afei, san kɔ anigyefo nyinaa nkyɛn ma ɛne wo mpaebɔ nhyia. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa behyira wo mmɔdenbɔ so!

[Kratafa 3 adaka]

Ɔkwan a Wobɛfa So Atumi Ayɛ Sankɔhwɛ

■ Kyerɛ nkurɔfo ho anigye ankasa.

■ Paw Bible mu asɛm a ɛyɛ anigye a mubesusuw ho.

■ To nhyɛase ma nsrahwɛ biara a edi hɔ no.

■ Kɔ so dwen onipa no ho bere a woafi hɔ no.

■ San kodi anigye no ho dwuma wɔ dakoro anaa nnanu akyi.

■ Ma wo botae sɛ wubefi Bible adesua ase no ntra w’adwenem.

■ Bɔ mpae hwehwɛ mmoa a ɛbɛma woanya akokoduru de ayɛ adwuma yi.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena