October Ɔsom Nhyiam Horow
Dapɛn a Efi Ase October 6
Dwom 39
10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka “Dɛn na Yɛyɛe Wɔ June Mu?” nso mu asɛm.
15 min: “So Nnipa Nyinaa Bɛdodɔ Wɔn Ho Da Bi?” Nsɛmmisa ne mmuae. Ka Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no mu nsɛntitiriw. Kyerɛ nea enti a nnipa a wɔwɔ asasesin no mu no benya nsɛm yi so mfaso. Si hia a ɛho hia sɛ wɔyɛ nhyehyɛe seesei na wɔanya ne kyekyɛ mu kyɛfa akosi ase de nsiyɛ asan akɔsra wɔn a wɔkyerɛɛ ho anigye nyinaa no so dua.
20 min: “Monkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no Kɛse.” Ɔsom adwuma sohwɛfo ma ɔkasa de fi ase. Yɛ nkyekyem 5-8 no nsɛmmisa ne mmuae. Ka nhyehyɛe a mo asafo no ayɛ ama dwumadi a wɔbɛtrɛw mu ho asɛm. Ka akwan a wɔbɛfa so ahwɛ ahu sɛ wɔayɛ asasesin no nyinaa mu adwuma ho asɛm. Adawurubɔfo betumi de Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no adi dwuma bere a wɔredi nkurɔfo adanse wɔ bɔs gyinabea, adwumayɛbea nketenkete, baabi a wɔde kar sisi, ne mmeae foforo no. Fa sɛnea wɔboa wɔn a wɔpɛ sɛ wofi asɛnka adwuma no ase foforo no ho nyansahyɛ ahorow ma. Ka krataa a ɛhyɛ April 1995 Yɛn Ahenni Som mu no nkyekyem 11 nso mu asɛm. Wɔ nsasesin bi mu no ɛbɛyɛ papa sɛ obi nkutoo bɛyɛ adwuma a onkura bag, bere a ɔrekyekyɛ Ahenni Asɛm no. Yɛ nsɛm a wɔka kyerɛ ntiantia abien anaa abiɛsa ho ɔyɛkyerɛ.
Dwom 126 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 13
Dwom 41
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba nnansa yi mu nsɛm a wobetumi adan no nkɔmmɔbɔ. Kae obiara sɛ sɛ edu dapɛn awiei dwumadi so a, yɛde nsɛmma nhomakra bɛka Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no kyekyɛ ho. Ɛsɛ sɛ yɛsan kɔ wɔn a wɔkyerɛ anigye nyinaa hɔ.
15 min: Asafo mu ahiade.
18 min: “Woyɛ W’ade Dɛn Wɔ Anibiannaso Ho?” Mpanyimfo baanu ntam nkɔmmɔbɔ. Ka nsɛm a ɛwɔ July 15, 1974, Engiresi Ɔwɛn-Aban no nkratafa 445-6, wɔ asɛmti ketewa “How You Can Attack Apathy” (Nea Wobɛyɛ Ako Atia Anibiannaso) ase no nso ho asɛm.
Dwom 130 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 20
Dwom 42
15 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka osuahu ahorow bi a efi 1996 Yearbook no nkratafa 6-8, a ɛfa “Global Distribution of Kingdom News” (Ahenni Asɛm a Wɔkyekyɛ no Wiase Nyinaa) ho. Si mmɔden a adawurubɔfo ankorankoro bɔe wɔ Ahenni Asɛm a etwa to no kyekyɛ mu so dua. Hyɛ obiara nkuran sɛ ɔmfa ne ho nhyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no kyekyɛ mu nkosi ase.
15 min: Monkɔ Baabi a Nnipa Wɔ. Eyi ne botae a esi yɛn ani so wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu afe biako a atwam ni. Saa kwan foforo yi hwehwɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ka asɛm no kyerɛ nkurɔfo a wɔwɔ mmaa nyinaa—wɔn nnwuma mu, bɔs ne keteke gyinabea horow, mmɔnten so, gua so, agodibea. (Fa toto Romafo 15:20-23 ho.) Ka mo mpɔtam hɔ suahu ahorow a esi mfaso a afi saa kwan yi mu aba so dua. Wubetumi aka osuahu ahorow a ɛwɔ 1997 Yearbook no nkratafa 42-48 nso.
15 min: “So Woyɛ Bere Nyinaa Ɔdansefo?” Ɔkasa a ɔpanyin bi ma.
Dwom 133 ne mpaebɔ a wɔde wie.
Dapɛn a Efi Ase October 27
Dwom 43
12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka nea wɔakyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no akodu ho asɛm. Ma atiefo nka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran nkyerɛ. Fa asasesin dodow a moatumi ayɛ mu adwuma de besi nnɛ, ne nea ebehia na moatumi awie ansa na November 16 adu ho amanneɛbɔ ma. Sɛ yɛyɛ asasesin no mu adwuma wie koraa a, yɛde Nimdeɛ nhoma no bɛma wɔ ɔsram no fã a aka no. Si botae a ɛne sɛ wobefi adesua horow ase bere a wɔyɛ sankɔhwɛ ahorow wɔ baabi a wɔkyerɛɛ Ahenni Asɛm no ho anigye kɛse no so dua.
15 min: Sɛnea Wonya Anidaso Wɔ Abasamtu Mu. Ɔkasa a ɔpanyin bi ma a egyina May 15, 1997, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 22-5 so.
18 min: Ma Wo Kanea Nhyerɛn. Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a egyina Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 84-8 so. Di kan yɛ nhyehyɛe na ama adawurubɔfo bi aka nsɛm pɔtee bi wɔ nsɛmmisa a edidi so yi ho: (1) Adɛn nti na Yehowa Adansefo ka asɛm wɔ afie afie? (2) Wɔde saa kwan yi yɛɛ adwuma koduu he wɔ afeha a edi kan no mu? (3) Adɛn nti na ɛho hia denneennen sɛ yɛkɔ so ka asɛm no wɔ afie afie nnɛ? (4) Nsɛm tebea bɛn na ebetumi ama ayɛ den ama yɛn sɛ yebenya mu kyɛfa daa? (5) Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya mmoa de amia yɛn ani wɔ mu? (6) Sɛ yɛma yɛn kanea hyerɛn a, ɔkwan bɛn so na yenya nhyira? (7) Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛanya nnipa pii? Yɛ ho nhwɛso bere a woma adawurubɔfo baasa anaa baanan ka osuahu ahorow a ɛhyɛ nkuran a wonyae bere a wɔyɛɛ adwuma wɔ sotɔɔ ahorow mu anaa mmɔnten so no.
Dwom 136 ne mpaebɔ a wɔde wie.