Afoforo Ani Gyina Wo!
1 Bere ne bere mu no, ebia asafo nhyiam biako anaa dodow bi bɛpa yɛn ti so a yɛte nka sɛ ‘obiara ani rennyina me; wɔrenhu mpo sɛ mamma.’ Ɛnte saa! Te sɛ yɛn nipadua ho akwaa biara no, yɛn mu biara di dwuma titiriw bi wɔ asafo no nkɔso mu. (1 Kor. 12:12) Dapɛn dapɛn nhyiam bi a yɛrenkɔ no betumi aka afoforo a wɔkɔ no honhom fam yiyedi. Sɛ woankɔ a, hu sɛ—afoforo ani gyina wo!
2 Dwuma Titiriw a Wudi: Paulo ani gyinae sɛ ɔne ne nuanom bɛbɔ. Romafo 1:11, 12 kyerɛkyerɛ nea enti a ɛte saa mu sɛ: “Na mede honhom dom akyɛde bi mabrɛ mo . . . ɛne sɛ me ne mo benya awerɛkyekye a efi gyidi a mo ne me wɔ no mu ba no bi.” Saa ara na ɛdenam yɛn mmuaema, ɔfã a yenya wɔ nhyiam no mu, ne wɔ a yɛwɔ hɔ ankasa so no, yɛyɛ pii de hyɛ yɛn ho yɛn ho den ma yɛkɔ so di nokware.—1 Tes. 5:11.
3 So w’ani nnyina sɛ wubehu afoforo wɔ asafo nhyiam ahorow ase? Wutie wɔn mmuaema yiye, na wokyerɛ gyidi a wɔda no adi no ho anisɔ. Wɔn honhom fam akyɛde no boa ma woyɛ den. Sɛ wonni nhyiam no ase a, anka wobɛte nka sɛ woahwere biribi titiriw bi. Saa ara na woankɔ a wo nuanom mmarima ne mmea te nka.
4 Dwuma Titiriw a Asafo Nhyiam Ahorow Di: Bere bi Ɔwɛn-Aban no kaa sɛnea asafo nhyiam horow ho hia ma yɛn honhom fam yiyedi no ho asɛm sɛ: “Wɔ saa akodi ne ɔbrasɛe wiase yi mu no, Kristofo asafo no yɛ honhom fam guankɔbea ankasa . . . , faako a asomdwoe ne ɔdɔ wɔ. Enti, kɔ asafo no nhyiam horow nyinaa.” (w93-TW 8/15 11) Da biara, yehyia tebea horow a ɛbrɛ yɛn honhom fam nkɔso ase. Sɛ yɛanyɛ ahwɛyiye a, yɛn ankasa dadwen betumi ahyɛ yɛn so araa ma yɛabu yɛn ani agu honhom fam nneɛma a ɛho hia kɛse so. Yɛn nyinaa dan yɛn ho yɛn ho na yɛanya nkuranhyɛ a yehia ma yɛayɛ biako ne nsi wɔ Onyankopɔn som adwuma mu.—Heb. 10:24, 25.
5 Asafo nhyiam horow a yɛbɛkɔ no ho hia. Ebia ɔyare ne nneɛma bi a yɛnhwɛ kwan remma yɛnkɔ nhyiam bere ne bere mu. Sɛ ɛnte saa a, momma yensi yɛn bo bere nyinaa sɛ yɛbɛma wɔakan yɛn aka nnipakuw a wɔbom hyia yi Yehowa ayɛ no ho!—Dw. 26:12.