Yehowa Ma Tumi a Ɛboro So
1 Wɔde ɔsom kronn—Kristofo som adwuma—hokwan a ɛsom bo ahyɛ Yesu asuafo nyinaa nsa. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Nanso ɛtɔ mmere bi a nnipa sintɔ ne nneɛma nhyehyɛe yi mu nhyɛso ahorow betumi ama yɛabu yɛn ho sɛ yɛmfata koraa.
2 Sɛ ɛba saa a, yebetumi ama ɔsomafo Paulo krataa a ɔde kɔmaa Korinto Kristofo a na wɔasra wɔn no akyekye yɛn werɛ. Ɔkyerɛwee sɛ: “Yɛwɔ saa ademude yi anwenne mu.” (2 Kor. 4:7) Ná Paulo wɔ awerɛhyem sɛ: ‘Esiane sɛ yɛwɔ saa som yi nti, yɛmpa abaw.’ (2 Kor. 4:1) Ampa, ɛyɛ den ma yɛn mu biara, sɛ yɛyɛ wɔn a wɔasra wɔn anaa “nguan foforo” no mufo no sɛ yɛbɛkɔ so aka asɛmpa no a “yɛmpa abaw.” Yehia Onyankopɔn a ɔma “tumi a ɛboro so no” ahoɔden.—Yoh. 10:16; 2 Kor. 4:7b.
3 Nkuranhyɛsɛm ne sɛ, Adansefo pii yɛ asɛnkafo a wɔyɛ nsi ɛmfa ho sɛ ɛsɛ sɛ wogyina ɔsɔretia ne yare a emu yɛ den, anaa sikasɛm mu ahokyere ano no. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa gye tom sɛ Yehowa taa yɛn akyi wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. Sɛ́ anka yɛbɛma abasamtu ne ehu abrɛ yɛn bo a yɛasi sɛ yɛbɛka asɛm no ase mmom no, momma yɛn “ho nyɛ den Awurade ne n’ahoɔden tumi mu.”—Efe. 6:10; Mmeb. 24:10.
4 Sɛnea Wonya Onyankopɔn Tumi: Kɔ so kura mpaebɔ mu, na srɛ Onyankopɔn mmoa ne n’ahoɔden. (Rom. 12:12; Fil. 4:6, 7) Afei, fi koma nyinaa mu fa wo ho to Yehowa so ma ɔmma wo tumi a ɛboro so. (Mmeb. 3:5) Kenkan nnɛyi asetra mu nsɛm a ɛba yɛn nsɛmma nhoma mu no, efisɛ ɛyɛ adanse a ɛkyerɛ sɛ Yehowa reboa ne nkoa ma wɔagyina sɔhwɛ ahorow ano nnɛ. Bɛn anuanom a wɔwɔ asafo no mu no, na nnyae asafo nhyiam ahorow kɔ.—Rom. 1:11, 12; Heb. 10:24, 25.
5 Ɛmmra sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi nyinaa ma yɛanya gyinabea a ɛbɛma yɛanya Yehowa tumi—tumi a ɛboro so a ɛbɛboa yɛn na yɛampa abaw wɔ Ahenni asɛnka adwuma a ɛho hia sen biara no mu.