Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/98 kr. 2
  • January Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • January Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛmti Nketewa
  • Dapɛn a Efi Ase January 5
  • Dapɛn a Efi Ase January 12
  • Dapɛn a Efi Ase January 19
  • Dapɛn a Efi Ase January 26
Yɛn Ahenni Som—1998
km 1/98 kr. 2

January Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase January 5

Dwom 10

8 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw.

17 min: “Ma W’ani Nnye Adanse a Wubedi no Fefeefe Ho.” Atiefo nkɔmmɔbɔ a wɔde susuw asɛm no ho. Si hia a nsɛm a etu mpɔn a wɔka kyerɛ ho hia so dua: (1) Kyia adamfofa kwan so, (2) ka asɛmti bi a wɔn ani begye ho mprempren ho asɛm anaa bisa asɛm bi fa ho, (3) twe adwene si kyerɛwsɛm a ɛfata so, na (4) twe adwene si nhoma a wode rema no so. Ma ɔdawurubɔfo a ɔfata nyɛ nsɛm a wɔka kyerɛ a wɔde fi nkɔmmbɔ ase a wɔahyɛ ho nyansa no ne sankɔhwɛ ho ɔyɛkyerɛ.

20 min: Yɛ Ahoboa Seesei sɛ Wubekura Onyankopɔn Mmara a Ɛfa Mogya Ho no Mu. Ɔpanyin a ɔfata ka hia a ehia sɛ wɔhyehyɛ “Advance Medical Directive/Release” kratasin no. Honhom mu akwankyerɛ a ɛwɔ Dwom 19:7 no kyerɛ sɛ Asomafo no Nnwuma 15:28, 29 yɛ Onyankopɔn mmara a ɛyɛ pɛ a wada no adi wɔ mogya ho. Nokware asomfo bɔ mmɔden sɛ wobekura saa mmara no mu. Saa krataa yi da wo bo a woasi sɛ wobɛyɛ saa no adi, na ɛkasa ma wo bere a w’ankasa wuntumi nkasa no. (Fa toto Mmebusɛm 22:3 ho.) Kratasin foforo no kyerɛ mpaemuka foforo a woayɛ sɛ worennye mogya no. Sɛ yɛpɔn nhyiam yi a, wɔbɛma Adansefo a wɔabɔ wɔn asu a wɔpɛ sɛ wonya kratasin foforo no bi, na wɔn a wɔwɔ mma nkumaa a wɔmmɔɔ wɔn asu no begye “Identity Card” ama abofra biara. Ɛnsɛ sɛ wɔhyehyɛ saa nkratasin yi anadwo yi ara. Ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ no yiye wɔ fie, a WƆREMFA nsa nhyɛ ase. Wɔbɛyɛ nsa a wɔde bɛhyɛ ase, ɛho adanse a wobedi, ne da a wɔhyehyɛɛ nkratasin no wɔ Asafo Nhoma Adesua a edi hɔ ase, na nhoma adesua sohwɛfo no bɛhwɛ ma wɔayɛ. Eyi bɛma wɔn a wɔwɔ ne kuw no mu a wɔpɛ sɛ wɔhyehyɛ nnuruyɛ ho akwankyerɛ yi nyinaa anya mmoa a ehia. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn nsa bɛhyɛ kratasin no ase no hu sɛ wɔn a ɛyɛ wɔn de no de wɔn nsa ahyɛ ase ankasa. Nhoma adesua so ahwɛfo anaa mpanyimfo no bɛboa obiara a na onni hɔ saa bere no a ɔpɛ sɛ ɔhyehyɛ ne kratasin na wɔde nsa hyɛ ase no wɔ Ɔsom Nhyiam a edi hɔ no ase kosi sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa bewie wɔn nkratasin no hyehyɛ koraa. (Muntĩ krataa a wɔkyerɛw no November 2, 1991 no mu.) Bere a adawurubɔfo a wɔmmɔɔ wɔn asu de nsɛm a ɛwɔ saa kratasin yi so atoto wɔn ankasa tebea ne gyidi ahorow ho no, wobetumi ahyehyɛ wɔn ankasa kratasin, na wɔne wɔn mma de adi dwuma. Nea ɛbɛyɛ na moanya mmara mu ahobammɔ a ɛsen biara no, yɛkamfo kyerɛ sɛ monhyehyɛ krataa no.

Dwom 142 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 12

Dwom 14

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ. Ka asɛnka nhyehyɛe a wɔayɛ ama dapɛn no awiei ho asɛm.

12 min: Munsusuw “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” no ho.

23 min: “Yehowa Ma Tumi a Ɛboro So.” Nsɛmmisa ne mmuae. (Hwɛ w90-TW 7/15 kratafã 19, nkyekyem 15-16 no.) Yɛ nhyehyɛe ma ebinom nka osuahu ahorow a ɛkyerɛ sɛnea Yehowa ahyɛ wɔn den.

Dwom 81 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 19

Dwom 1

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow.

15 min: Asafo mu ahiade ahorow.

20 min: Abusua Adesua a Ɛde Anigye Ba. Awarefo bɔ wɔn abusua honhom fam ahiade ahorow ho nkɔmmɔ. Esiane sɛ wiase nkɛntɛnso ahorow a ɛrenya wɔn mma so tumi ɔkwammɔne so haw wɔn nti, wɔte nka sɛ ɛho hia sɛ wɔhyɛ wɔn mma den wɔ honhom fam, nanso wohu sɛ wɔntaa nyɛ wɔn abusua adesua, na ɛntaa ntu mpɔn nso. Wɔbom susuw nyansahyɛ ahorow a ɛfa sɛnea wɔyɛ abusua adesua a mfaso wɔ so ho a wɔde mae wɔ August 1, 1997, Ɔwɛn-Aban no nkratafã 26-9 no ho. Wɔn baanu nyinaa yɛ nsi sɛ wɔbɛyɛ nhyehyɛe abɔ wɔn mma honhom fam yiyedi ho ban.

Dwom 146 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase January 26

Dwom 187

12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Ka nhoma a yɛde bɛma February ho asɛm. Ka asɛntitiriw biako anaa abien a efi Adiyisɛm Awiei nhoma no mu a sɛ wɔde rema a, ɛbɛboa ho asɛm.

15 min: “Kyerɛ Obu Ma Beae a Wɔsom Yehowa No.” Nsɛmmisa ne mmuae. Ɛsɛ sɛ ɔpanyin di ho dwuma, na ɛsɛ sɛ ofi ayamye mu ka ɛhɔnom tebea ho asɛm.

18 min: Kyɛfã a Yenya Wɔ Wiase Nyinaa Adansedi Adwuma no Mu Ho Amanneɛ a Yɛbɛbɔ. (Egyina Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafã 100-2, 106-10 no so) Ɔkasa ne nkɔmmɔbɔ a ɔkyerɛwfo di ho dwuma. Bere a wakyerɛ Kyerɛwnsɛm mu nhwɛso a enti ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn dwumadi ho amanneɛ awie no, ɔto nsa frɛ asafo mu asomfo baanu ma wɔbɔ asɛmti ketewa “Nea Enti a Yebu Yɛn Asɛnka Adwuma Ho Akontaa” no mu nkɔmmɔ. Afei ɔkyerɛwfo no si hia a ehia sɛ yɛde amanneɛbɔ a edi mũ ba ntɛm so dua. Ɔka nea enti a mfaso wɔ botae a ankorankoro de besi wɔn ani so no so ho asɛm, na ɔde nkuranhyɛ nsɛm a ɛfa nhyira ahorow a wɔn a wonya adansedi adwuma no mu kyɛfã kosi ase nya ho no wie.

Dwom 189 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena