Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/98 kr. 3
  • Nkaebɔ Ahorow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nkaebɔ Ahorow
  • Yɛn Ahenni Som—1998
Yɛn Ahenni Som—1998
km 1/98 kr. 3

Nkaebɔ Ahorow

◼ Nhoma a yɛde bɛma January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1985 reba a ebia mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wonni nhoma ahorow a ɛte saa no bi no betumi de Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So ama. February: Adiyisɛm—N’awiei Koraa Abɛn! March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Fa w’adwene si ofie Bible adesua ahorow a wubefi ase so. April: Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a yɛbɛma wɔakra.

◼ Wɔbɛma adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu a wɔba Ɔsom Nhyiam ase wɔ January 5 dapɛn no mu nyinaa “Advance Medical Directive/Release” kratasin no bi, na wɔama wɔn “Identity Card” ma wɔde ama wɔn mma.

◼ Efi March no, baguam ɔkasa foforo a amansin so ahwɛfo bɛma ne “So Wowɔ Adwene a Onyankopɔn Kura Wɔ Nkwa Ho no Bi?”

◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no yɛ nhyehyɛe a ɛfata de di afe yi Nkaedi no Memeneda, April 11, bere a owia akɔtɔ no. Ɛwom sɛ wobetumi afi ɔkasa no ase ntɛm de, nanso ɛnsɛ sɛ wɔde Nkaedi bobesa ne abodoo no fa nnipa no anim kosi sɛ owia bɛtɔ ansa. Ɛwom sɛ wɔhwehwɛ sɛ asafo biara bɛyɛ n’ankasa Nkaedi de, nanso ɛnyɛ bere nyinaa na eyi betumi ayɛ yiye. Baabi a asafo ahorow dodow bi kɔ Ahenni Asa biako so no, ebia asafo biako anaa nea ɛboro saa betumi akɔhwehwɛ ɔdan foforo de adi dwuma saa anwummere no. Ɛnsɛ sɛ wofi Nkaedi no ase bere a ade asa pii a ɛremma anigyefo ntumi mma bi. Saa ara na ɛnsɛ sɛ wɔma bere nhyehyɛe no kyere so araa a wonnya bere mfa nkyiakyia ahɔho no, nyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wɔakɔ so aboa anigyefo no wɔ honhom fam, anaa wɔnhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran ansa na wɔafi afahyɛ no ase ne bere a wɔapɔn no. Bere a mpanyimfo no asusuw nsɛm yi nyinaa ho yiye awie no, ɛsɛ sɛ wosi nhyehyɛe ahorow a eye a ɛbɛboa wɔn a wɔba Nkaedi no ase no ma wɔanya afahyɛ no so mfaso akosi ase no ho gyinae.

◼ Wɔbɛma 1998 Nkaedi bere mu baguam ɔkasa titiriw no Kwasida, March 29. Wɔde krataa a wɔbɛhwɛ so ama ɔkasa no bɛma. Asafo ahorow a wɔn mansin sohwɛfo bɛba abɛsra wɔn, anaasɛ wɔbɛyɛ ɔmansin nhyiam saa dapɛn no awiei no bɛma ɔkasa titiriw no dapɛn a edi hɔ no. Ɛnsɛ sɛ asafo biara ma ɔkasa titiriw no ansa na March 29, 1998 adu.

◼ Ɛsɛ sɛ mpanyimfo kuw no hu sɛ ehia sɛ wɔyɛ nsakrae ahorow a edidi so yi bere a asafo no kɔ nhyiam nketewa no: Sɛ wɔyɛ da koro nhyiam titiriw a, ɛsɛ sɛ asafo no yɛ dapɛn no mu asafo nhyiam ahorow no nyinaa, gye Baguam Ɔkasa ne Ɔwɛn-Aban Adesua. Sɛ wɔyɛ nhyehyɛe sɛ wɔbɛkɔ ɔmansin nhyiam a, asafo no renyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam nso; gye Asafo Nhoma Adesua nkutoo na wɔbɛyɛ saa dapɛn no.

◼ Efi May 4, 1998 dapɛn no kosi September 14, 1998 dapɛn no mu no, yebesua “W’ahenni Mmra” nhoma no wɔ Asafo Nhoma Adesua ase. Nanso, asafo ahorow a wɔka Engiresi kasa no besua The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena