Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/98 kr. 3
  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—1998
Yɛn Ahenni Som—1998
km 1/98 kr. 3

Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo

“Yehowa Da no a Wobɛma Atra W’adwenem Yiye” ne nnanu ɔmansin nhyiam dwumadi a ebefi ase wɔ March mu no asɛmti. (2 Pet. 3:12, NW) Wɔahyehyɛ no sɛnea ɛbɛkanyan yɛn ma yɛahu sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ. Ɛrenkyɛ na asase sofo ahu Yehowa atemmu. Henanom na wobenya wɔn ti adidi mu wɔ “Onyankopɔn, ade nyinaa so tumfoɔ no, da kɛse” no mu? Wɔn a wɔkɔ so wɛn wɔ honhom mu, na wɔnam asetra kwan a ɛyɛ “abrabɔ kronkron ne onyamesom pa” so nkutoo.—Adi. 16:14; 2 Pet. 3:11.

Asubɔ ho hia na obi anya ne ti adidi mu Yehowa da no. (1 Pet. 3:21) Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu wɔ nhyiam no ase no ka kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no, na ɔyɛ ho nhyehyɛe ahorow a ehia no.

Ɔkasa a wɔakyekyem anan, “Nnipa Bɛn na Ɛsɛ sɛ Moyɛ,” bɛda nneyɛe a ɛkyerɛ sɛ Yehowa da no wɔ obi adwenem yiye no adi pefee. Baguam ɔkasa, “Yɛ W’ade Nyansam Bere a Yehowa Da no Bɛn No,” bɛkyerɛkyerɛ nea ‘Yehowa, trenee, ne ahobrɛase a yɛbɛhwehwɛ,’ na ama yɛanya yɛn ti adidi mu no kyerɛ, no mu.—Sef. 2:3.

Ɔkasa abien a ɛhyɛ nkuran a ahwɛfo akwantufo bɛma a n’asɛmti ne: “So Nokware no Ne W’asetram Ade Titiriw?” ne “Yehowa Da no a Wobɛma Atra W’adwenem Bere a Woreyɛ Nhyehyɛe No” na wɔde bewie ɔmansin nhyiam no. Saa ɔkasa abien yi bɛkanyan yɛn ma yɛahwehwɛ yɛn asetra mu, na yɛayɛ nsakrae ahorow a ɛho hia. Bible nkɔmhyɛ ne nsɛm a ɛresisi wɔ wiase da no adi pefee sɛ Yehowa da no abɛn. Saa ɔmansin nhyiam dwumadi yi bɛhyɛ yɛn nkuran ma ‘yɛn ani ada hɔ na yɛawɛn.’ (1 Pet. 5:8) Yɛ nhyehyɛe pɔtee kɔ nnanu no nyinaa.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena