Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma May: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! June: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn, Mankind’s Search for God, anaa nhoma a ekura nkratafa 192 biara a ebia mo asafo no wɔ. July ne August: Mubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara adi dwuma: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Dɛn ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ no Awu. Yebetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa? ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama wɔ beae a ɛfata.
◼ Efi September 21, 1998, dapɛn no rekɔ no, yebesua nhomawa ahorow wɔ Asafo Nhoma Adesua ase, na nea yɛde befi ase ne Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?