Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/98 kr. 3
  • Ma Wo Suahu Ahorow Nhyɛ Afoforo Nkuran

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo Suahu Ahorow Nhyɛ Afoforo Nkuran
  • Yɛn Ahenni Som—1998
Yɛn Ahenni Som—1998
km 5/98 kr. 3

Ma Wo Suahu Ahorow Nhyɛ Afoforo Nkuran

“Sɛ nsuonwini yɛ ɔkra a atɔ piti no, sɛ asɛmpa a efi akyirikyiri asase so yɛ ne no.” Hwɛ sɛnea saa nsɛm yi a ɛwɔ Mmebusɛm 25:25 no yɛ nokware! So yɛn nyinaa ani nnye sɛ yɛbɛte anaasɛ yɛbɛkenkan yɛn nuanom suahu ahorow a ɛhyɛ gyidi den no? So osuahu ahorow a ɛte saa nhyɛ yɛn gyidi den?—Rom. 1:8-12.

Akyinnye biara nni ho sɛ 1998 Yearbook mu osuahu ahorow no aboa wo ma woahu akwan foforo a wubetumi afa so ama w’asɛnka adwuma atu mpɔn. Bere a wokenkan mmofra a ‘wɔreyi Yehowa din ayɛ’ suahu ahorow no, wotee nka dɛn? (Nkratafa 14-16) So nea efi adanse a wodii wɔ taxi mu (kratafa 53), ne po so hyɛn mu (kratafa 64) bae no anka wo koma?

So woanya osuahu bi a ɛyɛ anigye a ebetumi ahyɛ afoforo nkuran? Ebetumi aba sɛ woayi adwemmɔne a obi a bere bi a atwam no na anka ɔrentie Yehowa Adansefo asɛm wɔ no afi hɔ. Anaasɛ ebia woafa ɔkwan foforo bi so adi adanse ma asow aba pa. So Yehowa aboa wo ma woatumi agyina tebea bi a emu yɛ den yiye ano? So woanya osuahu bi a ɛda adi pefee sɛ ɛyɛ Yehowa honhom na ɛma wokasa kyerɛɛ obi wɔ bere pɔtee bi mu? Eyinom ne osuahu afoforo a wowɔ no betumi ayɛ nea afoforo hia ma ahyɛ wɔn nkuran. (Heb. 10:24, 25; Fil. 2:1, 2, 4) Dɛn na wubetumi ayɛ na ama afoforo anya wo suahu so mfaso?

Ɛsɛ sɛ osuahu no si biribi so dua. Kyerɛ yɛn nea afi mu aba. So ɛma wufii Bible adesua ase? So onii no yɛ ɔdawurubɔfo mprempren? So wɔabɔ no asu? Anaasɛ ɛfa gye a wogyee obi fii awaregu, asabow, kyakyatow, anaa kum a anka ɔrekum ne ho mpo mu? Kyerɛw no fɛfɛɛfɛ, na fa fa w’asafo mu mpanyimfo so bra baa dwumadibea. Sɛ ɛyɛ wo den sɛ wobɛkyerɛw a, ebia mpanyimfo no mu biako anaa onua anaa onuawa foforo betumi akyerɛw ama wo.

W’asafo mu ɔsom boayikuw no mufo biako bɛhwɛ wo suahu no mu, de ne nsa ahyɛ ase, na afei wɔde amena yɛn. Ebetumi aba sɛ wobetintim wo suahu no wɔ asafo nhoma bi mu. Mma hokwan fɛfɛ a wode bɛhyɛ afoforo nkuran yi mpa wo ti so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena