Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/98 kr. 3
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
  • Yɛn Ahenni Som—1998
Yɛn Ahenni Som—1998
km 5/98 kr. 3

Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

‘Yɛ Nneɛma Nyinaa Esiane Asɛmpa no Nti’ ne da koro nhyiam titiriw dwumadi a ebefi ase August mu no asɛmti. (1 Kor. 9:23) Ahenni ho asɛmpa no ne asɛm a ɛho hia sen biara a wɔte no nnɛ. Dwumadi no bɛboa yɛn ma yɛahu hokwan soronko a yɛwɔ sɛ yekura saa asɛmpa a ɛyɛ anigye yi mu. Ɛbɛhyɛ yɛn den nso ma yɛakɔ so aka asɛmpa no a yenyae.—Aso. 5:42.

Dwumadi no bɛkyerɛ yɛn sɛnea yɛde yɛn teokrase ntetee bedi dwuma koraa sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu. Yɛbɛte nsɛm a ebinom a wɔayɛ nsakrae ma wɔatrɛw wɔn som adwuma mu, a mmofra a wɔreyɛ nea wobetumi nyinaa de aka asɛmpa no ka ho, bɛka.—Fa toto Filipifo 2:22 ho.

Ɔkasa titiriw a ɔmantam sohwɛfo anaa Asafo ti no nanmusini bɛma no besi hia a ehia sɛ yɛkɔ so ‘fata sɛ nnipa a wɔde asɛmpa no ahyɛ yɛn nsa no’ so dua. (1 Tes. 2:4) Wɔbɛboa yɛn ma yɛahu sɛ sɛ yɛbɛkɔ so akura hokwan a yɛwɔ sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ afoforo mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so du Onyankopɔn ahwehwɛde ne gyinapɛn ahorow ho wɔ yɛn nsusuwii ne yɛn abrabɔ mu. Wobesi nhyira horow a yenya fi eyi yɛ mu no nso so dua.

Mma saa dwumadi titiriw yi mpa wo ti so. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔahyira wɔn ho so foforo a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu wɔ da koro nhyiam titiriw no ase no bɔ ɔhwɛfo guamtrani no amanneɛ ntɛm ara. To nsa frɛ wɔn a wo ne wɔn sua ade nyinaa ma wɔnkɔ bi. Momma Yehowa nhyɛ yɛn den ma yɛnyɛ nneɛma nyinaa esiane asɛmpa no nti, na yɛnam so awie adwuma a ɛsen biara no wɔ bere tiaa bi a aka ma Harmagedon aba yi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena