Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 6/98 kr. 1
  • ‘Wɔasiesie Yɛn Koraa Ama Nnwuma Pa Nyinaa’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Wɔasiesie Yɛn Koraa Ama Nnwuma Pa Nyinaa’
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • ‘Wɔde Gyidi Nsɛm no Ayɛn Yɛn’
    Yɛn Ahenni Som—2005
  • Wo Honhom Mu Ahiade Ho Dwuma a Wubedi
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nhyiam a ‘Ɛkanyan Yɛn Kɔ Ɔdɔ Ne Nnwuma Pa Mu’
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • So Worenya Mfaso?
    Yɛn Ahenni Som—2000
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 6/98 kr. 1

‘Wɔasiesie Yɛn Koraa Ama Nnwuma Pa Nyinaa’

1 Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ hɔ nnɛ wɔ honhom fam aduan pa pii. (Yes. 25:6) Nhoma ahorow a egyina Kyerɛwnsɛm so pii wɔ hɔ a yɛnam kokoam anaa abusua adesua ne asafo nhyiam, amansin, ne amantam nhyiam ahorow so betumi asua. So yɛde eyinom nyinaa redi dwuma koraa sɛnea ɛbɛyɛ a yɛbɛyɛ nnipa a ‘wɔasiesie yɛn koraa ama nnwuma pa nyinaa’?—2 Tim. 3:17.

2 Wode susuw honhom fam nnuan a yɛredi wɔ afe 1998 a yɛatwa mu fã dedaw no ho hwɛ! Yɛnam asafo nhyiam ahorow a yɛyɛ no dapɛn biara no so resua Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no mu nhoma 23 mu nsɛntitiriw bi, yɛresua Bible mu nnipa 49 a wɔn asetra ho nsɛm wɔ Insight on the Scriptures mu no ho ade, na yɛresusuw Proclaimers nhoma no nkratafa 138 ho. Yɛresusuw Nimdeɛ nhoma no nkyekyem abiɛsa mu biako ho, na ɛkame ayɛ sɛ yebesusuw Abusua Mu Anigye nhoma no nyinaa ho, na yebesusuw God’s Word anaa “W’ahenni Mmra” nhoma no nyinaa ho. Afei nso, yɛresua Yɛn Ahenni Som ahorow 12, Ɔwɛn-Aban mu adesua nsɛm 52, ne baguam kasa ahorow a egyina Bible mu nsɛmti so a ne dodow reyɛ ayɛ saa ara. Nhyiam akɛse ne nketewa dwumadi ahorow a ɛhyɛ nkuran ka eyinom nyinaa ho. Honhom fam nneɛma pa pii a wɔde adom yɛn bɛn ara ni!

3 Kyerɛ Yehowa Nsiesiei Ahorow Ho Anisɔ: Ɛsɛ sɛ yɛte nea enti a Yehowa de honhom fam nneɛma pii saa ma yɛn no ase ansa na yɛatumi anya so mfaso akosi ase. Saa nneɛma pa yi a yesua no hyɛ yɛn gyidi den, na ɛma yɛne Yehowa ntam abusuabɔ mu yɛ den. (1 Tim. 4:6) Nanso, ɛnyɛ kyerɛ a wɔbɛkyerɛkyerɛ yɛn nko nti na wɔma yɛn honhom fam aduan. Ɛhyɛ yɛn nkuran ma yɛka nokware no ho asɛm kyerɛ afoforo, na esiesie yɛn ma yetu mpɔn ma yɛyɛ saa sɛ asɛmpa no ho asomfo.—2 Tim. 4:5.

4 Mommma yemmu yɛn ani ngu yɛn honhom fam ahiade so, na mmom momma yɛn kɔn nnɔ honhom fam nnuan a etu mpɔn na ɛma abotɔyam a ɛwɔ Yehowa pon so no bere nyinaa. (Mat. 5:3; 1 Pet. 2:2) Sɛ yebenya mu mfaso koraa a, gye sɛ yegye bere pii de yɛ nneɛma a ɛho hia te sɛ kokoam ne abusua Bible adesua ne asafo nhyiam a yɛbɛkɔ daa. (Efe. 5:15, 16) Akatua ahorow a ɛyɛ anigye a yɛn nsa bɛka wɔ saayɛ mu no ne nkuranhyɛ nsɛm a honhom kaa Paulo ma ɔkyerɛw kɔmaa Hebrifo Kristofo anokwafo a wɔayɛ ho kyerɛwtohɔ wɔ Hebrifo 13:20, 21 no hyia.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena