Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/90 kr. 7-8
  • Wo Honhom Mu Ahiade Ho Dwuma a Wubedi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Honhom Mu Ahiade Ho Dwuma a Wubedi
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NHYIAM HOROW BOA MA YEDI AHIADE AHOROW HO DWUMA
  • TƆ BERE
  • Mmofra Nya Nhyiam Horow So Mfaso
    Yɛn Ahenni Som—2000
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Sɛnea Yehowa Redi Yɛn Anim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • W’afa Wɔ Nhyiam Horow a Wɔbɛma Ayɛ Nea Mfaso Wo So Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 7/90 kr. 7-8

Wo Honhom Mu Ahiade Ho Dwuma a Wubedi

1 Yesu se: “Anigye ne wɔn a wɔn honhom mu nneɛma ho hia wɔn.” (Mat. 5:3, NW) Dɛn nti na yɛn honhom mu nneɛma a yɛbɛma ho ahia yɛn no ho hia saa? Yɛbɛyɛ dɛn ada no adi sɛ ɛho hia yɛn? Asiane ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati, na nhyira bɛn na ebefi yɛn honhom mu nneɛma a yɛbɛma ho ahia yɛn no mu aba?

2 Akyinnye biara nni ho sɛ yɛn nyinaa nim abusuabɔ a apɔwmuden a yɛwɔ ne aduan pa wɔ no. Obi ntumi nkɔ so mmu n’ani ngu ne honam fam ahiade ahorow so na wahwɛ kwan sɛ obetumi ayɛ adwuma pa da biara da. Ɛte saa ara, sɛ yebu yɛn ani gu honhom fam aduan a yebedi no so a.​—Mat. 4:4; Yoh. 17:3.

NHYIAM HOROW BOA MA YEDI AHIADE AHOROW HO DWUMA

3 Abusuabɔ tẽẽ bi da yɛn honhom fam yiyedi ne honhom mu aduan a yedi ho nhyehyɛe no ntam. Yɛn nhyiam horow ase no. “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no de honhom mu aduan pa ma de di yɛn ahiade ho dwuma. (Mat. 24:45-47) Nhyiam biara di atirimpɔw pɔtee bi ho dwuma, na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu emu biara so. So wusiesie wo ho ma nhyiam horow no nyinaa, na wokɔ daa?

4 Momma yɛmfa bere tiaa bi nsusuw yɛn dapɛn dapɛn nhyiam anum no mu abiɛsa pɛ ho. Nhyiam titiriw a wɔyɛ na ama yɛne nokware a enya nkɔanim no abɔ anan no ne Ɔwɛn-Aban Adesua. Teokrase Ɔsom Sukuu no betumi aboa yɛn ma yɛn ho akokwaw sɛ asomfo. Asafo Nhoma Adesua no ma yesua Bible mu nsɛmti ahorow ho ade yiye.

5 So wusiesie wo ho ma asafo nhyiam horow? Ebia ebinom de wɔn ani fa nea yebesua no mu, wɔsensan nsemmisa no mmuae ahorow no ase ntɛmntɛm, nanso wommue kyerɛw nsɛm a ɛwowom no nhwɛ. Ebia wɔasiesie wɔn ho ɔkwan bi so sɛ wobɛma mmuae, nanso so wonya honhom fam aduan a ɛwɔ hɔ no nyinaa mu mfaso? So ehia sɛ wo ne w’abusua nya nkɔso wɔ ɔkwan a mofa so siesie mo ho ma nhyiam horow no mu?

TƆ BERE

6 Sɛ muyi bere si hɔ sɛ mode besiesie mo ho ama nhyiam horow a, mommma television anaasɛ dwumadi foforo biara a ɛho nhia kɛse mmetwa mo nhyehyɛe ahorow no mu. Ne titiriw no, ɛsɛ sɛ mmusua ti boa wɔn mmusua ma wodi daa nhyehyɛe ma Bible adesua, ahosiesie ma nhyiam horow ne asɛnkakɔ no akyi pɛpɛɛpɛ. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bu ɔsomafo Paulo afotu a ese ‘yɛntɔ bere’ na yɛmma yɛn honhom mu yiyedi nyɛ ade titiriw no aniberesɛm.​—Efe. 5:15-17.

7 Yɛnam yɛn honhom mu nneɛma a yɛbɛma ho ahia yɛn no so bɛkwati asiane a ɛne anibiannaso ne nea yetumi yɛ a yɛbɛma ɛno nkutoo adɔɔso yɛn so no. Sɛ ankorankoro ne sɛ mmusua ahorow no, yɛwɔ honhom mu ahiade ahorow ankasa. Yɛn daa anigye gyina mmɔden a yɛbɔ sɛ yebedi yɛn honhom mu ahiade ahorow ho dwuma no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena