Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/90 kr. 8
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ Abusua

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Sɛ Abusua
  • Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • AWOFO MUNNI ANIM
  • MMOFRA ASƐYƐDE
  • Abusua Sohwɛ Ho Asɛyɛde a Wodi Ho Dwuma
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Abusua A Ɛyɛ Den Wɔ Honhom Fam A Wobɛhyehyɛ
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2001
  • Obu Kɛse a Yɛbɛkyerɛ Ama Ɔsom Kronn Hokwan Ahorow
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Munsua Onyankopɔn Asɛm Daa Sɛ Abusua
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1990
km 7/90 kr. 8

Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ​—Sɛ Abusua

1 Abusua a wɔahyira wɔn ho so a wɔde wɔn ho nyinaa hyɛ ɔsom kronn mu​—agya no, ɛna no, ne mmofra no fi ɔkra nyinaa mu som Onyankopɔn no​—yi Yehowa din kɛse no ayɛ. Ɛyɛ yɛn anigye sɛ mmusua a ɛte sɛɛ pii wɔ Yehowa nkurɔfo a wɔwɔ asase so nyinaa no asafo ahorow no mu.

2 Nokwarem no, agya no asɛyɛde a edi kan ne sɛ obedi n’abusua honhom mu ahiade ahorow ho dwuma. (1 Kor. 11:3) Ɛdenam ne yere ne ne mma a wɔne no bɛyɛ biako so no, n’abusua no betumi anya afoforo so nkɛntɛnso kɛse. (Mat. 5:16) Mmeae ahorow a wobetumi ada saa biakoyɛ yi adi no bi ne nea ɛwɔ he?

AWOFO MUNNI ANIM

3 Wɔ nsɛm pii mu no, ebia na agya no yɛ ɔpanyin anaa asafo mu ɔsomfo. Eyi kyerɛ sɛ wɔ n’abusua ahiade akyi no, ɛsɛ sɛ ɔde ne bere no bi di asafo no mu nneɛma ho dwuma na odwen ho. Agya no asɛyɛde ne sɛ ɔbɛhwɛ sɛ ɔbɛkyekyɛ bere a ɔwɔ no mu na wammu n’ani angu n’abusua so. Ebia eyi renyɛ mmerɛw bere nyinaa esiane nneɛma a ɛsɛ sɛ ɔde ne bere a esua no yɛ no nti. Nanso. esiane sɛ n’abusua ne n’asɛyɛde a edi kan nti, ɛsɛ sɛ ɔyɛ ne bere a ɛsom bo no ho nhyehyɛe daa na ama waka n’abusua ho wɔ adesua, asɛnka, nhyiam ase, ne ahomegye a ɛfata mu. Nsɛm tebea horow ne asɛyɛde afoforo betumi asakra agya no bere nhyehyɛe wɔ bere bi mu, nanso hwɛ mfaso a ɛwɔ so bere a otumi nya bere ne n’abusua no mufo kɔ asɛnka ɔsram biara no!

4 Biako a ne yere ne no bɛyɛ ho hia. Obetumi aboa ne kunu wɔ ɔkwan a ɛsen biara so denam mmofra no a ɔbɛboa ma wɔatete wɔn wɔ ɔsom adwuma no mu no so. Ne nsi ne n’ahofama ho nhwɛso pa no betumi anya mmofra no so nkɛntɛnso kɛse ma anisɔ a wɔwɔ ma ɔsom adwuma no ayɛ kɛse.​—2 Tim. 3:14, 15.

5 Tebea horow a ɔwofo biako dii honhom mu asɛyɛde ho dwuma wom na otumi tetee mmofra wɔ ɔsom adwuma no mu wɔ nkonimdi mu ho nhwɛso pa pii wɔ hɔ. Esiane wɔn maame anaasɛ wɔn agya nhwɛso pa nti, mmofra nkumaa pii agyina nokware no afã pintinn, na wɔde wɔn ho ahyɛ bere nyinaa som adwuma no mu mpo.

MMOFRA ASƐYƐDE

6 Na mmofra no asɛyɛde nso ɛ? Bere a Onyankopɔn Ba Yesu a ɔyɛ pɛ no mpo da so ara yɛ abofra kumaa no, na n’awofo ma no akwankyerɛ na wɔkyerɛ no ade. (Luka 2:51) Enti, sɛ agya ne ɛna no yɛ nhyehyɛe sɛ abusua no mmom nkɔyɛ ɔsom adwuma no a, ɛyɛ mmofra no asɛyɛde sɛ wɔbɛda onyamesom pa ahofama a wɔwɔ no adi denam biako a wɔne wɔn awofo bɛyɛ no so.​—Efe. 6:1-3.

7 Som a wɔbɛsom abom sɛ abusua​—adesua, asɛnkakɔ, ne adesuakɔ​—hyɛ ɔdɔ ne biakoyɛ a ɛwɔ abusua kɔntɔnkrɔn no mu den. Awofo ne mmofra nyinaa wɔ asɛyɛde wɔ eyi mu.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena