Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Wɔ January 23, 1990 mu no, Benin aban no maa Yehowa Adansefo adwuma a na wɔabara no ho kwan wɔ saa ɔman no mu. January 28 no, anuanom no dii ahurusi sɛ wotumi hyiaam yɛɛ nhyiam titiriw bi wɔ Cotonou, na mprempren wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛma wɔn teokrase adwuma no anya nkɔanim.
◆ Colombia kɔ so bɔ nkɔso fɛfɛ ho amanneɛ. January mu no, wonyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo 43,850, na wɔbɔɔ 490 asu.
◆ Wɔ January 26, 1990 mu no, wɔde tumi krataa mae sɛ wonsi Nhyiam Asa a edi kan wɔ Costa Rica. Ɛbɛfa nnipa 2,200. na wɔhwɛ kwan sɛ wobewie wɔ afe biako ntam.