Teokrase Nsɛmmansɛmma
◆ Australia nyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara foforo 44,365 wɔ January mu. Daa akwampaefo dodow foforo 2,225 buu akontaa saa ɔsram no.
◆ Ɔmantam nhyiam a edi kan a wɔyɛe wɔ Guinea no kɔɔ so fɛfɛ a nnipa 12 bɔɔ asu na 1,132 kɔɔ ase Kwasida no. Wɔyɛɛ no January mu na nnipa fi Liberia ne Sierra Leone kɔe.
◆ Wɔ Gilead adesua no awiei wɔ March 1, 1987 mu no. wɔbɔɔ Asomfo Ntetee Sukuu foforo a wɔrebue ho amanneɛ. Wobefi ase October mu wɔ Pittsburgh, Pennsylvania. U.S.A. ɛno nsɛm afoforo wɔ June 1, 1987 Watchtower no mu.
◆ Curacao nyaa adawurubɔfo dodow nkɔanim a ɛto so anan wɔ ɔsom afe no mu wɔ February mu na 1,352 buu akontaa. Wonyaa daa akwampaefo dodow foforo 84. Wɔn a wokotiee dantaban sohwɛfo ɔkasa wɔ January mu no yɛ 2,860.
◆ Fiji nya dodow nkɔanim ntoatoaso a ɛto so 26 wɔ February mu na 1,253 buu akontaa a ɛyɛ nkɔanim 14%,
◆ Daa akwampaefo dodow kɔ anim ara wɔ Ghana. Ná daa akwampaefo 2,767 ka adawurubɔfo 31,603 a wobuu akontaa wɔ February mu no ho.
◆ Jamaica bɔɔ nkɔanim foforo a ɛyɛ adawurubɔfo 8,120 ne daa akwampaefo 339 ho amanneɛ wɔ February mu.
◆ Wɔ February mu no Korea bɔɔ nkɔanim foforo a ɛyɛ daa akwampaefo 13,349 ne adawurubɔfo 46,001 ho amanneɛ.
◆ Liberia nyaa dodow nkɔanim foforo 1,432 wɔ February mu. Wohyiraa wɔn baa dwumadibea dan foforo no so March 28, na 2,126 na wɔkɔɔ ase.