Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/98 kr. 2
  • September Ɔsom Nhyiam Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • September Ɔsom Nhyiam Horow
  • Yɛn Ahenni Som—1998
Yɛn Ahenni Som—1998
km 9/98 kr. 2

September Ɔsom Nhyiam Horow

Dapɛn a Efi Ase September 7

Dwom 28

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Munsusuw adaka a wɔato din “Nyansahyɛ” no ho.

15 min: “Yebetumi Ayɛ Nnwuma Akɛse.” Nsɛmmisa ne mmuae. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wonnya botae pa mma ɔsom afe foforo no, na wɔnyere wɔn ho nnu ho.—Hwɛ Yɛn Som Adwuma nhoma no nkratafa 116-18.

20 min: “Akwampaefo Boa Afoforo.” Ɔpanyin bi kyerɛkyerɛ mu sɛ ntetee a wɔde ma wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu akyi no, wɔayɛ nhyehyɛe sɛ akwampaefo ne wɔn a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu no mmoa ankorankoro wɔ asɛnka mu. Obisa nsɛm bi a egyina asɛm no so, na ɔfrɛ atiefo, titiriw akwampaefo ne adawurubɔfo a wɔde wɔn ho ahyɛ nhyehyɛe no mu no, ma wɔma mmuae. Munsusuw sɛnea mubetwa so aba pa ho. Akwampaefo betumi akyerɛ sɛnea wɔanya afoforo a wɔaboa wɔn no mu anigye ne mfaso. Adawurubɔfo a wɔaboa wɔn no betumi aka sɛnea wɔn ani sɔ nsiesiei a efi ɔdɔ mu yi, na wɔaka nneɛma atitiriw a ɛboaa wɔn ma wonyaa nkɔso ne anigye kɛse wɔ ɔsom adwuma no mu.

Dwom 172 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 14

Dwom 160

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Sikasɛm ho amanneɛbɔ.

15 min: Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ? Ɔkasa. Yebefi ase asua saa nhomawa yi wɔ nhoma adesua ase dapɛn a edi hɔ no. Hyɛ obiara nkuran ma onsiesie ne ho na ɔnkɔ adesua biara sɛnea ɛbɛyɛ a obehu nhomawa no mu yiye na ama wahu sɛnea wɔne afoforo sua no. Kenkan nkyekyem a ɛwɔ asɛmti, “Sɛnea Wode Nhoma Yi Bedi Dwuma” ase no. Fa asɛm a ɛwɔ January 15, 1997, Ɔwɛn-Aban no nkratafa 16-17 no si hia a ehia sɛ yɛde nhomawa no mu nsɛmmisa, kyerɛw nsɛm, ne mfonini ahorow no bɛkyerɛkyerɛ so dua. Ɛsɛ sɛ nhoma adesua so ahwɛfo yɛ nhwɛso pa ma wɔn a wɔyɛ ofie Bible adesua no denam kasa a wɔnkasa pii na wɔmfa nsɛm foforo mma mu no so.—Hwɛ Yɛn Ahenni Som, July 1996, kratafa 3, nkyekyem 5.

20 min: Dɛn na Yɛyɛe Afe a Etwaam No? Asafo mu ɔkyerɛwfo ne ɔsom adwuma sohwɛfo susuw asafo no ɔsom akontaabu ne nnipa dodow a wɔbaa asafo nhyiam ahorow afe a etwaam no ho. Wɔka akontaabu no mu nneɛma pa a ɛfata ho asɛm, na wɔtwe adwene si mmeae a mubetumi anya nkɔso no so. So ɔdawurubɔfo biara tumi de ne ho hyɛɛ asɛnka mu wɔ August mu? Wɔka botae ahorow a mpanyimfo no de wɔn adwene besi so wɔ asram a ɛreba no mu, a adawurubɔfo nyinaa a wɔbɛboa wɔn ma wɔakɔ asɛnka daa ka ho, no ho asɛm. Wɔka ɔmansin sohwɛfo kyerɛwtohɔ a etwa to no mu nsɛntitiriw.

Dwom 144 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 21

Dwom 122

10 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Teokrase Nsɛmmansɛmma.

15 min: “Owura no Nneɛma a Yɛbɛhwɛ So.” Ɔkasa a ɔpanyin ma de di krataa a ɛhyɛ mu no ho dwuma.

20 min: “Hu Wo Nuanom.” Nsɛmmisa ne mmuae. Fa October 1, 1988, Engiresi Ɔwɛn-Aban, nkratafa 10-11 no mu nsɛm ka ho. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma womfi wɔn pɛ mu nhu wɔn ho wɔn ho.

Dwom 34 ne mpaebɔ a wɔde wie.

Dapɛn a Efi Ase September 28

Dwom 17

12 min: Asafo mu nkaebɔ ahorow. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa September asɛnka akontaabu mmra. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran ma wɔnyɛ afie-afie asɛnka adwuma wɔ October mu, na wɔmma nsɛmma nhoma pii. Hwɛ October 1996 Yɛn Ahenni Som no kratafa 8 no, na nya nyansahyɛ ahorow a ɛfa sɛnea wosiesie nsɛm a wɔka kyerɛ ho. Yɛ nsɛmma nhoma a aba foforo a wɔde rema ho ɔyɛkyerɛ, na kyerɛ sɛnea wɔka nsɛmma nhoma kra ho asɛm kyerɛ ofiewura no. Ma wonkogye nsɛmma nhoma a wɔde bɛyɛ adwuma dapɛn awiei no bi.

20 min: “Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔsom Adwuma Sohwɛfo.” Ɔkasa a ɔsom adwuma sohwɛfo ma. Bere a waka ne dwumadi ho asɛm awie no, ɔka akwan pɔtee a asafo no betumi afa so ne no ayɛ biako de ama mo asafo no asɛnka adwuma atu mpɔn kɛse ho asɛm.

13 min: Dɛn na Ɛma Obi Yɛ Asafo Mu Ɔdawurubɔfo Pa? Ɔkasa a atiefo nya mu kyɛfa. Ɛho nhia sɛ yenya ahokokwaw anaa ɔdom akyɛde soronko bi; mmom no, nea ehia paa ne sɛ yɛn nyinaa bɛda ɔpɛ a ɛda ɔdɔ, ahobrɛase, nsi, ne anisɔ adi. Frɛ atiefo ma wɔnkyerɛ nea enti a su a edidi so yi ho hia: (1) anigye, (2) nhyiam horow a yɛbɛkɔ daa na yɛanya mu kyɛfa, (3) ɔpɛ a yɛde begye asɛyɛde atom na yɛadi ho dwuma, (4) mpanyimfo a yɛne wɔn bɛyɛ biako na yɛagye nhyehyɛe a wɔyɛ ma asafo no atom, (5) komam a yebefi aboa afoforo anigye so, ne (6) asɛnka mu kyɛfa a yebenya daa na yɛde ho akontaabu aba ntɛm ɔsram biara.

Dwom 25 ne mpaebɔ a wɔde wie.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena