Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/98 kr. 1
  • Hu Wo Nuanom

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Hu Wo Nuanom
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Hu Wo Nuanom Yiye
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Yehyiam Som?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
  • Henanom Ne Yɛn Nuanom?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
  • Monkɔ So Nhyehyɛ Mo Ho Nkuran Da Biara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 9/98 kr. 1

Hu Wo Nuanom

1 Bible ka adamfo pa ho asɛm sɛ onipa a ɔfam ne yɔnko ho sen onua, ɔdɔ no na odi no nokware bere nyinaa, na ɔboa ne yɔnko wɔ n’ahohia mu. (Mmeb. 17:17; 18:24) Sɛ yɛbɔ mmɔden hu yɛn ho dodɔ yɛn ho a, nnamfo a ɛte saa a yebenya no ho renyɛ yɛn nã wɔ asafo no mu.—Yoh. 13:35.

2 Hokwan fɛfɛ a yebetumi anya de ahu yɛn nuanom ne bere a yennya mfii asafo nhyiam ahorow ase ne bere a yɛapɔn no. Dɛn nti na womma ntɛm na wontwɛn kakra bere a yɛapɔn no, na ama woatumi anya fekubɔ a ɔdɔ wom na ɛyɛ anigye? Hwehwɛ anuanom a wɔn nsɛm tebea gu ahorow ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ, a wɔn a wɔn mfe akɔ anim a wɔn ho akokwaw ne mmofra anaa wɔn a wosuro ade ka ho.

3 Di Kan Fi Nkɔmmɔbɔ Ase: Nkyia wo nuanom kɛkɛ. Wubetumi aka asɛnka adwuma mu osuahu bi, nsɛmma nhoma a aba foforo mu asɛm bi a ɛyɛ anigye, anaa asafo nhyiam a moapɔn no mu asɛm bi de afi nkɔmmɔbɔ ase. Wubetumi asua nneɛma pii afi wo nuanom hɔ denam otiefo pa a wobɛyɛ so, na woahyɛ wɔn nkuran ma wɔaka wɔn suahu ahorow ne nneɛma a wɔresua ho asɛm. Nea ɛyɛe a obi behuu Yehowa a wubebisa kɛkɛ no betumi ama woahu pii. Ebinom ahyia tebea ahorow a ɛhyɛ gyidi den wɔ wɔn asetra mu, na afoforo nso wɔ tebea horow mu mprempren a ebia ɛyɛ den sɛ nnipa pii betumi ahu. Eyi a yebehu no bɛboa yɛn, na sɛ́ nnamfo pa no, yɛanya tema ama wɔn, na yɛadi afoforo ahiade ho dwuma.

4 Momfa Mo Ho Mo Ho Nnamfo: Bere a onuawa bi ba wui no, na ɛyɛ den ma no sɛ ɔbɛto Ahenni nnwom a ɛfa owusɔre ho. Ɔka sɛ: “Bere bi, onuawa bi a na ɔte ɔfã foforo hui sɛ meresu. Ɔbaa me nkyɛn de ne nsa bɛtoo me kɔn mu, na ɔne me too dwom no nkae no. Minyaa ɔdɔ kɛse maa anuanom mmarima ne mmea no, na m’ani gyee yiye sɛ yɛkɔɔ nhyiam no, efisɛ mihui sɛ ɛhɔ, Ahenni Asa so hɔ, ne baabi a yenya mmoa.” Ɛsɛ sɛ yɛfa yɛn nuanom nnamfo denam wɔn werɛ a yɛbɛkyekye na yɛahyɛ wɔn nkuran bere biara a ɛho hia no so.—Heb. 10:24, 25.

5 Bere a wiase dedaw yi mu kɔ so yɛ den no, momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yebehu yɛn nuanom yiye. Hyɛ a yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran nokware mu saa no bɛyɛ nhyira ama yɛn nyinaa.—Rom. 1:11, 12.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena