Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/98 kr. 1
  • Yebetumi Ayɛ Nnwuma Akɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yebetumi Ayɛ Nnwuma Akɛse
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Yɛyɛ Adwuma Brɛ Na Yɛpere”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1981
  • “Mummedi M’akyi Na Mɛma Moayɛ Nnipa Yifo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • ‘Monkɔ Nkɔyɛ Asuafo’
    “Bra Bedi M’akyi”
  • “Monkɔ Nkɔyɛ Aman Nyinaa M’asuafo”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 9/98 kr. 1

Yebetumi Ayɛ Nnwuma Akɛse

1 Yesu Kristo yɛɛ anwonwade pii wɔ ne som adwuma no mu. Ɔnam anwonwakwan so maa nnipa mpempem pii aduan, ɔsaa nnipa pii yare, na onyan ebinom fii awufo mu. (Mat. 8:1-17; 14:14-21; Yoh. 11:38-44) Ne dwumadi no twetwee ɔman mũ nyinaa adwene. Nanso, anwummere a ade rebɛkye ma wawu no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo anokwafo no sɛ: “Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom.” (Yoh. 14:12) Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ nnwuma “akɛse”?

2 Denam Nsasesin Pii Mu Adwuma a Yɛbɛyɛ So: Yesu yɛɛ adwuma wɔ Palestina nkutoo, nanso ɔka kyerɛɛ n’asuafo a wodi kan no sɛ wonni adanse ‘nkɔpem asase ano nohoa,’ ntra baabi a Yesu ankasa kaa asɛm kodui no koraa. (Aso. 1:8) Asɛnka adwuma a ɔhyɛɛ ase no adu wiase nyinaa seesei, adu nsase 232 so. (Mat. 24:14) So worenya asasesin a wɔde ama w’asafo no mu adwumayɛ mu kyɛfa pii?

3 Denam Nnipa Pii Nkyɛn a Yɛbɛkɔ So: Asuafo kakraa bi na Yesu gyaw wɔn hɔ sɛ wɔntoa asɛnka adwuma no so. Nanso, esiane nnamyɛ a wɔde dii adanse wɔ Pentekoste afe 33 Y.B. no nti, akra bɛyɛ mpem abiɛsa na wogyee nokware no ma wɔbɔɔ wɔn asu saa da no. (Aso. 2:1-11, 37-41) Wɔn a “wɔpɛ daa nkwa” anoboaboa no atoa so abedu yɛn bere yi so, na sɛ yɛkyekyem pɛpɛɛpɛ a, yɛrebɔ nnipa bɛboro 1,000 asu da koro. (Aso. 13:48, NW) So woreyɛ nea wubetumi nyinaa de adu nnipa komapafo nkyɛn wɔ baabiara a wubehu wɔn no, na wokɔ wɔn a wɔkyerɛ anigye no nkyɛn ntɛm sɛnea wubetumi?

4 Denam Asɛnka Adwuma a Yɛbɛyɛ no Bere Tenten So: Mfe abiɛsa ne fã na Yesu de yɛɛ ne som adwuma wɔ asase so. Yɛn mu pii ayɛ asɛnka adwuma no sen saa. Ɛmfa ho bere tenten a wɔbɛma yɛakɔ so ayɛ adwuma yi no, yɛn ani gye sɛ yɛbɛboa osuani foforo biara ma wafi ase anantew ɔkwan a ɛkɔ nkwa mu no so. (Mat. 7:14) So woreyɛ pii ɔsram biara wɔ Awurade adwuma no mu?—1 Kor. 15:58.

5 Yebetumi akɔ so anya ahotoso sɛ esiane sɛ Yesu gyina yɛn akyi nti, yɛbɛkɔ so ayɛ nnwuma akɛse sɛ n’asuafo anokwafo.—Mat. 28:19, 20.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena