Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w80 3/1 kr. 4-10
  • “Mummedi M’akyi Na Mɛma Moayɛ Nnipa Yifo”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Mummedi M’akyi Na Mɛma Moayɛ Nnipa Yifo”
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • YESU YƐƐ NHWƐSO TOO HƆ
  • ƆHYƐƐ ƆBOAFO HO BƆ
  • WƆNYƐ WIASE YI FA
  • ƐNYƐ WƆN NKUTOO NA WOWO ONYANKOPƆN SOM MU
  • NEA YESU BƆƆ MPAE SRƐE
  • So Wobɛkyerɛ Yesu Dɔ No Ho Anisɔ?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1992
  • So Woka Wɔn A Onyankopɔn Dɔ Wɔn No Ho?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2002
  • Fa Yesu Mpae no Bɔ Wo Bra
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
    Yesu Ne Ɛkwan no, Nokorɛ no ne Nkwa
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1980
w80 3/1 kr. 4-10

“Mummedi M’akyi Na Mɛma Moayɛ Nnipa Yifo”

1-3. (a) Adwuma bɛn na Yesu too nsa frɛɛ nnipa sɛ wonni n’akyi na wɔnyɛ bi? (b) Ɔkwan bɛn so na sɛnea wɔn a wodii kan too nsa frɛɛ wɔn no gyee so fae no dii adanse sɛ na wɔwɔ gyidi?

YOHANE SUBONI no awie n’adwuma, na afei Yesu a wɔasra no no afi ne mpaemuka a ɛyɛ anigye: “Monsakra mo adwene; na ɔsoro ahenni no abɛn” no ase. (Mat. 3:2; 4:12-17) Nanso ɛnyɛ Yesu Kristo nkutoo na ɔbɛka asɛmpa no akyerɛ. Bere a ɔnam Galilea Po no ho no, ohuu Simon ne Andrea sɛ wɔregu asawu ɛpo mu. Ɔfrɛɛ wɔn sɛ: “Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.” Wɔantwentwɛn wɔn anan ase. “Na ntɛm ara” na wogyaw wɔn asawu no bedii Yesu akyi. Ɛno na Yesu huu Yakobo ne Yohane sɛ wɔte ɔkorow mu, na ɔfrɛɛ wɔn. “Na ntɛm ara” wogyaw ɔkorow no ne wɔn agya bedii n’akyi​—Mat. 4:18-22.

2 Yesu yɛɛ nhwɛso pa maa saa asuafo afoforo yi, bere a ɔretete wɔn na wɔabɛyɛ “nnipa yifo” no. Wɔn na na wɔka ne ho bere nyinaa, bere a “okyinii Galilea nyinaa kyerɛkyerɛe wɔn hyia adan mu na ɔkaa ahenni no ho asɛmpa no na ɔsaa ɔyare ne ahoɔmmerɛw biara ɔman no mu” no.​—Mat. 4:23.

3 Wɔ Kapernaum, Galilea no, Yesu huu Mateo (Lewi) sɛ ɔte atowgyei na ɔtoo nsa frɛɛ no sɛ, “Di m’akyi.” Ntɛm ara na Mateo gyaee tow a ogyigye no sɛnea ɛbɛyɛ na obedi Yesu akyi. (Mat. 9:9; Marko 2:14) Afei bio, Yesu “kyinii nkurow ne nkuraa nyinaa mu” sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ na waka ahenni no ho asɛmpa, bere a ogu so sa nyarewa ahorow nso. Ɛwom sɛ na n’akyidifo no redɔɔso de, nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Otwa adwuma no dɔɔso, na adwumayɛfo no de, wosua. Enti monsrɛ otwa wura no, na ɔmma adwumayɛfo mmra ne twa adwuma no mu!”​—Mat. 9:35-38.

4. (a) Dɛn nti na wɔpaw asomafo no? (b) Dɛn na Yesu hwɛ kwan fi wɔn a wodi n’akyi no hɔ?

4 Saa asuafo a wɔdi kan yi mu na Yesu paw 12 no sɛ wɔmmɛyɛ asomafo, “sɛ wɔnka ne ho na ɔnsoma wɔn asɛnka.” (Marko 3:14) Akyiri no, asomafo anokwafo no bɛyɛ Kristofo asafo no nhyɛase abo. (Efe. 2:20; Adi. 21:14) Na wɔpɛ sɛ wɔyɛ saa, wɔasiesie wɔn ho sɛ wɔbɛsom na ɛyɛ wɔn anigye sɛ wɔne Yesu bɛbɔ yɔnko wɔ Ahenni adwuma no mu. Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn na ɔhyɛɛ wɔn sɛ wɔnkɔ nkurow no ne nkuraa no mu na wɔnkɔ nkurɔfo no afie horow mu. Ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Na mokɔ a, monkɔka sɛ, Ɔsoro ahenni no abɛn.” Yesu maa n’asuafo no tee ase sɛ adwuma no renyɛ mmerɛw na nnipa pii bɛpow sɛ wobetie wɔn nsɛm no, nanso, ɛsɛ sɛ wodi adanse wɔ atumfoɔ ne amanaman mufo anim. Ɛho behia sɛ wɔde wɔn ho bɔ afɔre na wonya akokoduru, efisɛ Yesu kae sɛ: “Na nea ɔmfa n’asɛndua na onni m’akyi no, ɔnsɛ me.”​—Mat. 10:7-18, 38.

5. Dɛn nti na ebinom mfata sɛ Kristo akyidifo?

5 Ɛnyɛ obiara na ogyee Yesu frɛ sɛ wonni n’akyi no so. Sɛ nhwɛso no, ɔdefo a na ɔpɛ honam fam nneɛma sen honhom mu ademude a obenya mu anigye bere a ɔreka Ahenni no ho asɛmpa no wɔ hɔ. (Mat. 19:16-24) Afoforo nso yii wɔn ano, sɛnea nsɛm a ɛwɔ Luka 9:57-62 no kyerɛ no:

“Na ɛbae sɛ wɔnam kwan mu rekɔ no, obi ka kyerɛɛ no [Yesu] sɛ: Awurade, baabiara a wobɛkɔ no, medi w’akyi. Na Yesu see no sɛ: Sakraman wɔ atu, na wim nnomaa wɔ mmerɛbuw; na onipa ba no de, onni nea ɔde ne ti to. Na ɔka kyerɛɛ ɔfoforo sɛ: Di m’akyi! Na ɔno de ose: Ma me kwan na menkɔsie m’agya ansa. Na osee no sɛ: Ma awufo nsie wɔn awufo, na wo de kɔ na kɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm. Na ɔfoforo nso kae sɛ: Awurade, medi w’akyi, na ma me kwan na menkɔkra me fifo ansa. Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: Obi a ɔde ne nsa koso fɛtɛw ade mu na ɔhwɛ n’akyi no mfata Onyankopɔn ahenni mu.”

6. Ɔkwan bɛn na Yesu faa so tetee n’akyidifo no na ɔhyɛe wɔn nkuran, sɛnea wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ Luka 10:1-20 no?

6 Bere a ɔde nhwɛso horow a ɛfa wɔn a wɔmpɛ sɛ wɔyɛ adwuma no ho ama no, Luka de nhwɛso a ɛfa wɔn a wɔpɛ adwuma ayɛ no ho mae. Ɔkyerɛkyerɛɛ sɛnea Yesu paw n’akyidifo no mu 70 na ɔsomaa wɔn baanu baanu sɛ wɔnkɔyɛ akwampaefo wɔ ɔmansin a ɛda n’anim no mu no. Ɛsɛ sɛ wɔma nnipa no te sɛ “Onyankopɔn ahenni no abɛn mo.” (Luka. 10:1-16) Asuafo 70 no nyaa anigye kɛse wɔ wɔn som no mu. Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔwɔ nneɛma akɛse a wobegyina so anya anigye, sɛ: “Mo ani nnye sɛ wɔakyerɛw mo din ɔsoro.”​—Luka 10:17, 20.

YESU YƐƐ NHWƐSO TOO HƆ

7, 8. Bobɔ mfaso horow a tete “nnipa yifo” no nsa kae denam yɔnko a wɔne Yesu bɔe wɔ n’adwuma no mu bere nyinaa no bi din?

7 Bible akyerɛwfo Mateo, Marko, Luka ne Yohane a honhom wɔ wɔn so no kaa sɛnea Yesu asuafo a wodi kan no de wɔn ho bɔɔ ne ho wɔ asɛnka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no mu a nea efii mu bae ne mfaso kɛse a wonya maa wɔn ho ne afoforo no ho asɛm. Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma horow pii a ɛyɛ nwonwa a ɛfa Ahenni no ho, na wɔne afoforo a wɔbɛpɛ sɛ wotie kyɛɛ saa nokware ahorow yi. Nea ɛkyɛn ne nyinaa no, Yesu boaa n’asuafo no ma wɔn ani sɔɔ abusuabɔ a ɛsom bo a wɔwɔ sɛ Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu nkoa anaasɛ asomfo no.’​—Mat. 6:24; fa to Luka 12:37, 42, 43 ho.

8 Yesu yɛ odwumayɛni, te sɛ n’Agya. Ɛsɛ sɛ n’asuafo no nso yɛ adwumayɛfo, na wɔma afoforo te Ahenni no ho asɛm no. (Yoh. 4:34; 5:17; 9:4) Enti, Yesu de bɛyɛ sɛ mfirihyia abiɛsa tetee n’asuafo na wɔayɛ “nnipa yifo.” Afei nso, ɔbɔɔ wɔn kɔkɔ sɛ, sɛnea wɔde yɛɛ ɔno a ɔyɛ wɔn Wura no, saa ara nso na wɔbɛyɛ wɔn. Wohuu ne nhwɛso ne sɛnea ɔyɛɛ n’ade wɔ amanehunu ase no, na ɔde saa yɛ yɛɛ nhwɛso too hɔ maa wɔn sɛ wonni akyi. (Mat. 10:22-26; 1 Pet. 2:21) Yesu kyerɛkyerɛɛ wɔn nneɛma pii a ne nsa ka fii Onyankopɔn hɔ, na wohui sɛnea ɔmaa nkɔmhyɛ ahorow pii baa mu nso. Eyinom nyinaa hyɛɛ wɔn gyidi den.

9. Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no a ɛfa abusuabɔ a ɛda wɔne Onyankopɔn ntam sɛ́ ne nkoa no ho?

9 Yesu nso de ahobrɛase hyɛɛ wɔn nkuran sɛ wonni ne nhwɛso no akyi sɛ Onyankopɔn nkoa. Ɔkae sɛ:

“Mo mu hena na ɔwɔ akoa a ɔfɛtɛw asase anaasɛ ɔhwɛ mmoa, na ofi afum ba ofie a, obese no sɛ: Bɛsen ntɛm kɔtra adidii? Na ɔrense no sɛ: Siesie nea medi, na bɔ wo ho so bɛsom me, na minnidi na mennom ansa, na akyiri no, wo nso woakodidi na woanom? Ɔbɛda akoa no ase sɛ wayɛ nea wahyɛ no no? Saa ara na mo nso sɛ moayɛ nea wɔahyɛ mo nyinaa a, monka sɛ: Yɛyɛ nkoa a mfaso nni yɛn ho; yɛayɛ nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ.”​—Luka 17:7-10; fa to 1 Korintofo 7:22, 23; Adiyisɛm 19:5 ho.

10. Dɛn nti na Yesu nhwɛso no yɛ ntetee a ɔde ma n’akyidifo no na wɔasom Nyankopɔn no fa?

10 Bere a Yesu asase so adwuma no bɛnee n’awiei no, ɔboaboaa n’asomafo no ano hyia maa Twam afahyɛ no di, na ɛha na ɔde afotu ne nkuranhyɛ kɛse maa wɔn wɔ kokoam. Afei nso ɔhohoroo wɔn anan ho na ama wɔate ase sɛ ɛho hia sɛ wɔsom afoforo, sɛ: “Na mama mo sɛnnahɔ sɛ, sɛnea mayɛ mo no, mo nso monyɛ saa ara. Nokware nokware mise mo sɛ; Akoa nsen ne wura, na ɔsomafo nsen nea ɔsomaa no. Sɛ munim eyinom na moyɛ a, nhyira ne mo.”​—Yoh. 13:15-17.

11. (a) Ɛhefa na wobehu kyerɛwtohɔ a ɛfa kokoam ɔkasa a Yesu ne n’asuafo no nyae wɔ anibere mu ansa na wɔrekyerɛ no no? (b) Ɔkwan bɛn so na Yesu sii abusuabɔ a ɛda gyidi ne nnwuma ntam no so dua wɔ saa bere no? (d) Ɔkwan bɛn so na asuafo no bɛfa ayɛ nnwuma akɛse akyɛn Yesu de no?

11 Bere a wapam oyimafo Yuda no, Yesu de ahyɛde bi a ɛfa afahyɛ foforo​—ne wu no ho nkae maa n’asomafo anokwafo 11 no. Ɔde bere pii kaa asɛm kyerɛɛ wɔn, siesiee wɔn maa asɛyɛde a ɛbɛba abɛda wɔn so bere a ɔkɔ no. (Yoh. 13:30-16:33) Sɛnea ɛbɛyɛ na wɔbɛkyerɛ gyidi a wɔwɔ wɔ Kristo mu no, asomafo no bɛyɛ nnwuma a ɛte sɛ ne de no. Enti, ɔde nsɛm yi hyɛɛ wɔn nkuran: “Nokware, nokware, mise mo sɛ: Nea ogye me di no, nnwuma a meyɛ no, ɔno nso bɛyɛ, na ɔbɛyɛ akɛse asen eyinom, efisɛ me de, merekɔ m’Agya no nkyɛn.” (Yoh. 14:12) Yesu kaa asɛm wɔ Palestina asase no so nkutoo, nanso ɛsɛ sɛ Ahenni no ho adwuma no trɛw wɔ ne wu ne ne wusɔre no akyi. Ɛsɛ sɛ n’asuafo no di daakye adwuma a wɔbɛyɛ no mu akoten. Awiei no, wɔbɛka Ahenni no ho asɛmpa no wɔ asase a nnipa te so no nyinaa so de adi amanaman no nyinaa adanse, na ɛno ansa na awiei no bɛba.​—Mat. 24:14.

12. Abusuabɔ bɛn na ɛda ɔdɔ a yɛwɔ ma Kristo ne nea yɛyɛ no ntam?

12 Esiane sɛ eyi ne bere a etwa to a ɔne n’asuafo no bɛtra hɔ nti, Yesu sii sɛnea ɔdɔ a ɛma wɔde ho bɔ afɔre ho hia so dua, sɛ:

“Sɛ modɔ me a, munni m’ahyɛde so! Nea ɔwɔ m’ahyɛde na odi so no, ɔno ne nea ɔdɔ me; na nea ɔdɔ me no, m’agya bɛdɔ no, na me nso mɛdɔ no, na mayi me ho makyerɛ no. . . . Sɛ obi dɔ me a, obedi m’asɛm so, na m’agya bɛdɔ no, na yɛbɛba ne nkyɛn, na yɛabɛyɛ yɛn trabere ne nkyɛn. Nea ɔnnɔ me no nni me nsɛm so; asɛm a mote no nyɛ me dea, na ɛyɛ agya a ɔsomaa me no dea.” (Yoh. 14:15, 21, 23, 24)

Hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yebetie Yesu Kristo ahyɛde horow no!

ƆHYƐƐ ƆBOAFO HO BƆ

13. Ɔkwan bɛn so na mmoa bɛfa aba Yesu akyidifo no hɔ bere a ɔkɔ no akyi, na eyi bɛkanyan wɔn ama wɔayɛ dɛn?

13 Na asomafo no ne Yesu abɔ yiye. Sɛ wɔpɛ sɛ wohu biribi mu anaasɛ ɔhaw bi sɔre a wotumi ne Yesu kasa fa nsɛm no ho. Na afei Yesu rekɔ n’Agya no nkyɛn. Enti ɔka kyerɛɛ n’Agya no sɛ ɔmma wɔn ɔboafo anaa okyigyinafo foforo, Onyankopɔn honhom kronkron no, a ɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn na akae wɔn nneɛma nyinaa a Yesu aka akyerɛ wɔn. (Yoh. 14:16, 17, 25, 26) Ɛno kyerɛ sɛ wobedi adanse kɛse, efisɛ Yesu kae sɛ: “Na okyigyinafo [ɔboafo] a mɛsoma no mabrɛ mo afi agya no nkyɛn, nokware honhom a ofi agya no nkyɛn reba no, sɛ onya ba a, ɔno na obedi me ho adanse; na mo nso mubedi adanse, efisɛ moka me ho fi mfiase.”​—Yoh. 15:26, 27.

14. Ɔkwan bɛn so na asuafo no besua nokware ahorow pii wɔ ɛno akyi?

14 Yesu ntumi nka nsɛm pii nkyerɛ n’asuafo no saa bere no. Nanso, sɛ honhom kronkron no nya ba a, wobenya ntease a emu dɔ na aboa wɔn ama adwuma a ɛda wɔn anim no. (Yoh. 16:12-14) Hwɛ sɛnea ɛhyɛ yɛn nkuran fa! Wɔn a wodi Yesu akyi sɛ Onyankopɔn nkoa no benya awerɛhyem bere nyinaa sɛ wɔn nsa bɛka mmoa afi ɔsoro ne akwankyerɛ wɔ nokware no mu denam honhom kronkron no so.

15. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ Kristofo kura abusuabɔ a emu yɛ den a ɛbɛda wɔne Yesu Kristo ntam no mu den bere nyinaa wɔ obobe ho mfatoho a ɔmae no nti? (b) Dwuma bɛn na Kristofo dɔ di wɔ eyi mu?

15 Sɛnea ɛbɛyɛ na Yesu akyidifo no adi nkonim wɔ wɔn adwuma no mu no, ɛsɛ sɛ wɔne no tra biakoyɛ mu na woyi wɔn ho adi sɛ n’asuafo. Yesu de bobe ne n’abaa no yɛɛ eyi ho mfatoho, na osii so dua de kyerɛɛ wɔn sɛnea ehia sɛ wɔtra bobe no so na wɔsow aba sɛnea ɛbɛyɛ na ahyɛ n’Agya no anuonyam. Ɛsɛ sɛ wɔfa Ahenni adansedi adwuma no so sow aba ne afei nso denam Kristofo suban a wobeyi no adi akyerɛ so. Nnipa behu sɛ wɔyɛ n’asuafo denam nokware dɔ a wobeyi no adi wɔ wɔn mu no so.​—Mat. 21:43; Yoh. 13:34, 35; 15:1-12; afei nso hwɛ August 1, 1979 Ɔwɛn-Aban mu.

WƆNYƐ WIASE YI FA

16. (a) Dɛn na Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no wɔ Yohane 15:17-22 a ɛfa wɔn gyinabea wɔ wiase no mu no ho? (b) Dɛn nti na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn saa faa eyi ho?

16 Wɔn a wɔbɛyɛ “nnipa yifo” no yi ɔdɔ a emu yɛ den yi adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho. Nanso, esiane sɛ wɔyɛ Owura, Kristo Yesu akyidifo nti, wiase no nnɔ wɔn. Wiase no annɔ Yesu, efisɛ ɔnyɛ ne fa. (Yoh. 15:17-22; 16:1) Saa nimdeɛ yi ho ba mfaso ma nokware Kristofo wɔ mudi mu a wokura wɔ sɔhwɛ ase no mu​—sɛnea Yesu nso kuraa ne mudi mu no. Wɔn a wofi wiase no mu no nnim Yehowa Nyankopɔn anaasɛ Nea ɔsomaa no, Yesu Kristo no. Wɔnte Yesu nkyerɛkyerɛ no ase, anaasɛ nea Kristoni dɔ yɛ nso ase. Wɔtan n’akyidifo no, efisɛ ɔbonsam akɔnnɔde na wɔyɛ.​—Yoh. 8:42-44; 14:30; 16:11.

17. Esiane sɛ wɔyɛ Kristo akyidifo na wɔnyɛ Wiase yi fa nti, dɛn na ɛbɛto Kristofo no mu binom?

17 Esiane sɛ nokware Kristofo “mfi wi yi ase” nti, ɛnsɛ sɛ wɔfa wiase yi pɛsɛmenkominya, ahantan ne mpaapaemu honhom no. Eyi boa wɔn ma wɔhyɛ Onyankopɔn anuonyam na wɔsow aba pii de di asuafo a wɔyɛ no ho adanse. Nanso ɛkyerɛ amanehunu ma wɔn sɛnea Yesu bɔɔ kɔkɔ no:

“Wobetu mo afi hyiadan mu; mpo ɛbere reba a obiara a obekum mo besusuw sɛ ɔde resom Nyankopɔn.”​—Yoh. 16:2-4; 15:8-10.

ƐNYƐ WƆN NKUTOO NA WOWO ONYANKOPƆN SOM MU

18, 19. (a) Hena dɔ na wɔasi so dua ama Yesu asuafo no, na dɛn ntia? (b) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wohu hia a nokware a ɛyɛ sɛ ɛnkaa Yehowa akoa no nkutoo no ho hia fa, enti dɛn na ɛsɛ sɛ ɔyɛ?

18 Yehowa nkoa betumi de wɔn ho ato No so esiane ne dɔ kɛse nti. Yesu de saa awerɛhyem yi mae: “Na agya no ankasa dɔ me, efisɛ modɔ me, na moagye adi sɛ mifi Nyankopɔn nkyɛn na mebae.” (Yoh. 16:27) Ɛnyɛ Yehowa nkoa nko na wɔyɛ adwuma no. Ɛyɛ Onyankopɔn adwuma na wɔyɛ sɛ n’asomfo, na ɔkwan no abue ama wɔn bere nyinaa sɛ wɔbɛhwehwɛ mmoa afi Yehowa Nyankopɔn hɔ wɔ mpaebɔ mu. Yesu kae sɛ: “Biribiara a mobɛsrɛ agya no me din mu no ɔde bɛma mo.” (Yoh. 16:23, 24) Sɛ wonya kyere Yesu a, bere mu bɛyɛ den ama n’akyidifo no, sɛnea odii kan bɔɔ wɔn kɔkɔ no:

“Hwɛ, dɔn no reba, na anya adu sɛ mo nyinaa bɛhwete akɔ mo nkurow mu, na moagyaw me nko; nanso ɛnkaa me nko ɛ, efisɛ agya no ka me ho. Eyinom na maka mo, na moanya me mu asomdwoe. Mo ho behia mo wi yi ase de, nanso momma mo bo ntɔ mo yam! Me na madi wiase so nkonim.”​—Yoh. 16:32, 33.

19 Hwɛ sɛnea ɛho hia yiye sɛ yɛbɛkae sɛ ɛnyɛ yɛn nkutoo na yɛwɔ hɔ, sɛnea ɛnyɛ Yesu nkutoo na ɔwɔ hɔ bere a wɔkyeree no no! Na hwɛ sɛnea ɛho hia sɛ yɛde yɛn ho bɛto Yehowa so wɔ mpaebɔ mu, titiriw wɔ amanehunu anaa bere a emu yɛ den mu! Yesu de anibere bɔɔ mpae, na ɔyɛɛ saa mpɛn pii wɔ ne sɔhwɛ bere mu. (Mat. 26:36-46; 27:46) Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ n’akyidifo no twentwɛn wɔn anan ase wɔ mmoa a wɔbɛhwehwɛ afi Yehowa hɔ no mu, na mmom wɔmfa ahotoso ne gyidi mmɔ no mpae.​—Mat. 7:7, 8.

NEA YESU BƆƆ MPAE SRƐE

20. Nsentitiriw bɛn na Yesu sii so dua wɔ ne mpaebɔ a ɛyɛ nwonwa a wɔakyerɛw ato hɔ wɔ Yohane 17 no mu?

20 Bere a Yesu akyerɛkyerɛ ne nokware asuafo no n’asase so asetra bere a etwa to no anadwo no, ɔmaa n’ani so kɔɔ soro na ɔbɔɔ Yehowa mpae bi a ɛyɛ nwonwa maa wɔn. Ne mpaebɔ no kyerɛe sɛ wawie adwuma a ɔde maa no wɔ asase so no, nanso n’akyidifo no da so atra wɔ wiase. Saa asuafo yi bɛkɔ so apae mu aka Ahenni no ho asɛmpa no, na wɔada Yehowa din no adi, sɛnea Yesu ayɛ no. Enti ɔsrɛe sɛ:

“Agya kronkron, wɔn a wode wɔn ama me no, fa wɔn sie wo din mu . . . Medo w’asɛm mama wɔn; na wiase atan wɔn, efisɛ womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. Mensrɛ sɛ yi wɔn fi wiase, na mmom sɛ: Yi wɔn fi ɔbɔne no ho sie! Womfi wiase, sɛnea me nso mimfi wiase no. Yɛ wɔn kronkron wɔ nokware no mu; w’asɛm yɛ nokware. Sɛnea wosomaa me wiase no, saa ara na me nso meresoma wɔn wiase.”​—Yoh. 17:11, 14-18.

21. Ɔkwan bɛn so na Yesu kyerɛɛ awerɛhyem a ɔwɔ wɔ Kristofo asafo no a emu bɛtrɛw daakye no mu?

21 Yesu mpaebɔ no kɔ akyiri tra saa asomafo anokwafo 11 no. Ɔrehwɛ asafo a ɛbɛtrɛw atwa wiase mu no nyinaa ho ahyia kwan, a mmarima ne mmea pii benya Yesu mu gyidi denam asɛm a n’akyidifo no bɛka so. Yesu kae sɛ:

“Na ɛnyɛ eyinom nkutoo nti na mesrɛ, na wɔn a wɔnam wɔn asɛm so begye me adi nso nti, sɛ wɔn nyinaa nyɛ biako, sɛnea wo, agya, wowɔ me mu, na mewɔ wo mu; sɛ wɔn nso nyɛ biako wɔ yɛn mu, na wiase nnye nni sɛ wo na wosomaa me.”​—Yoh. 17:20, 21.

22. Ɔkwan bɛn so na Yesu fa wiee n’asase so som adwuma no sɛ Yehowa adansefo no mu biako?

22 Bere a wabɔ mpae awie saa akyi ankyɛ biara na wɔkyeree Yesu. Bere a wɔde no baa sodifo Pilato anim no, odii adanse sɛ, esiane sɛ n’ahenni no nyɛ wiase yi fa nti, n’asomfo​—a wɔn nso wɔnyɛ wiase yi fa no​—renko. Sɛ́ Yehowa Adansefo no kwankyerɛfo no, ɔpaee mu kae sɛ: “Wo na woka sɛ meyɛ ɔhene. Me de, eyi nti na wɔwoo me, na mebaa wi yi ase, sɛ merebedi nokware no ho adanse; obiara a ofi nokware no mu no tie me nne.” (Yoh. 18:33-37) Enti Yesu gyaw nhwɛso pa maa Kristofo sɛ wonsua wɔ mfe a ebedi bere a wafi asase so kɔ no akyi no mu. Saa da no ara na wokum no, a ɔde nokwaredi awie adwuma a Yehowa de maa no sɛ ɔnyɛ no. (Yoh. 17:4) Nhwɛso a ɛyɛ nwonwa bɛn na ɔyɛ too hɔ maa n’akyidifo no sɛɛ, wɔ n’asase so som adwuma bere no mu! Wɔ nokwarem no, eyi hyɛɛ wɔn nkuran na wɔasuasua no sɛ Yehowa adansefo wɔ wɔn adwuma kɛse sɛ “nnipa yifo” no mu!

[Kratafa 7 mfoni]

Yesu somaa n’asuafo no kɔɔ nkurɔfo no afie horow mu

[Kratafa 7 mfoni]

Yesu asase so anwummeduan a etwa to de nkra asɛm a emu yɛ den ma yɛn nnɛ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena