Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/98 kr. 8
  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔwɛn-Aban Adesua Sohwɛfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔwɛn-Aban Adesua Sohwɛfo
  • Yɛn Ahenni Som—1998
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe Ɔfã 1: Adesua Sohwɛfo Asɛyɛde
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Pae Mu Ka W’anidaso ho Asɛm Pintinn
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Asafo Nhoma Adesua So Ahwɛfo
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Asafo Nhoma Adesua ma Ɔkyerɛkyerɛ Dwumadi Ahorow Nya Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1994
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1998
km 12/98 kr. 8

Ahwɛfo a Wodi Anim—Ɔwɛn-Aban Adesua Sohwɛfo

1 Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ no yɛ “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no nsiesiei titiriw a wɔnam so de honhom fam aduan ma yɛn wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu.” (Mat. 24:45) Ɔpanyin a ɔhwɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so no wɔ asɛyɛde a ɛho hia sɛ ɔkyerɛkyerɛfo a ɔfata a ɔyɛ nhwɛso pa wɔ Kristofo asetra mu.—Rom. 12:7; Yak. 3:1.

2 Sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo no betumi akyerɛkyerɛ yiye a, ɛsɛ sɛ ɔbɔ mmɔden siesie ne ho yiye dapɛn biara. Ɔde mpaebɔ ne ahwɛyiye na ɛyɛ saa. Anigye kɛse a ɔwɔ wɔ asafo no ho da adi wɔ mmɔden ankasa a ɔbɔ sɛ ɔbɛma ade a yɛresua no adu yɛn komam no mu. Ɔtwe adwene si adesua no mu nsɛntitiriw so, na ɔboa yɛn ma yehu sɛnea ɛfa asɛmti a yɛresua no ho.

3 Nea ɛka n’ahosiesie a edi mũ ho ne kyerɛw nsɛm a obedi kan akenkan na ama wahu sɛnea ɔde bedi dwuma no. Ɔde Onyankopɔn Asɛm di kan denam asafo no a ɔhyɛ wɔn nkuran ma wɔde Bible no di dwuma ɔkwampa so wɔ adesua no mu no so. Sɛ asɛntitiriw bi anna adi wɔ asafo no mmuaema mu anaasɛ wɔamfa kyerɛwsɛm titiriw bi anni dwuma a, obisa asɛm foforo pɔtee bi de twe adwene si asɛm no so. Saa kwan yi so no, ɔboa yɛn ma yetumi te adesua no ase, na yehu sɛnea yɛde nea yesua no bedi dwuma wɔ yɛn asetra mu.

4 Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo no bɔ mmɔden ma n’ankasa nkyerɛkyerɛ tu mpɔn nkakrankakra. Ɔnkasa pii, nanso, ɔhyɛ yɛn nkuran ma yɛma mmuae—yɛde yɛn ankasa nsɛm ma, ɛyɛ tiawa, na ɛfa asɛm no ho pɔtee. Ebia bere ne bere mu no, ɔbɛkae yɛn sɛ, ɛsɛ sɛ nea odi kan ma nkyekyem bi ho mmuae no ma ne mmuae no yɛ tiawa na ɛfa asɛmmisa no ho tẽẽ. Mmuae foforo a atiefo no bɛma no betumi atwe adwene asi sɛnea wɔde kyerɛwsɛm bi bedi dwuma, nsɛm a esi so dua, anaa sɛnea wɔde adesua no mu nsɛm bedi dwuma wɔ wɔn asetram so. Sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua sohwɛfo no hyɛ ankorankoro ne mmusua nkuran ma wosiesie wɔn ho a, ɔkanyan obiara anigye ma onya ɔpɛ sɛ ɔbɛma mmuae.

5 Sɛ́ ‘nnipa a Yehowa akyerɛkyerɛ yɛn’ no, yɛn ani sɔ ‘nnipa mu akyɛde’ te sɛ Ɔwɛn-Aban Adesua so ahwɛfo a ‘wɔbɔ mmɔden wɔ ɔkyerɛkyerɛ mu’ no.—Yes. 54:13; Efe. 4:8, 11; 1 Tim. 5:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena