Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe Ɔfã 1: Adesua Sohwɛfo Asɛyɛde
1 Asafo Nhoma Adesua di dwuma titiriw bi wɔ Yehowa nkurɔfo honhom mu onyin mu. Wɔ asram a ɛreba no mu no, yɛbɛhwehwɛ Asafo Nhoma Adesua nhyehyɛe no afã horow mu, na yɛasusuw sɛnea yebetumi anya mu mfaso no ho. Yɛpɛ sɛ yɛde yɛn adwene si sɛnea nhoma adesua sohwɛfo no betumi ama adesua no ahyɛ nkuran ne gyidi den wɔ Bulletin yi mu.
2 Nea ɛbɛyɛ na adesua sohwɛfo no atu mpɔn wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu no, ɛsɛ sɛ osiesie ne ho yiye. Sɛ obi a osua Onyankopɔn Asɛm yiye no, ɛnyɛ sɛ ɛsɛ sɛ ohu asemmisa biara mmuae nkutoo, na mmom ɛse sɛ ɔte nea enti a saa mmuae no teɛ nso ase, ɛsɛ sɛ ɔboa wɔn a wɔaba adesua no nyinaa ma wohu nea enti a mmuae ahorow no te saa. (1 Pet. 3:15) Eyi bɛma asɛm no ho anisɔ a wɔwɔ no ayɛ kɛse.
ADESUA NO YƐ MU BOTAE HOROW
3 Adesua sohwɛfo no botae biako ne sɛ ɔde adesua no mu asɛm no bedi dwuma de ahyɛ wɔn a wɔwɔ hɔ no nyinaa gyidi den, na wakanyan wɔn ma wɔanya ɔpɛ sɛ wɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde yiye. (Dw. 110:3: 2 Tes. 1:3-5) Sɛ adesua sohwɛfo no betumi ayɛ saa a, ɛsɛ sɛ ogyina wɔ adesua no afã horow a ɛfata, na ‘osi’ aba a ɛwom a ɛma wonya Yehowa, n‘Asɛm, ne n’ahyehyɛde mu ahotoso a efi komam no ‘so dua.’ (Gal. 6:6. Ref. Bi. ase hɔ asɛm.) Obetumi de nsɛm a ɔde ahokokwaw bisa adi dwuma de ama nsɛm a ɛhyɛ gyidi den yi ada adi sɛnea bere ma kwan.
4 Botae foforo ne sɛ ɔbɛboa wɔn nyinaa ma wɔahu sɛnea wobetumi de asɛm no adi dwuma yiye. Wobetumi de adi dwuma dɛn wɔ asɛnka mu? Na wobetumi de adi dwuma de ahyɛ anuanom ne afoforofo nso nkuran dɛn? Na wobetumi de adi dwuma de ahyɛ wɔn abusua ne wɔn ankasa ho den dɛn? Sɛ Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo siesie adesua biara a, ɛsɛ sɛ wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu sɛnea wobetumi de adesua no mu nsɛntitiriw pɔtee bi adi dwuma yiye.
5 Ebia wɔde nsɛm bi bedi dwuma de aboa abusuafo a wonnye nni, mfɛfo sukuufo anaa adwumayɛfo. Ebia nsɛm afoforo bɛboa wɔn a wɔwɔ ofie a emu apaapae mu anaa ebia mmusua a awofo no nni ahokafo mufo. Ebia adesua sohwɛfo no bɛma atiefo no akyerɛ wɔn adwene denam boa a ɔbɛboa wɔn ma wɔadwen, na wɔahu sɛnea ebia wɔde asɛm a wɔresusuw ho no bedi dwuma yiye no so. Ɛsɛ sɛ adesua sohwɛfo no bɔ mmɔden ma adesua no yɛ anigye, na ɔma etu mpɔn sen asemmisa-ne-mmuae kɛkɛ a wɔde susuw asɛm no ho.—Fa toto 1 Korintofo 14:9, 19 ho.
KYERƐ OBIARA HO ANIGYE
6 Ɛdenam kuw no muni biara a adesua sohwɛfo no bɛkyerɛ ne ho anigye so no, obetumi ahyɛ obiara nkuran ma ɔde ne ho ahyem. Ebia obedi kan apaw wɔn a wosuro sɛ wɔbɛma mmuae no ma wɔakenkan kyerɛw nsɛm, anaa ebia obedi kan de asemmisa bi ama wɔn sɛ wonsiesie wɔn ho na wɔama ho mmuae. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa bɔ mmɔden sɛ wɔde wɔn ankasa nsɛm bɛma mmuae. Ɛdenam mmuae no a adesua sohwɛfo no betie no yiye so no, obetumi ahu sɛ ebia ebinom hia mmoa anaa. Obetumi de kuw no mufo afoforo a wɔn ho akokwaw adi dwuma ma wɔaboa wɔn a wɔte sɛɛ.
7 Asafo Nhoma Adesua no yɛ nhyira ma yɛn. Ɛma yenya hokwan hyia wɔ akuw nketewa mu, na yenya mmoa pii. Ɛnsɛ sɛ yebu no sɛ ɛho nhia sɛ nhyiam afoforo da. Wo Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no bu asɛyɛde a ɔwɔ sɛ ɔde adesua biara bedi dwuma de ahyɛ wo gyidi den wɔ Yehowa mu, na wama anisɔ a wowɔ ma Onyankopɔn honhom fam nsiesiei ayɛ kɛse no aniberesɛm.