Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • 1 Korintofo 14
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

1 Korintofo Mu Nsɛntitiriw

      • Nkɔmhyɛ ne kasa horow akyɛde (1-25)

      • Momma Kristofo nhyiam nkɔ so ne kwan so, ne kwan so (26-40)

        • Mmea gyinabea wɔ asafo no mu (34, 35)

1 Korintofo 14:1

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “monkɔ so mfa nsi ne ahokeka.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 5:20

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/1993, kr. 31

1 Korintofo 14:2

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:5
  • +1Ko 13:2

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/1/1982, kr. 4

1 Korintofo 14:3

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/2010, kr. 24-25

1 Korintofo 14:5

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 12:30
  • +Yoe 2:28; Aso 2:17; 21:8, 9

1 Korintofo 14:6

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Ga 1:11, 12; 2:2
  • +1Ko 12:8

1 Korintofo 14:8

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/15/2015, kr. 20

    6/1/1982, kr. 10-11

1 Korintofo 14:9

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/15/2015, kr. 20

1 Korintofo 14:12

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 12:7; 14:4, 26

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    4/15/2007, kr. 23-24

1 Korintofo 14:13

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 12:8, 10; 14:5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/1/1982, kr. 4

1 Korintofo 14:16

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    12/1/1986, kr. 28-29

    2/1/1982, kr. 4

1 Korintofo 14:19

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “me ntease.”

  • *

    Anaa “metumi de m’ano akyerɛkyerɛ.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:4

1 Korintofo 14:20

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Efe 4:14
  • +Ro 16:19
  • +Heb 5:13, 14

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    2/1/2007, kr. 11

    7/15/1993, kr. 20

    7/1/1984, kr. 21

1 Korintofo 14:21

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “kasa.”

  • *

    Hwɛ Nkh. A5.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 28:11, 12

1 Korintofo 14:22

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 2:4, 13

1 Korintofo 14:24

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1989, kr. 13, 15-16

1 Korintofo 14:25

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Yes 45:14; Sak 8:23

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    6/15/1989, kr. 15-16, 20

1 Korintofo 14:26

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 12:8, 10

1 Korintofo 14:27

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:5

1 Korintofo 14:29

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Aso 13:1

1 Korintofo 14:31

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +Heb 10:24, 25

1 Korintofo 14:33

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:40; Kol 2:5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 20

    Ahenni Redi Tumi!, kr. 119-120

1 Korintofo 14:34

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ti 2:11, 12
  • +1Ko 11:3; Efe 5:22; Kol 3:18; Tit 2:5; 1Pe 3:1

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    9/1/2012, kr. 9

    3/1/2006, kr. 28-29

1 Korintofo 14:35

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    3/1/1989, kr. 6

1 Korintofo 14:37

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Ɔwɛn-Aban,

    10/15/1993, kr. 31

1 Korintofo 14:38

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Ebetumi nso akyerɛ, “Na sɛ obi bu n’ani gu so a, momma ɔnyɛ sɛnea ɔte no ara.”

1 Korintofo 14:39

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Te 5:20
  • +1Ko 14:27

1 Korintofo 14:40

Ase Hɔ Nsɛm

  • *

    Anaa “a nhyehyɛe da ho.”

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So

  • +1Ko 14:33; Kol 2:5

Nhoma Ahorow a Yɛde Yɛ Nhwehwɛmu

  • Nhwehwɛmu Nhoma

    Wubetumi Anya Anigye Daa!—Nhoma, adesua 54

    Nyan!,

    nɔma 1 2020 kr. 10

    “Onyankopɔn Dɔ,” kr. 49

    Ɔwɛn-Aban,

    8/1/1997, kr. 9

Bible Afoforo

Klike nkyekyɛm bi so. Ɛbɛma woahu asɛm koro no ara wɔ Bible afoforo mu.

Kyerɛwsɛm Afoforo a Wɔatwe Adwene Asi So No Nyinaa

1 Kor. 14:11Te 5:20
1 Kor. 14:21Ko 14:5
1 Kor. 14:21Ko 13:2
1 Kor. 14:51Ko 12:30
1 Kor. 14:5Yoe 2:28; Aso 2:17; 21:8, 9
1 Kor. 14:6Ga 1:11, 12; 2:2
1 Kor. 14:61Ko 12:8
1 Kor. 14:121Ko 12:7; 14:4, 26
1 Kor. 14:131Ko 12:8, 10; 14:5
1 Kor. 14:191Ko 14:4
1 Kor. 14:20Efe 4:14
1 Kor. 14:20Ro 16:19
1 Kor. 14:20Heb 5:13, 14
1 Kor. 14:21Yes 28:11, 12
1 Kor. 14:22Aso 2:4, 13
1 Kor. 14:25Yes 45:14; Sak 8:23
1 Kor. 14:261Ko 12:8, 10
1 Kor. 14:271Ko 14:5
1 Kor. 14:29Aso 13:1
1 Kor. 14:31Heb 10:24, 25
1 Kor. 14:331Ko 14:40; Kol 2:5
1 Kor. 14:341Ti 2:11, 12
1 Kor. 14:341Ko 11:3; Efe 5:22; Kol 3:18; Tit 2:5; 1Pe 3:1
1 Kor. 14:391Te 5:20
1 Kor. 14:391Ko 14:27
1 Kor. 14:401Ko 14:33; Kol 2:5
  • Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
  • Kenkan wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase—Akuapem (bi12) mu
  • 1
  • 2
  • 3
  • 4
  • 5
  • 6
  • 7
  • 8
  • 9
  • 10
  • 11
  • 12
  • 13
  • 14
  • 15
  • 16
  • 17
  • 18
  • 19
  • 20
  • 21
  • 22
  • 23
  • 24
  • 25
  • 26
  • 27
  • 28
  • 29
  • 30
  • 31
  • 32
  • 33
  • 34
  • 35
  • 36
  • 37
  • 38
  • 39
  • 40
Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
1 Korintofo 14:1-40

Nea Edi Kan a Ɔde Kɔmaa Korintofo

14 Monhwehwɛ ɔdɔ, nanso monkɔ so nyere mo ho* nhwehwɛ honhom mu akyɛde no denneennen, na sɛ ɛbɛyɛ yiye a, monhyɛ nkɔm.+ 2 Efisɛ nea ɔka kasa foforo no, ɛnyɛ nnipa na ɔka kyerɛ wɔn; ɔka kyerɛ Onyankopɔn, na obiara nte ase.+ Mmom ɔnam honhom no so ka ahintasɛm kronkron.+ 3 Nanso nea ɔhyɛ nkɔm no, ɔde ne kasa hyɛ nnipa den, ɔde hyɛ wɔn nkuran, na ɔde kyekye wɔn werɛ. 4 Nea ɔka kasa foforo no, ɔhyɛ ɔno ara ne ho den, na nea ɔhyɛ nkɔm de, ɔhyɛ asafo no den. 5 Minyae a, anka mo nyinaa ka kasa foforo,+ nanso mepɛ sɛ mohyɛ nkɔm+ mmom. Nokwasɛm ne sɛ, nea ɔhyɛ nkɔm no, ɔkyɛn nea ɔka kasa foforo, gye sɛ ɔkyerɛ ase ma ɛhyɛ asafo no den. 6 Nanso anuanom, seesei sɛ meba mo nkyɛn, na meka kasa foforo kyerɛ mo, na sɛ mankasa ankyerɛ mo wɔ oyikyerɛ+ anaa nimdeɛ+ anaa nkɔmhyɛ anaa ɔkyerɛkyerɛ mu a, mfaso bɛn na mubenya afi me hɔ?

7 Ɛte sɛ nneɛma a nkwa nnim a ɛwɔ nnyigyei, te sɛ atɛntɛbɛn anaa sanku. Sɛ nsonsonoe biara amma nnyigyei no mu a, ɛbɛyɛ dɛn na wobehu nea wɔrebɔ wɔ atɛntɛbɛn so ne nea wɔrebɔ wɔ sanku so? 8 Na sɛ torobɛnto no annyigye yiye a, hena na obesiesie ne ho akɔko? 9 Saa ara na mo nso, sɛ moamfa tɛkrɛma no anka asɛm a ntease wom a, ɛbɛyɛ dɛn na obi bɛte nea moreka no ase? Ɛbɛyɛ te sɛ nea morekasa gu mframa mu kwa. 10 Kasa ahorow ahorow pii na ebia ɛwɔ wiase, nanso emu biara wɔ nea ɛkyerɛ. 11 Na sɛ mente kasa no ase a, nea ɔrekasa no bebu me sɛ meyɛ ɔhɔho, na me nso mebu nea ɔrekasa no sɛ ɔyɛ ɔhɔho. 12 Saa ara na mo nso, esiane sɛ mopɛ honhom akyɛde no denneennen nti, akyɛde a ɛbɛma asafo no anya nkɔso no, mommɔ mmɔden sɛ mubenya ama aboro so.+

13 Enti ma nea ɔka kasa foforo no mmɔ mpae sɛ obetumi akyerɛ ase.+ 14 Na sɛ mede kasa foforo bi rebɔ mpae a, ɛyɛ honhom akyɛde a wɔde ama me no na ɛrebɔ mpae no, na m’adwene de, ɛnyɛ hwee. 15 Ɛnde dɛn na menyɛ? Mede honhom akyɛde no bɛbɔ mpae, na mede m’adwene nso abɔ mpae. Mede honhom akyɛde no bɛto dwom, na mede m’adwene nso ato dwom. 16 Anyɛ saa na wode honhom akyɛde no yi ayɛ a, ɛbɛyɛ dɛn na obi a ɔwɔ mo mu agye w’aseda mpaebɔ no so sɛ “Amen,” bere a onnim nea woreka no? 17 Ɛwom, woreda ase yiye de, nanso ɛnhyɛ onipa no den. 18 Meda Onyankopɔn ase sɛ meka kasa horow pii sen mo nyinaa. 19 Nanso asafo no mu de, anka mepɛ sɛ mede m’adwene* ka nsɛm anum sɛnea ɛbɛyɛ a metumi akyerɛkyerɛ* afoforo sen sɛ mɛka nsɛm mpem du wɔ kasa bi mu.+

20 Anuanom, monnyɛ mo ho sɛ mmofra wɔ ntease mu,+ na bɔne ho de, monyɛ mo ho sɛ mmofra;+ na monyɛ nnipa a wɔanyin yiye wɔ ntease mu.+ 21 Wɔakyerɛw wɔ Mmara no mu sɛ: “‘Mede ahɔho tɛkrɛma* ne ahɔho ano bɛkasa akyerɛ ɔman yi, nanso ɛno mpo wɔrentie me,’ Yehowa* na waka.”+ 22 Enti kasa horow yɛ sɛnkyerɛnne ma wɔn a wonnye nni, ɛnyɛ gyidifo.+ Na nkɔmhyɛ de, ɛyɛ gyidifo dea, ɛnyɛ wɔn a wonnye nni dea. 23 Enti sɛ asafo mũ no nyinaa behyia faako, na wɔn nyinaa ka kasa horow, na nnipa foforo anaasɛ wɔn a wonnye nni ba bi a, wɔrenka sɛ moabobɔ adam anaa? 24 Nanso sɛ mo nyinaa rehyɛ nkɔm, na sɛ obi a onnye nni anaasɛ onipa foforo ba bi a, mo nyinaa mo nsɛm no bɛkasa akyerɛ no, na ɛbɛma watɔ ne bo ase ahwehwɛ ne mu. 25 Ɛba saa a, ɛbɛma nea ɛwɔ ne komam ada adi, na ɔde n’anim bebutuw fam asom Onyankopɔn, na waka sɛ: “Onyankopɔn wɔ mo mu ampa.”+

26 Enti anuanom, dɛn na mobɛyɛ? Sɛ muhyiam a, obi wɔ dwom, obi wɔ nkyerɛkyerɛ, obi wɔ oyikyerɛ, obi wɔ kasa foforo, ɛnna obi nso wɔ nkyerɛase.+ Momma biribiara nyɛ nea ɛhyɛ den. 27 Na sɛ obi ka kasa foforo a, momma ɛnyɛ nnipa baanu, anaa aboro so ara, baasa. Wɔnka no nnidiso nnidiso, na ɛsɛ sɛ obi kyerɛ ase.+ 28 Na sɛ obi a ɔbɛkyerɛ ase nni hɔ a, ɛsɛ sɛ omua n’ano wɔ asafo no mu, na ɔkasa kyerɛ ne ho ne Onyankopɔn. 29 Momma adiyifo baanu anaa baasa+ nkasa, na momma wɔn a aka no nhu nea ɛkyerɛ. 30 Nanso sɛ obi foforo te hɔ na onya oyikyerɛ a, momma nea wadi kan rekasa no mmua n’ano. 31 Na mo nyinaa betumi ahyɛ nkɔm, oyi wie a, na oyi nso ahyɛ ne de, sɛnea ɛbɛyɛ a obiara besua biribi, na ahyɛ obiara nkuran.+ 32 Ɛsɛ sɛ adiyifo no hyɛ wɔn honhom akyɛde no so. 33 Efisɛ Onyankopɔn nyɛ sakasaka Nyankopɔn, na mmom ɔyɛ asomdwoe Nyankopɔn.+

Sɛnea ɛte wɔ akronkronfo asafo nyinaa mu no, 34 momma mmea mmua wɔn ano wɔ asafo no mu, efisɛ wonni hokwan sɛ wɔkasa.+ Mmom momma wɔmmrɛ wɔn ho ase,+ sɛnea Mmara no nso ka no. 35 Sɛ wɔpɛ sɛ wosua biribi a, wommisa wɔn kununom wɔ fie, efisɛ ɛyɛ aniwu sɛ ɔbea bɛkasa wɔ asafo no mu.

36 Mo mu na Onyankopɔn asɛm no fi bae anaa? Anaa mo nko ara na wɔde maa mo?

37 Sɛ obi susuw sɛ ɔyɛ odiyifo anaa ɔwɔ honhom akyɛde a, ɛsɛ sɛ ogye tom sɛ nea merekyerɛw mo yi yɛ Awurade ahyɛde. 38 Na sɛ obi annye eyi antom a, ɔno nso wɔrennye no ntom.* 39 Enti me nuanom, monyere mo ho sɛ mobɛhyɛ nkɔm,+ nanso ɛnsɛ sɛ mobara kasa foforo.+ 40 Na mmom momma biribiara nkɔ so fɛfɛɛfɛ, ne kwan so, ne kwan so.*+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena