Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/83 kr. 4
  • Asemmisa Afa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asemmisa Afa
  • Yɛn Ahenni Som—1983
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe Ɔfã 1: Adesua Sohwɛfo Asɛyɛde
    Yɛn Ahenni Som—1991
  • Asafo Nhoma Adesua ma Ɔkyerɛkyerɛ Dwumadi Ahorow Nya Nkɔso
    Yɛn Ahenni Som—1994
  • Yɛn Asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo a Yɛne no Bɛyɛ Biako
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Ahwɛfo a Wodi Anim—Asafo Nhoma Adesua So Ahwɛfo
    Yɛn Ahenni Som—1999
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1983
km 4/83 kr. 4

Asemmisa Afa

● Bere bɛn na ɛsɛ sɛ obi a ɔyɛ ɔboafo hwɛ Asafo Nhoma Adesua so?

Ɔboafo no betumi ahwɛ adesua no so bere a adesua sohwɛfo a wɔapaw no no nni hɔ. Ɛrenyɛ nea ɛfata sɛ ɔbɛhwɛ nhoma adesua no so nnakoro nnakoro bi sɛ nea ɔde resua yɛ. Adesua sohwɛfo a wɔde ahyɛ ne nsa no na ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔkyerɛkyerɛ kuw no na, sɛ ɔwɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ ɔyɛ saa gye sɛ tebea horow bi a wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. (Rom. 12:7) Mpɛn pii mpanyimfo na wɔpaw wɔn sɛ nhoma adesua so ahwɛfo efisɛ ɔkyerɛkyerɛ yɛ asɛyɛde a emu yɛ duru. (Yak. 3:1) Ɛnyɛ sɛ wobebisa asɛm no na wɔafrɛ nkurɔfo ma wɔama mmuae ara kwa. Nhumu ne osuahu a honhom mu mpanyimfo wɔ no ho betumi aba wɔn a wɔwɔ kuw no mu mfaso yiye na aboa wɔn ma wɔanya ntease atumi akyerɛkyerɛ nsɛm mu na wɔde nokware a wɔresua no adi dwuma wɔ wɔn asetra mu. Ɛwom, wobetumi de saa asɛyɛde yi ahyɛ asafo mu asomfo a wɔn ho akokwaw yiye nsa, sɛ mpanyimfo a wɔfata nni hɔ a.

Obi a ɔyɛ ɔboafo betumi asua akwan a etu mpɔn a wɔfa so kyerɛkyerɛ denam sɛnea nhoma adesua sohwɛfo a wɔapaw no no yɛ no a ɔbɛhwɛ no yiye no so. Obetumi anya ɔkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ denam ahosiesie pa ne Teokrase Ɔsom Sukuu kasa horow a ɔbɛma, afã a obenya wɔ Ɔsom Nhyiam mu ne denam ofie Bible adesua a ɔne ankorankoro ne mmusua bɛyɛ no so. Denam saa yɛ so no, ɔbɛyɛ obi a ɛne ho bɛba anuanom mfaso bere a wɔafrɛ no sɛ onsi adesua sohwɛfo a wɔapaw no no ananmu no. Afei nso, aboafo no betumi aboa kɛse wɔ kuw no mufo a wɔboa wɔn ano na wodi wɔn anim wɔ asɛnka adwuma mu no mu bere a adesua sohwɛfo no antumi anyɛ saa no.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena