Yɛn Ankasa Asɛyɛde Ho Dwuma A Yebedi
1 Ɛte sɛ nea asɛyɛde yɛ adesoa ma nnipa nnɛ. Nnipa pii bɔ mmɔden sɛ wɔbɛpow. Esiane eyi nti, okununom guan gyaw wɔn yerenom, ɛnanom gyaw wɔn mma hɔ, mmofra gyae sukuu, ɔmanfo ntua wɔn tow ahorow. Nneyɛe bɔne yi dɔɔso pii. Onipa a odi nokware no yɛ obi a wotumi de ho to no so, ɔwɔ ɔpɛ sɛ obeyi ne ho ano wɔ ne nneyɛe ho, na otumi yɛ saa nso. Enti, Onyankopɔn Asɛm ka kyerɛ Kristofo pefee sɛ: “Obiara bɛsoa n’ankasa n’adesoa.” (Gal. 6:5) Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ ɔmansin nhyiam no asɛmti ma 1992 ɔsom afe no ne “Yɛn Ankasa Asɛyɛde ho Dwuma a Yebedi“! Wɔde ɛho nsɛm a ɛho hia bɛma akyiri yi. Ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa hyɛ da yɛ nhyehyɛe kɔ.
2 Ɛdenam ɔkasa ahorow, ɔyɛkyerɛ, osuahu ahorow ne nsɛm a wobebisabisa anuanom so no, ɔmansin nhyiam dwumadi fɛfɛ yi bɛka asɛyɛde ahorow a yɛn nyinaa wɔ sɛ Kristofo no ho asɛm. Ɔkasa a ekura afã horow anan a ɛkyerɛkyerɛ sɛnea yɛn nyinaa de anigye bedi yɛn asɛyɛde ahorow ho dwuma mu nso ka dwumadi no ho. Yɛn mmofra no wɔ asɛyɛde a ɛsɛ sɛ wodi ho dwuma, na ɔkasa no mu biako bɛka wɔn ho asɛm titiriw. Sɛnea yɛyɛ daa no, afoforofo a woahyira wɔn ho so benya hokwan agye asubɔ. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔreyɛ nhyehyɛe ma wɔabɔ wɔn asu wɔ ɔmansin nhyiam no ase no nyinaa ma ɔhwɛfo guamtrani no di kan hu ntɛm na ama wɔatumi ayɛ ɛho nhyehyɛe.
3 Ɔkasa foforo a ekura afã horow anan a ɛbɛtwe adwene asi yɛn Kristofo asɛyɛde sɛ yɛnka asɛm so nso ka ho. Baguam ɔkasa no asɛmti nso ne “Onyankopɔn Wiase Foforo—Henanom na Wɔbɛfata sɛ Wɔkɔ Mu?” Kae sɛ wobɛto nsa afrɛ wɔn a wɔwɔ nokware anigye ankasa no ma wɔabetie ɔkasa yi.
4 Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yɛyɛ nhyehyɛe kɔ bi, na ama yɛanya ɔmansin nhyiam dwumadi fɛfɛ yi mu mfaso akosi ase. Mpanyimfo no bɛka ɛho asɛm nyinaa akyerɛ mo wɔ bere a ɛsɛ mu. Bɔ mmɔden denneennen sɛ wobɛkɔ bi.