Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/91 kr. 3-4
  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ
  • Yɛn Ahenni Som—1991
Yɛn Ahenni Som—1991
km 8/91 kr. 3-4

Teokrase Ɔsom Sukuu Sɔhwɛ

May 6 besi August 19, 1991 adapɛn no mu Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi sɔhwɛ a ɛnsɛ sɛ wɔhwɛ nhoma mu de yɛ. Bua nsemmisa no mu dodow biara a wubetumi wɔ bere a wɔde ama no mu wɔ krataa foforo so.

[Hyɛ no nsow: Wɔ sɔhwɛ no mu no, Bible no nkutoo na wubetumi de adi dwuma de abua nsemmisa biara. Afã horow a wɔdan adwene kɔ so a edidi nsemmisa no akyi no yɛ nea w’ankasa wode bɛyɛ nhwehwɛmu. Ebia Ɔwɛn-Aban no nkratafa ne ne nkyekyem nɔma ahorow no remma afã horow a wɔde dan adwene kɔ Ɔwɛn-Aban no so no nyinaa mu.]

Kyerɛ sɛ nsɛm a edidi so yi yɛ Ampa anaa Atoro:

1. Hebri Kyerɛwnsɛm no a Yesu ne Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no akyerɛwfo a honhom kaa wɔn no faa emu nsɛm kae no ne ade titiriw a ɛkyerɛ sɛ emu biara yɛ Bible mu nhoma ampa. [5, si kr. 300 nky. 9 (1983 de, kr. 299 nky. 9)]

2. Wɔkyerɛw mfitiase Hebri Kyerɛwnsɛm no fi 1513 A.Y.B. kosi 443 A.Y.B. akyi bere tiaa bi, nanso sɛnea wonim no, nea wodii kan kyerɛw yi mu biara nni hɔ mprempren. [7, si kr. 305 nky. 2 (kr 306 nky. 5)]

3. Ɛwom sɛ Hebri Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee bɛyɛ 6,000 na ɛwɔ hɔ nnɛ de, nanso emu biara nni hɔ a wɔkyerɛwee ansa na afeha a ɛto so du Y.B. reba. [7, si kr. 306 nky. 5 (kr. 305 nky. 5)]

4. Mfiase no, na din kronkron no pue wɔ Septuagint no mmeae pii. [8, si kr. 307 nky. 13 (kr. 306 nky. 13)]

5. Stefanus afeha a ɛto so 16 no Franse kasa mu Bible na edii kan kyekyɛɛ Bible mũ no nyinaa mu yɛɛ no ti ne nkyekyem ahorow a ɛwɔ hɔ mprempren no. [13, si kr. 318 nky. 19 (kr. 317 nky. 19)]

6. Ɛda adi sɛ bere a wobegyaa ɔsɛe mframa anan no mu no, na wɔasɔw honhom mu Israel ano awie koraa. Ɛwom sɛ emufo no bi bɛwɔ honam mu de, nanso na wɔanya wɔn dodow no nyinaa. (Adi. 7:3) [3, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ re kr. 116 nky. 9.]

7. Adiyisɛm 20:5a ka nnipa nyinaa owusɔre ho asɛm. [7, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ re kr. 290 nky. 15.]

8. Sɛnea Genesis 6:5, 6 ka no, bere bi bae a Onyankopɔn nuu ne ho sɛ wabɔ onipa. [9, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ g77 3/22 nkr. 27-8.]

9. Bere a Abraham (ne akyiri yi Sara) serew wɔ adwene a ɛne sɛ ɔbɛwo ɔbabanin wɔ ne nkokorabere mu ho no, na ɛnyɛ serew a ɛkyerɛ sɛ onnye nni. (Gen. 17:17) [13, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW89 7/1 kr. 21 nky. 15.]

10. Abraham hyɛɛ pintinn sɛ ɛnsɛ sɛ ne ba no ware Kanaani efisɛ na Kanaanfo no nsom Yehowa. (Gen. 24:1-4) [15, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW89 7/1 kr. 25 nky. 6.]

Bua nsɛm a edidi so yi:

11. Nkɛntɛnso bɛn na ɛsɛ sɛ Bible no sua ne Mmere Sodifo Kɛse, Yehowa nnwuma ho a yebedwen no nya wɔ yɛn so? [1, si kr. 287 nky. 15 (kr. 286 nky. 15)]

12. Na henanom ne kyerɛwfo anaasɛ Soferim no? [9, si kr. 310 nky. 17 (kr. 307 nky. 17)]

13. Dɛn ne codex? (nsaano nkyerɛwee a wɔayɛ no sɛ nhoma) [11, si kr. 315 nky. 5 (kr. 314 nky 5)]

14. Dɛn na ɛmaa Bible kyekyɛ nyaa nkɔanim pii fi afeha a ɛto so 19 mfiase? [15, si kr. 321 nky. 3 (kr. 319 nky. 3)]

15. Dɔm a wɔtete apɔnkɔ so a wɔka wɔn ho asɛm wɔ Adiyisɛm 9:16-19 no yɛ henanom ho mfonini? [3, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ re kr. 152 nky. 14, 15.]

16. Asɛm “wɔ adwenkoro” a ɛwɔ Adiyisɛm 17:13 no kyerɛ dɛn? [6, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ re kr. 255 nky. 13.]

17. Ɔkwan bɛn so na Eden Turo no mu ɔwɔ no kaa sɔhwɛ no ho asɛm kyerɛɛ Hawa? (Gen. 3:1) [8, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w84 9/1 kr. 31.]

18. Ɛsɛ sɛ yɛte asɛm a Onyankopɔn kae wɔ Genesis 9:5 sɛ ‘obegye mogya’ afi aboa a okum onipa bi nsam no ase dɛn? [10, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW76 kr. 94.]

19. Dɛn nti na Isak de Rebeka kyerɛe sɛ ne nuabea? (Gen. 26:9) [16, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w85 3/1 kr. 31 nky. 8.]

Fa nsɛmfua anaa nsɛm a ɛho hia na wode awie nsɛm a edidi so yi ma:

20. “Artasasta afe a ɛto so aduonu” no yɛ afe _________ (Neh. 2:1-8) [2, si kr. 291 nky. 18, 19 (kr. 290 nky. 18, 19)]

21. Asomafo no mu nea otwa to a owui bɛyɛ 100 Y.B. mu ne _________. [3, si kr. 293 nky. 29 (kr. 292 nky. 29)]

22. Wɔtaa frɛ nhoma ahorow a wogye tom sɛ ɛyɛ nokware ne Kyerɛwsɛm a efi honhom mu no sɛ Bible _________. [4, si kr. 299 nky. 5 (kr. 298 nky. 5)]

23. Na wɔfrɛ bere a efi bɛyɛ afeha a ɛto so anan A.Y.B. besi bɛyɛ afeha a ɛto so asia Y.B. no sɛ _________ anaa Hela kasa a obiara tumi ka bi bere. [11, si kr. 316 nky. 6 (kr. 314 nky. 6)]

24. Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no nsaano nkyerɛwee mpempem a ɛwɔ hɔ no mu nea akyɛ yiye ne _________ a ɛwɔ papiro asinasin so wɔ John Rylands Nhoma Korabea a ɛwɔ Manchester, England a ebia sɛ efi bɛyɛ afe 125 Y.B. mu no. [12, si kr. 316 nky. 11 (kr. 315 nky. 11)]

25. New World Translation no mu Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no yɛ _________ Hela nkyerɛw a wɔasiesie no no. [13, si kr. 318 nky. 22 (kr. 317 nky. 22)]

Paw mmuae a ɛteɛ no wɔ nsɛm a edidi so yi mu:

26. Wɔde Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nhoma a edi akyiri no kaa ho wɔ afeha a ɛto so (du; anum; abien) A.Y.B. mu. [5, si kr. 300 nky. 10 (kr. 299 nky. 10)]

27. Wɔyɛɛ Bible mu nhoma ahorow din a wɔahyehyɛ a edi kan a wɔfrɛ no Muratorian Fragment no wɔ afeha a ɛto so (abien; anum; awotwe) Y.B. mu. [6, si kr. 302 nky. 19 (kr. 301 nky. 19)]

28. New World Translation no mu Hebri Kyerɛwnsɛm no yɛ (Second Rabbinic Bible; C.D. Ginsburg master text; Kittel “Biblia Hebraica”) . [10, si kr. 312 nky. 28 (kr. 311 nky. 28)]

29. Wɔ 1902 mu no, Ɔwɛn Aban Asafo no bɛyɛɛ wɔn a wɔn nkutoo wɔ hokwan sɛ wotintim na wɔkyekyɛ (“The Emphatic Diaglott”; Berean Bible; American Standard Version) . [16, si kr. 323 nky. 10 kr. 322 nky. 10)]

30. Ɛda adi sɛ “ɔbɔfo hoɔdenfo” no yɛ (Gabriel; Satan; Yesu Kristo a wɔahyɛ no anuonyam) . (Adi. 10:1) [4, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ re kr. 155 nky. 3.]

Fa kyerɛw nsɛm a edidi so yi hyehyɛ nsɛm a ɛwɔ ase ha a ɛne no hyia no anim:

Gen. 15:1-4; Gen. 21:8-14; Gen. 22:17, 18; Adi. 1:10; Adi. 14:16

31. Wɔn a wotutu fam de hwehwɛ tete nneɛma ahu abopon a ɛkyerɛ sɛ amanne ahorow a ɛma nkoa tumi di awarefo a wonni mma ade no yɛ nokware. [12, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ w80 10/1 kr. 7.]

32. Efi 1919 reba no, Kristo Yesu ne n’abɔfo awie nkaefo no ano boaboa, na efi 1931-35 bere no mu no, wɔaboaboa nnipakuw kɛse no ano. [5, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ re kr. 212 nky. 23.]

33. Eyi yɛ sɛnea Abraham Ɔkɛseɛ no twaa ɔne honam fam Israel ntam abusuabɔ no mu esiane sɛ wɔpow Yesu Kristo a ɔyɛ Abraham nokware Aseni nti no ho mfonini. [14, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW89 7/1 kr. 21 nky 16.]

34. Yesu a wɔde no sii ahengua so sɛ ɔsoro Hene no na efii bere yi ase na ɛbɛba awiei bere a awiei koraa no, Yesu de Ahenni no hyɛ n’Agya Onyankopɔn nsa no. [1, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ re kr. 22 nky. 2.]

35. Eyi yɛ onipa biako apam. [14, Dapɛn biara Bible akenkan; hwɛ wTW89 2/1 kr. 11 nky. 8, 9.]

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena