Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 8/91 kr. 4
  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhumu So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nhumu So
  • Yɛn Ahenni Som—1991
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • NSƐM A WƆDE SIW NKƆMMƆBƆ KWAN HO DWUMA A YEBEDI
  • NEA YƐBƐYƐ WƆ ONIPA NO SU HO
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Nhumu Mu
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu​—Sɛnea Yebebua Wɔn a Wɔmpɛ sɛ Wotie Asɛm No
    Yɛn Ahenni Som—2014
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nsɛm a Wɔde Siw Nkɔmmɔbɔ Ho Kwan Ho Dwuma a Wodi So
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Asɛmpa a Wɔbɛka Akyerɛ—Denam Nkɔmmɔ a Yɛne Nkurɔfo Bɛbɔ So
    Yɛn Ahenni Som—1990
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—1991
km 8/91 kr. 4

Asɛmpa A Wɔbɛka Akyerɛ​—Denam Nhumu So

1 Abebusɛm bi a efi honhom mu no se: “Nea obu nhumu no, ohu papa.” (Mmeb. 19:8) Nyansa a ɛwɔ nsɛm yi mu no ada adi mpɛn pii wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, adawurubɔfo pii nam nhumu ne anifere so ama nsɛm a ebetumi asiw nkɔmmɔbɔ kwan no adan hokwan ahorow a wɔsan de di adanse. Anaasɛ anyɛ yiye koraa no, wɔato nhyɛase a wobegyina so adi adanse akyiri yi wɔ bere foforo bi mu. Yɛbɛyɛ dɛn atumi ayɛ saa?

NSƐM A WƆDE SIW NKƆMMƆBƆ KWAN HO DWUMA A YEBEDI

2 Yɛtaa hyia nnipa a wɔka sɛ. “Minni adagyew.” So ofiewura no nni adagyew ampa, anaa ɔreka saa kɛkɛ na amma yɛne no ammɔ nkɔmmɔ tenten? Nhumu ho hia. Sɛ ɛte sɛ nea ɔwɔ adagyew a, ebia yɛbɛbɔ mmɔden adi asɛm a ɔde siw nkɔmmɔbɔ kwan yi ho dwuma. Yebetumi aka sɛ “Ɛnde merenkyɛ.” Ɛno akyi no, yebetumi atwa nea yɛpɛ sɛ yɛbɔ ho nkɔmmɔ no tiaa bere a yɛma nhyehyɛe a yɛne no ayɛ sɛ yebetwa nkɔmmɔbɔ no so no tra yɛn adwenem no. Esiane ne ho a yebedwen ne nsɛm a ɛkanyan anigye a yɛbɛka no nti, ebia onipa no bɛkyerɛ mpo sɛ ɔpɛ sɛ yɛtoa nkɔmmɔbɔ no so saa bere no ara.

3 Fa no sɛ nea wokɔ ne nkyɛn no nni adagyew ampa, ewom sɛ yɛmpɛ sɛ wɔbɔ yɛn gu ntɛm ara de, nanso sɛ yɛhyɛ no anaa yɛde asɛm no puapua no a, ebia ɔrennya yɛn ho adwempa. Sɛ ofiewura bi kura aduannoa kankyee wɔ ne nsam, na yɛte aduan a wɔrenoa hua a, ɛda adi yiye sɛ onni adagyew ampa. Enti nhumu ne atɛmpa ho hia. Sɛ yɛtoa nkɔmmɔbɔ no so wɔ saa bere no mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ yennwen ne ho. Hwɛ papa ara a ɛbɛyɛ sɛ yɛbɛma ofiewura no kratawa bi na yɛakyerɛ sɛ yɛbɛsan aba akyiri yi. Eyi bɛma wanya yɛn ho adwempa kɛse, na ebia bere foforo a Ɔdansefo bi bɛkɔ ne nkyɛn no, obetumi adi no adanse fɛfɛ.

NEA YƐBƐYƐ WƆ ONIPA NO SU HO

4 Ɛtɔ da bi a, yehyia nnipa a wɔka nsɛm de twa yɛn asɛm no so bere a yɛkɔ wɔn nkyɛn wɔ asɛnka mu no. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ wɔ eyi mu? Mmebusɛm 17:27 tu fo sɛ: “Nea ne honhom dwo yɛ nhumu nipa.” Afotu pa bɛn ara ni! Ɛnne bɔkɔɔ a ɛkyerɛ sɛ wodwen onipa no ho no taa ma obi a ɔte saa no yɛ ade bɔkɔɔ. Afei nso, sɛ yebetumi de anifere ama wakyerɛ n’adwene wɔ asɛm bi a ɛho hia no ho a, ebia ɛremma ɔmpow nea yɛka no kɛse. Sɛ otwa nkɔmmɔbɔ no so mpo a, yɛn mmuae bɔkɔɔ no betumi ama wanya Yehowa Adansefo adwuma no ho adwempa kɛse. Ɛno bɛkyerɛ sɛ yɛayɛ biribi pa. Nokwarem no, sɛ ofiewura bi bo fuw a, ɛbɛyɛ papa asen biara sɛ yebefi hɔ komm akɔ, na ebia yɛabɔ mmɔden sɛ yebedi no adanse bere foforo.

5 Afei nnipa bi wɔ hɔ a ɛwom sɛ wogye akyinnye de, nanso ebia wɔwɔ koma pa. Wɔ tebea yi mu no, ebia ebegye boasetɔ ankasa na yɛne wɔn atoa nkɔmmɔbɔ so. Nanso, sɛ yɛda nhumu adi a, yɛrenya adwene ankasa sɛ ofiewura no ani nnye ho, esiane sɛ ɔka adwene a ɛne yɛn de nhyia ho asɛm denneennen ara kwa nti. Ebia yɛbɛpɛ sɛ yebisa anifere nsɛm de bɔ mmɔden sɛ yebehu nea enti a ogye nneɛma a ɛte saa no di, na afei yɛakyerɛ no nea Bible no ka wɔ asɛm no ho. (Mmeb. 20:5) Yebegyina nea ɔbɛyɛ wɔ ho no so atumi asi gyinae sɛ ebia mfaso wɔ so sɛ yɛbɛtoa nkɔmmɔbɔ no so anaa.

6 Ɔdawurubɔfo a ɔwɔ nhumu hu sɛ bere ne nsɛm tebea horow taa ma ofiewura bi su sesa wɔ Ahenni nkrasɛm no ho. Ebia nea ɔbɛyɛ wɔ ho bere foforo a yɛbɛkɔ ne nkyɛn no bɛyɛ soronko. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛannya adwene sɛ esiane sɛnea ofiewura no yɛɛ n’ade wɔ bere a etwa to a yɛkɔɔ hɔ no mu nti, ɔrentie.

7 Gyinae a yebesi sɛ ebia ɛsɛ sɛ yɛtoa nkɔmmɔbɔ bi so no nyɛ mmerɛw. Nanso, ɛdenam ɔkyerɛkyerɛ a yebesua so no, yebetu mpɔn kɛse wɔ asɛmpa no a yɛde nhumu bɛka no mu, bere a yɛde yɛn ho to Yehowa so na wahyira yɛn mmɔdenbɔ so no.​—1 Kor. 3:6; Tito 1:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena