Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma December: Yɛde Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu bɛka New World Translation ho. Nhoma ho ɔsatu titiriw no ɔsram a etwa to ni. Yɛrekae mpanyimfo sɛ wɔnhyehyɛ nhoma a wɔatew so no dodow a wɔde maa ɔsatu bere no mu wɔ kratasin titiriw a wɔde menaa asafo ahorow nyinaa no so na wɔmfa mmena Asafo ti no ansa na January 15, 1999 atwam. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintimii ansa na 1985 reba a mo asafo no wɔ bi. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de True Peace and Security—How Can You Find It? anaa Wubetumi Atra Ase Daa Wɔ Paradise Wɔ Asase So ama. February: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. March: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. Yɛbɛyere yɛn ho afi ofie Bible adesua ahorow ase.
◼ Monhwɛ sɛ mode afe asɛm foforo no bɛbɔ mo Ahenni Asa so ntɛm ara wɔ January 1. Wɔ asafo ahorow a wɔka Twi fam no, ɛsɛ sɛ wɔma afe asɛm no ne nea ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no hyia. Afe asɛm no ne: “Hwɛ, ɛnnɛ ne nkwagye da.”—2 Kor. 6:2.
◼ Bere a ɛsɛ sɛ wɔhyehyɛ “Medical Directive Card” ne “Identity Card” foforo no bɛso January 1. Ɛsɛ sɛ adawurubɔfo a wɔabɔ wɔn asu nyinaa hwɛ hu sɛ wɔahyehyɛ “Medical Directive Card” foforo ama wɔn ho ne “Identity Card” no foforo ama mmofra nkumaa biara a wɔwɔ.
◼ Yɛremmue Betel January 30, 1999. Yɛsrɛ sɛ monnkɔ hɔ.
◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a ɔbɛpaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu December 1 anaasɛ ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ bere a wɔaka sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ ho asɛm awie no.
◼ Afe 2000 Nkaedi no besi Wukuda, April 19, bere a owia akɔtɔ no.