Nya 1999 Teokrase Ɔsom Sukuu Dwumadi no Mu Mfaso
1 Na Yesu yɛ Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse. ‘Ne nkyerɛkyerɛ yɛɛ nkurɔfo ahodwiriw.’ (Marko 1:22) Ɛwom sɛ yɛn mu biara ntumi nkasa nkyerɛkyerɛ sɛ Yesu de, nanso yebetumi abɔ mmɔden asuasua no. (Aso. 4:13) Ne saa nti, yɛn ho a yɛde bɛhyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi mu no bɛboa yɛn ma yɛakɔ so atu mpɔn wɔ yɛn kasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu.
2 Wɔ 1999 mu no, Dwumadi a Edi Kan no begyina 1997 Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nsɛmma nhoma no mu nsɛm so titiriw. Sɛ yedi kan kenkan asɛm yi na afei yetie ho kasa wɔ sukuu dwumadi no mu a, ɛbɛma yɛate honhom fam nneɛma ase yiye. Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde saa ɔkyerɛkyerɛ kasa yi bɛma wɔn no ma ɔkasa no yiye wɔ anigye so ne ɔhyew mu. Dwumadi a Ɛto so 3 no begyina Abusua mu Anigye nhoma no so, na Dwumadi a Ɛto so 4 bɛfa Bible mu nnipa ho, ɛwom sɛ wobetumi asakra nea saa dwumadi ahorow yi begyina so no mu de. Ɛsɛ sɛ sukuu sohwɛfo no susuw asɛm no ho yiye ansa na ɔde ama. Ɛsɛ sɛ asuafo a wɔbɛma wɔn Abusua mu Anigye nhoma no mu ɔkasa no nyinaa yɛ nkurɔfo a wɔyɛ nhwɛso pa wɔ wɔn ankasa mmusua mu.
3 Fa Afotusɛm Di Dwuma, na Siesie Wo Ho Yiye: Obiara betumi anya nkɔso wɔ ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu. (1 Tim. 4:13) Enti, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ afotu, na ɛnsɛ sɛ yebu no sɛ biribi a ɛsɛ sɛ yɛkwati da. (Mmeb. 12:15; 19:20) Nokware no a yɛbɛda no adi wɔ ɔkwan a etu mpɔn so wɔ asafo nhyiam ahorow ase ne asɛnka adwuma mu no hwehwɛ pii sen nokwasɛm kɛkɛ a yɛbɛka, anaa kyerɛw nsɛm a yɛbɛkenkan ara kwa. Ehia sɛ yedu komam na yɛkanyan wɔn a wotie yɛn no. Yɛnam nokware no a yefi komam ka ho asɛm wɔ gyidi mu no so na ebetumi ayɛ eyi. (Fa toto Asomafo no Nnwuma 2:37 ho.) Afotu a yenya wɔ sukuu no mu no bɛboa yɛn ma yɛayɛ eyi.
4 Sɛ wo nsa ka dwumadi bi pɛ a, susuw ɔkasa su ahorow a ɛsɛ sɛ wudi ho dwuma a wɔakyerɛkyerɛ mu wɔ School Guidebook mu no ho. Susuw nea ɛsɛ sɛ woyɛ na ama woatumi adi afotu a wɔde ama wo dedaw no ho dwuma no ho. Dwennwen w’asɛmti, sɛnea wobɛhyehyɛ no, sɛ dwumadi no hwehwɛ sɛ wohyehyɛ a, ne sɛnea wode kyerɛw nsɛm a ɛwɔ wo dwumadi no mu bedi dwuma ho. Susuw sɛnea wode asɛm no bɛkyerɛkyerɛ na wode akanyan afoforo no ho.—1 Tim. 4:15, 16.
5 Sɛ wusuro sɛ wode wo din bɛhyɛ sukuu no mu a, bɔ ho mpae, na afei ka sɛnea wote nka no ho asɛm kyerɛ sukuu sohwɛfo no. Obiara betumi anya mfaso denam 1999 Teokrase Ɔsom Sukuu dwumadi no mu nsɛm a ɔde bedi dwuma akosi ase no so.