Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 5/99 kr. 2
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—1999
Yɛn Ahenni Som—1999
km 5/99 kr. 2

Asɛmmisa Afã

◼ Ahwɛyiye bɛn na ɛsɛ sɛ awofo yɛ bere a wɔn mma nkumaa nya asɛnka adwuma mu kyɛfa no?

Ɛyɛ ne kwan so sɛ Kristofo awofo de wɔn mma bɛka wɔn ho akɔ asɛnka, na wɔatete wɔn ama wɔaka Ahenni ho asɛmpa no akyerɛ afoforo. Bere a wɔreyɛ saa no, ɛho hia sɛ wɔma wɔn ani ku wɔn mma nkumaa no ho esiane asiane a wobetumi ahyia wɔ asasesin no mu, a baabi a “ɛhɔ nyɛ hu” mpo ka ho no nti. Esiane adifudepɛ ne nna mu ɔbrasɛe a ɛrenya nkɔso wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu nti, wɔyɛ mmofra pii basabasa na wosisi wɔn. (2 Tim. 3:1-5) Ehia sɛ awofo yɛ ahwɛyiye kɛse de bɔ wɔn mma nkumaa ho ban fi wɔn a wobetumi apira wɔn no nsam. Dɛn na wobetumi ayɛ?

Bible no fi nyansa mu tu fo sɛ ɛsɛ sɛ yɛyɛ ahwɛyiye na yedi kan susuw asiane a ebetumi aba ho. (Mmeb. 22:3; Mat. 10:16) Ɛnyɛ sɛ yɛpɛ sɛ yɛhyɛ mmara, na mmom nyansa wom sɛ ɔwofo anaa ɔpanyin bi ka abofra ho bere a ɔkɔ asɛnka no. Sɛ adawurubɔfo a wɔyɛ mmofra baanu a wɔn ho akokwaw yɛ adwuma bom a, ɛyɛ papa sɛ ɔwofo anaa ɔpanyin bi de n’ani di wɔn akyi bere nyinaa. Ɛwom, bere a abofra nyin na ne ho kokwaw kɛse no, awofo na wobetumi asi gyinae sɛ ebia enhia sɛ awofo de wɔn ani di n’akyi pii anaasɛ ehia sɛ wɔyɛ saa.—Hwɛ November 1992 Yɛn Ahenni Som Asɛmmisa Afã nso.

Afei nso nyansa wom sɛ bere nyinaa yɛbɛyɛ ahwɛyiye bere a yɛte kar mu rekɔ baabi foforo anaa yɛnam fam no. Mpɛn pii no, ahwɛyiye a ɛfata a yɛbɛyɛ no ma yɛkwati akwanhyia ahorow ne ɛyaw a ɛde ba a ɛyɛ awerɛhow, ɛka a wɔbɔ wɔ nnuru ho, ne ɛka a wɔbɔ wɔ asɛnnibea horow ho wɔ wiase a yɛte mu a mansotwe redɔɔso wom yi mu no.

Ɛfata sɛ mmofra ‘yi Yehowa din ayɛ.’ (Dw. 148:12, 13) Afoforo ani gye wɔn nsɛm a wotumi de twe nnipa ne suban pa a wɔda no adi wɔ asɛnka mu no ho paa, na ɛde anuonyamhyɛ brɛ Yehowa. Awofo, monyɛ nea mubetumi biara mfa mmoa mo mma ma wɔmfa wɔn ho nhyɛ asɛmpaka adwuma no mu daa bere a moayɛ krado nso sɛ mobɛbɔ wɔn ho ban afi asiane biara a ebetumi ato wɔn no ho no!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena