Nkaebɔ Ahorow
◼ Nhoma a yɛde bɛma May: Ɔwɛn-Aban ne Nyan kra! Ma anigyefo nsa nka Ahwehwɛde nhomawa no bi, na bɔ mmɔden sɛ wubefi ofie Bible adesua ase. June: Nimdeɛ a Ɛde Kɔ Daa Nkwa Mu. July ne August: Yebetumi de nhomawa a edidi so a ekura nkratafa 32 yi mu biara adi dwuma: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro No Di?, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Baabi a ɛfata no, yebetumi de Amansan Nhoma, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama.
◼ Osuahu Ahorow: So woanya mmoa a wɔde ma obi ma ogye Yehowa nkwagye da no tom ho osuahu a ɛyɛ anigye bi? (2 Kor. 6:2) Yɛ ntɛm kyerɛw ho asɛm ma mpanyimfo no na wɔmfa mmra baa dwumdibea. Sɛ wopɛ akwankyerɛ a ɛfa nea ɛsɛ sɛ woyɛ ho a, hwɛ May 1998 Yɛn Ahenni Som no kratafa 3.