Fa Yɛn Man Yi Mu Kasa Mu Nsɛmma Nhoma Di Dwuma!
1 Hwɛ anigye ara a ɛyɛ sɛ obi bedi honhom fam aduan wɔ n’ankasa kasa mu! Ɛno ara nti na bere bi a atwam no, wɔhyɛɛ yɛn nkuran sɛ yɛmfa yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma nni dwuma no.—Hwɛ Yɛn Ahenni Som September 1992, kratafa 3; November 1993, kratafa 7.
2 Dɛn na Nkurɔfo Ayɛ Wɔ Ho? Nea anuanom ayɛ wɔ ho no fata nkamfo, nanso yɛda so ara wɔ pii yɛ. Dɛn ntia? Yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma, titiriw Nyan! dodow a wogye no kɔ ara na ɛrekɔ fam. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛhwɛ adawurubɔfo a wɔka Twi no nyinaa dodow (44,065) na yɛde to Twi Ɔwɛn-Aban biara dodow a seesei wogye (34,200) no ho a, yehu sɛ Twi nsɛmma nhoma kakraa bi na wɔde ma nnipa a wɔnyɛ anuanom. Saa ara na ɛte wɔ Ga ne Ewe de no ho—Ga adawurubɔfo 5,158 gye nsɛmma nhoma biara 4,720, na Ewe adawurubɔfo 3,767 gye nsɛmma nhoma biara 3,286. Nea ɛkyerɛ ne sɛ anuanom pii gye yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma a wɔn ankasa de di dwuma wɔ nhyiam ahorow ase, nanso wɔmfa bi mma obiara a ɔnyɛ onua.
3 Wɔ 1978 mu a na yɛyɛ adawurubɔfo 22,000 wɔ Ghana no, na wogye Twi Nyan! no biara 23,800. Seesei a adawurubɔfo no boro 60,000 no, Twi akenkanfo no adɔɔso paa. Nanso, Twi Nyan! biara dodow a wogye no seesei no yɛ 7,300, na ɛkyerɛ sɛ ɛso atew koraa. Wofii ase tintim Ewe Nyan! no na ɛyɛ 4,700, nanso seesei ebiara dodow a wogye wɔ Ghana no yɛ 1,040. Ɛno nso so atew koraa.
4 Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wode Yɛn Man Yi Mu Kasa Mu Nsɛmma Nhoma Di Dwuma? Sɛ yɛfa Nyan! sɛ nhwɛso a, ɛde besi nnɛ no afiewuranom pii nnim sɛ yɛwɔ Ewe ne Twi de. Esiane sɛ yɛyɛ ofie Bible adesua dodow no ara fi yɛn man yi mu kasa mu nhoma ahorow mu nti, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛbɛhyɛ yɛn Bible asuafo nkuran ama wɔakenkan de atrɛw wɔn nimdeɛ mu. Woasusuw ho pɛn sɛ wode saafo no bɛyɛ nnipa a woma wɔn yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma daa?
5 Abusua adesua a wofi nsɛmma nhoma yi mu tẽẽ yɛ no boa efisɛ nkyerɛase biara ho nhia. Adesua no kɔ yɔɔ, na obiara tumi te asɛm no ase wɔ n’ankasa kasa mu. Ɛtɔ mmere bi a ɛyɛ den sɛ yɛbɛkyerɛ nsɛmfua, kasakoa ne nkurɔfo anom nsɛm ase afi Engiresi mu akɔ yɛn kasa mu. Sɛ nhoma no yɛ ɔman yi mu kasa mu de a, eyi saa ɔhaw no fi hɔ. Ɛboa nso ma yɛte yɛn kasa no yiye na yetumi ka ma ɛtɔ so yiye. Sɛ wɔn a wɔresua akenkan no de di dwuma a, ebetumi aboa ama wɔn akenkan atu mpɔn, na afei nso wɔn adwene mu abue wɔ nnipa asetra mu nsɛm foforo mu.
6 Esiane sɛ mfaso pii wɔ so sɛ yɛde yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma bedi dwuma nti, sɛ yennye bi dedaw a, ehia sɛ yɛyɛ nhyehyɛe gye bi. Yebetumi akra, titiriw Nyan! no bi nso ama yɛne yɛn mmofra a wonim akenkan no. Nea etwa to no, ehia sɛ yegye dodow bi a ɛsɛ na yɛakɔ so de honhom fam aduan a ɛma nkwa no ama wɔn a wɔsɛ.—Adi. 22:17.