Akwan a Wobɛfa so Atrɛw Wo Som Adwuma Mu
1 Bɛboro mfe 40 ni no, asɛm bi a wɔtoo din “So Woreyɛ Nea Wubetumi Nyinaa?” baa January 15, 1955, Engiresi Ɔwɛn-Aban mu. Efii ɔdɔ mu kyerɛɛ ɔkwan a Yehowa nkurɔfo betumi afa so ayere wɔn ho wɔ ɔsom adwuma no mu sɛ ankorankoro, na wɔde atrɛw wɔn Ahenni som adwuma no mu. Yebetumi de saa afotu pa no adi dwuma nnɛ nso, bere a yɛkɔ so yɛ bi ka ho no.
2 Ɛsɛ sɛ ahyɛde a ɛsen biara no na ɛkanyan yɛn som nyinaa: “Dɔ [Yehowa, NW] wo Nyankopɔn fi wo koma nyinaa mu ne wo kra nyinaa mu ne w’adwene nyinaa mu ne w’ahoɔden nyinaa mu.” (Marko 12:30) Sɛ yɛde hokwan ahorow a yɛwɔ no di dwuma de boa ma Ahenni adwuma kɔ so a, yɛkyerɛ sɛ ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no di mũ. Susuw akwan a edidi so yi a wubetumi afa so atrɛw wo som adwuma mu no ho hwɛ.
3 Di W’asɛyɛde Ho Dwuma: Anuanom a wɔahyira wɔn ho so betumi abɔ mmɔden afata sɛ asafo mu asomfo na akyiri yi wɔabɛyɛ mpanyimfo. September 1, 1990, Ɔwɛn-Aban mu nsɛm “So Worehwehwɛ Hwɛfodwuma?” ne “So Wofata sɛ Wosom?” no akanyan anuanom bebree ama wɔayere wɔn ho agye asafo mu asɛyɛde atom. Bisa w’asafo mu mpanyimfo na wɔmma wo nyansahyɛ pɔtee a ɛbɛma woatumi afata.
4 Wɔhyɛ mpanyimfo ne asafo mu asomfo a wɔyɛ asigyafo nkuran sɛ wonsusuw ho anibere so sɛ wɔbɛkyerɛw abisa Asomfo Ntetee Sukuu mu kwan. Wubetumi ahu sukuu yi ho nsɛm bere a wokenkan nhoma a wɔtwe adwene si so wɔ “Ministerial Training School” (Asomfo Ntetee Sukuu) afã wɔ Watch Tower Publications Index, 1986-1995, 1996, ne 1997 de no mu no. So wuhu sɛ wɔrebue ‘ɔpɔn kɛse a dwumadi wom’ ama wo? (1 Kor. 16:9a) Anuanom a wogye toom no pii ansusuw da sɛ ɛbɛma wɔanya ɔsom hokwan pii saa. Seesei wɔyɛ adwuma wɔ Betel anaasɛ wɔyɛ akwampaefo atitiriw, asɛmpatrɛwfo, anaa amansin so ahwɛfo.
5 Fa Wo Ho Hyɛ Bere Nyinaa Som Adwuma no Mu: Ɛsɛ sɛ mmofra a wɔawie ntoaso sukuu, ɔyerenom a wɔhwɛ fie, ne obiara a onyin ama wagyae adwuma no susuw akwampae adwuma ho denneennen. Kenkan krataa a ɛhyɛ July 1998 Yɛn Ahenni Som mu no, na wo ne akwampaefo a na wɔn nsɛm tebea te sɛ wo de no mmɔ ho nkɔmmɔ. Ebia ɛbɛka wo ma woatrɛw wo som adwuma mu abɛyɛ ɔkwampaefo sɛnea wɔreyɛ no ara. (1 Kor. 11:1) Dɛn na ehia na ama woatumi atrɛw wo dwumadi mu de nnɔnhwerew 70 ayɛ adwuma ɔsram biara sɛ daa ɔkwampaefo?
6 Seesei anuanom mmarima ne mmea bɛboro 17,000 na wɔyɛ adwuma wɔ Betel wɔ wiase nyinaa. (om-TW 116; w94-TW 6/15 28-31) Dɛn nti na wo ne wo mansin sohwɛfo mmɔ ho nkɔmmɔ nhwɛ sɛ ebia wubetumi afata hokwan soronko asom wɔ Betel a?
7 Som Wɔ Baabi a Mmoa Ho Hia Kɛse: So wote baabi a wɔyɛ asasesin no mu adwuma ntɛmntɛm anaa baabi a anuanom pii reyɛ ɔsom adwuma no wɔ hɔ? So woasusuw ho sɛ wobɛtrɛw wo som adwuma no mu denam baabi a mmoa ho hia kɛse a wubetu akɔ bere tiaa bi anaa wubetu akɔ hɔ korakora no so? Ebia wubetumi atu akɔ akuraa bi a ɛbɛn wo a wohia adwumayɛfo pii wɔ hɔ. (Mat. 9:37, 38) Ɛnsɛ sɛ woyɛ no ahopere so. Ɛfata sɛ wode mpaebɔ susuw ho. (Luka 14:28-30) Wo ne mpanyimfo no ne ɔmansin sohwɛfo nsusuw wo tebea no ho. Wɔne wo besusuw ho ahwɛ sɛ ebia nyansa wom sɛ wubetu akɔ seesei anaa ɛsɛ sɛ woyɛ saa nhyehyɛe no akyiri yi. Sɛ wopɛ sɛ wokyerɛw Asafo ti ma wɔkyerɛ wo baabi a wubetumi atu akɔ a, ɛsɛ sɛ woma Asafo Ɔsom Boayikuw no kyerɛw krataa de wɔn nsa hyɛ ase ka ho.
8 Ma Wo Som Adwuma Ntu Mpɔn: Ɛda adi sɛ yɛn nyinaa betumi anya ɔsom adwuma no mu kyɛfa akosi ase denam yɛn asɛnka adwuma a yɛbɛma atu mpɔn no so. Woreyɛ adwuma no afã nyinaa bi, a afie afie ne bɔnnɔ so adansedi ne afei sankɔhwɛ ne Bible adesua dwumadi no nyinaa ka ho? Sɛ woyɛ adesua a, so wubetumi ama wo nkyerɛkyerɛ atu mpɔn? Ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkenkan krataa a ɛhyɛ July 1996 Yɛn Ahenni Som mu no, na ama wo nyansahyɛ ahorow a wubetumi de akanyan w’asuafo ma wɔahyira wɔn ho so agye asubɔ.
9 Akwan a yebetumi afa so atrɛw yɛn som adwuma no mu ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri wɔ Nhyehyɛe a Wɔayɛ ma Yɛde Awie Yɛn Som Adwuma no ti 9. Akyinnye biara nni ho sɛ ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya ɔpɛ sɛ yɛbɛyɛ nea yebetumi biara wɔ Onyankopɔn som mu. Dɛn nti na wunsusuw wo honhom fam botae horow ho denneennen? Yɛ sɛnea 1 Timoteo 4:15 (NW) hyɛ nyansa no: “Dwennwen eyinom ho; ma ennye w’adwene, na ama wo nkɔso ada adi nnipa nyinaa anim.”