Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • kr ti 17 kr. 182-191
  • Ntetee a Wɔde Ma Ahenni no Asomfo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ntetee a Wɔde Ma Ahenni no Asomfo
  • Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Sɛnea Agya no Kyerɛɛ Me no, Ɛno Ara na Meka”
  • Wɔtete Asomfo Ma Wɔbɛyɛ Asɛmpakafo
  • Wɔtete Anuanom Mmarima Ma Asɛyɛde Atitiriw
  • Teokrase Sukuu Ahorow​—Ɛkyerɛ sɛ Yehowa Dɔ Yɛn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2012
  • So Woresua Nea Wubetumi Nyinaa Afi Yehowa Hɔ?
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Sukuu Bɛn na Wɔyɛ Ma Akwampaefo?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Asomfo Ntetee Sukuu—Ɔpon Kɛse A Emu Adwumayɛ Dɔɔso
    Yɛn Ahenni Som—2004
Hwɛ Pii Ka Ho
Onyankopɔn Ahenni Redi Tumi!
kr ti 17 kr. 182-191

TI 17

Ntetee a Wɔde Ma Ahenni no Asomfo

NEA TI YI KA HO ASƐM

Sɛnea teokrase sukuu ahorow no tete Ahenni no ho asomfo ma wotumi yɛ wɔn adwuma

1-3. Dɛn na Yesu yɛe de trɛw asɛnka adwuma no mu, na nsɛmmisa bɛn na ɛsɔre?

YESU de mfe abien kaa asɛm no wɔ Galilea nyinaa. (Monkenkan Mateo 9:​35-38.) Ɔkɔɔ nkurow ne nkuraa pii mu kɔkyerɛkyerɛe wɔ hyiadan mu kaa Ahenni no ho asɛmpa no. Baabiara a ɔkaa asɛm no, nnipakuw baa ne nkyɛn. Yesu kae sɛ, “otwa adwuma no sõ,” enti wohia adwumayɛfo pii.

2 Yesu yɛɛ nhyehyɛe a wɔde bɛtrɛw asɛnka adwuma no mu. Ɔkwan bɛn so? Ɔsomaa n’asomafo 12 no sɛ “wɔnkɔka Onyankopɔn ahenni ho asɛm” no. (Luka 9:​1, 2) Ebetumi aba sɛ na asomafo no wɔ nsɛm bi a na wɔpɛ sɛ wobisa fa ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ saa adwuma yi ho. Nanso, ansa na Yesu regyaw wɔn kwan ma wɔakɔ no, ofi ɔdɔ mu maa wɔn biribi a ne soro Agya no de ama no; ɛno ne ntetee.

3 Eyi ma nsɛmmisa bi ba yɛn adwene mu sɛ: Ntetee bɛn na Yesu nya fii n’Agya hɔ? Ntetee bɛn na Yesu de maa n’asomafo no? Na ɛnnɛ nso, so Mesia Ahenni no so Hene no atete n’akyidifo ma wɔreyɛ asɛnka adwuma no anaa? Sɛ wayɛ saa a, ɔkwan bɛn so?

“Sɛnea Agya no Kyerɛɛ Me no, Ɛno Ara na Meka”

4. Bere bɛn na Agya no kyerɛkyerɛɛ Yesu, na ɛhe na ɔkyerɛkyerɛɛ no?

4 Yesu kaa no pefee sɛ n’Agya na ɔkyerɛkyerɛɛ no. Bere a Yesu reyɛ ne som adwuma no, ɔkae sɛ: “Sɛnea Agya no kyerɛɛ me no, ɛno ara na meka.” ( Yoh. 8:​28) Bere bɛn na wɔkyerɛkyerɛɛ Yesu, na ɛhe na wɔkyerɛkyerɛɛ no? Ɛda adi sɛ bere a Onyankopɔn bɔɔ n’Abakan no ara pɛ na ofii ase kyerɛkyerɛɛ no. (Kol. 1:​15) Bere a Ɔba no wɔ n’Agya nkyɛn wɔ soro no, ɔde mfe pii tiee ne “Kyerɛkyerɛfo Kunini” no, na na ɔhwɛ nea ɔyɛ nyinaa. ( Yes. 30:​20) Ne saa nti, Ɔba no nyaa ntetee a edi mũ, na osuaa n’Agya no su ahorow, n’adwuma, ne n’atirimpɔw ho nneɛma pii.

5. Akwankyerɛ bɛn na Agya no de maa Ɔba no wɔ ɔsom adwuma a na ɔbɛyɛ wɔ asase so no ho?

5 Wɔ bere a ɛfata mu no, Yehowa kyerɛkyerɛɛ ne Ba no ma obehuu adwuma a na ɔrebɛyɛ wɔ asase so no. Momma yensusuw nkɔmhyɛ bi a ɛma yehu abusuabɔ a ɛda Ɔkyerɛkyerɛfo Kunini no ne n’Abakan no ntam no ho nhwɛ. (Monkenkan Yesaia 50:​4, 5.) Nkɔmhyɛ no ka sɛ, ná Yehowa nyan ne Ba no “anɔpa biara.” Asɛm no twe yɛn adwene si ɔkyerɛkyerɛfo a onyan sukuufo ntɛm anɔpa sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛkyerɛ wɔn ade no so. Nhoma bi a ɛkyerɛkyerɛ Bible mu ka sɛ: “Sɛ yɛbɛka a . . . ɛte sɛ nea Yehowa aso ne Ba no nsam de no rekɔ sukuu sɛnea wɔyɛ sukuufo mmofra no, na afei ɔkyerɛkyerɛ no sɛnea ɔbɛka asɛmpa no.” Yehowa kyerɛkyerɛɛ ne Ba no ‘nea ɛsɛ sɛ ɔka ankasa’ wɔ “sukuu” a ɔkɔe wɔ soro no mu. ( Yoh. 12:​49) Agya no san de akwankyerɛ maa ne Ba no ma ohuu ɔkwan a ɛsɛ sɛ ɔfa so kyerɛkyerɛ.a Bere a Yesu wɔ asase so no, ɔde ntetee a onyae no dii dwuma yiye de kaa asɛmpa no, na afei ɔtetee n’akyidifo no nso ma wohuu sɛnea wɔbɛka asɛm no.

6, 7. (a) Ntetee bɛn na Yesu de maa n’asomafo no, na ɛboaa wɔn ma wɔyɛɛ dɛn? (b) Ntetee bɛn na Yesu ahwɛ ama n’akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ anya?

6 Sɛnea yɛkaa ho asɛm wɔ saa ti yi mfiase no, ntetee bɛn na Yesu de maa n’asomafo no? Mateo ti 10 ma yehu sɛ ɔmaa wɔn asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ pɔtee a ebi ne: baabi a wɔbɛka asɛm no (nkyekyɛm 5, 6), asɛm a wɔbɛka (nkyekyɛm 7), sɛnea ɛho hia sɛ wɔde wɔn ho to Yehowa so (nkyekyɛm 9, 10), nea wɔkɔ ofie bi mu a ɛsɛ sɛ wɔyɛ (nkyekyɛm 11-13), nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ bere a wɔantie asɛm no (nkyekyɛm 14, 15), ne sɛnea sɛ wɔretaa wɔn a wɔbɛyɛ wɔn ade (nkyekyɛm 16-23).b Ntetee pa a Yesu de maa n’asomafo no boaa wɔn ma wotumi dii asɛmpaka adwuma no anim saa bere no.

7 Na ɛnnɛ nso ɛ? Yesu a ɔyɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene no de adwuma kɛse paa ahyɛ n’akyidifo nsa sɛ wɔnka ‘ahenni ho asɛmpa yi wɔ asase so nyinaa mfa nni amanaman nyinaa adanse.’ (Mat. 24:​14) So Ɔhene no atete yɛn wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma yɛatumi ayɛ adwuma a ɛho hia sen biara no? Nokwasɛm ne sɛ, wayɛ saa! Ɔhene no fi soro ahwɛ ama n’akyidifo anya ntetee a ɛbɛma wɔaka asɛm no akyerɛ wɔn a wonni asafo no mu ne sɛnea wobedi asɛyɛde ahorow a wɔde ama wɔn wɔ asafo no mu ho dwuma yiye.

Wɔtete Asomfo Ma Wɔbɛyɛ Asɛmpakafo

8, 9. (a) Ná dɛn ne Teokrase Ɔsom Sukuu no atirimpɔw ankasa? (b) Ɔkwan bɛn so na asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no aboa wo ma woatu mpɔn kɛse wɔ asɛnka mu?

8 Bere tenten ni a Yehowa ahyehyɛde no afa amansin nhyiam, amantam nhyiam, ne asafo nhyiam ahorow​—te sɛ Ɔsom Nhyiam​—so atete Onyankopɔn nkurɔfo ama asɛnka adwuma no. Nanso, efi afe 1940 mfe no mu no, anuanom a wodi asafo no anim a wɔwɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti no yɛɛ sukuu ahorow ho nhyehyɛe, na wɔnam so atete Onyankopɔn asomfo.

9 Teokrase Ɔsom Sukuu. Sɛnea yehui wɔ nhoma yi ti dunsia no, wofii sukuu yi ase wɔ afe 1943 mu. So atirimpɔw a na ɛwɔ sukuu no ho ara ne sɛ ɛbɛtete adesuafo ma wɔahu sɛnea wɔbɛma ɔkasa a etu mpɔn wɔ asafo nhyiam ase? Dabi. Atirimpɔw ankasa a ɛwɔ sukuu no ho ansesa; ɛne sɛ na ɛbɛtete Onyankopɔn nkurɔfo ma wɔde akyɛde a ɛne kasa ayi Yehowa ayɛ wɔ asɛnka mu. (Dw. 150:6) Sukuu yi boaa anuanom mmarima ne mmea a wɔde wɔn ho hyɛɛ mu no nyinaa ma wɔyɛɛ Ahenni no ho asomfo a wotu mpɔn. Seesei asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu so na wɔnam de ntetee a ɛte saa ma.

10, 11. Henanom na seesei wobetumi akɔ Gilead Sukuu no bi, na nneɛma a wosua no botae ne dɛn?

10 Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu. Sukuu a seesei wɔfrɛ no Ɔwɛn Aban Gilead Bible Sukuu no fii ase Dwoda, February 1, 1943. Mfiase no, na atirimpɔw a ɛwɔ sukuu no ho ne sɛ wɔde bɛtete akwampaefo ne afoforo a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu ma wɔakɔyɛ asɛmpatrɛwfo wɔ wiase nyinaa. Nanso, efi October 2011 no, wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma titiriw no mu dedaw​—akwampaefo titiriw, amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom, Betelfo, ne asɛmpatrɛwfo a wonnya nkɔɔ sukuu no bi​—nkutoo na wɔma wɔkɔ bi.

11 Dɛn ne nneɛma a wosua wɔ Gilead Sukuu no mu no atirimpɔw? Onua bi a ɔde mfe pii akyerɛ ade wɔ sukuu yi mu bua sɛ: “Ɛne sɛ ɛbɛboa adesuafo no ma wɔasua Onyankopɔn Asɛm no de ahyɛ wɔn gyidi den na aboa wɔn ma wɔanya Kristofo su ahorow a wobehia na ama wɔatumi agyina nsɛnnennen a wobehyia wɔ wɔn som adwuma mu no ano. Afei nso, atirimpɔw titiriw a ɛwɔ sukuu no ho ne sɛ ɛbɛkanyan adesuafo no ma wɔn ani agye asɛmpaka adwuma no ho kɛse.”​—Efe. 4:11.

12, 13. Ɔkwan bɛn so na Gilead Sukuu no aboa wiase nyinaa asɛnka adwuma no? Ma ɛho nhwɛso.

12 Ɔkwan bɛn so na Gilead Sukuu no aboa wiase nyinaa asɛmpaka adwuma no? Efi afe 1943 no, wɔnam sukuuc yi so atete anuanom bɛboro 8,500, na asɛmpatrɛwfo a wɔakɔ Gilead no asom wɔ aman bɛboro 170 so. Asɛmpatrɛwfo yi de nea wosua no yɛ adwuma, wɔde nsi yɛ asɛnka adwuma no na wɔtete afoforo ma wɔn nso yɛ saa ara. Mpɛn pii no, asɛmpatrɛwfo na wodi asɛnka adwuma no anim wɔ mmeae a Ahenni adawurubɔfo nnɔɔso anaa ebi nni hɔ koraa no.

13 Momma yensusuw nea esii wɔ Japan, baabi a na Wiase Ko II no ama asɛnka adwuma no akɔ fam koraa no ho nhwɛ. Eduu August 1949 no, na adawurubɔfo dodow a wɔwɔ Japan no nnu du. Nanso, saa afe no awiei no, asɛmpatrɛwfo 13 a wɔakɔ Gilead na na wɔreyɛ asɛnka adwuma no denneennen wɔ Japan. Akyiri yi, asɛmpatrɛwfo pii kɔkaa wɔn ho. Mfiase no, na nkurow akɛse mu nkutoo na wɔka asɛm no; akyiri yi, wɔkɔɔ nkurow foforo so. Asɛmpatrɛwfo no de anigye hyɛɛ wɔn asuafo ne afoforo nkuran sɛ wɔmfa wɔn ho nhyɛ akwampae adwuma no mu. Mmɔden a asɛmpatrɛwfo no bɔe no anyɛ ɔkwa. Ɛnnɛ, Ahenni adawurubɔfo bɛboro 216,000 na wɔwɔ Japan, na wɔn mu bɛyɛ ɔha mu nkyem 40 yɛ akwampaefo!d

14. Dɛn na teokrase sukuu ahorow no di ho adanse? (Hwɛ adaka a n’asɛmti ne “Sukuu a Wɔde Tete Ahenni no Asomfo” no nso.)

14 Teokrase sukuu afoforo. Akwampaefo Ɔsom Sukuu, Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo, ne Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo no boa wɔn a wɔkɔ bi no ma wonyin wɔ honhom fam, na wɔde nsi yɛ asɛmpaka adwuma no.e Saa teokrase sukuu ahorow yi nyinaa yɛ adanse a edi mũ a ɛkyerɛ sɛ Ɔhene no ama n’akyidifo afata sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛyɛ ɔsom adwuma no pɛpɛɛpɛ.​—2 Tim. 4:5.

Wɔtete Anuanom Mmarima Ma Asɛyɛde Atitiriw

15. Dɛn na mmarima a wɔwɔ ɔsom hokwan ahorow wɔ asafo no mu no pɛ sɛ wɔyɛ de suasua Yesu?

15 Momma yɛnkae nkɔm a Yesaia hyɛe a ɛka sɛ Onyankopɔn kyerɛkyerɛɛ Yesu no. Wɔ “sukuu” a Ɔba no kɔe wɔ soro no mu no, osuaa sɛnea ɔde ‘asɛm bebua nea wabrɛ.’ ( Yes. 50:4) Yesu de saa nkyerɛkyerɛ a onyae no yɛɛ adwuma; bere a ɔwɔ asase so no, ɔmaa wɔn a na ‘wɔabrɛ na wɔde nnesoa asoa wɔn’ no nyaa ɔhome. (Mat. 11:​28-30) Saa ara na ɛsɛ sɛ mmarima a wɔwɔ ɔsom hokwan ahorow wɔ asafo no mu no suasua Yesu na wɔma wɔn nuanom mmarima ne mmea nya ɔhome. Ɛno nti, wɔayɛ sukuu ahorow ho nhyehyɛe sɛnea ɛbɛboa anuanom mmarima a wɔfata ma wɔatumi asom wɔn mfɛfo gyidifo yiye.

16, 17. Dɛn ne Ahenni Som Sukuu no botae? (Hwɛ ase hɔ asɛm no nso.)

16 Ahenni Som Sukuu. Adesuakuw a edi kan no kɔɔ sukuu yi bi wɔ March 9, 1959, wɔ South Lansing, New York. Wɔtoo nsa frɛɛ amansin so ahwɛfo ne asafo asomfo (seesei wɔfrɛ wɔn mpanyimfo ntam nkitahodifo) ma wɔde ɔsram biako kɔɔ sukuu no. Bere bi akyi no, wɔkyerɛɛ nneɛma a na wosua no ase fi Borɔfo mu kɔɔ kasa afoforo mu, na afei wofii ase tetee anuanom mmarima wɔ sukuu yi mu wɔ wiase nyinaa.f

Lloyd Barry rekyerɛ ade wɔ Ahenni Som Sukuu wɔ Japan, 1970

Onua Lloyd Barry rekyerɛ ade wɔ Ahenni Som Sukuu wɔ Japan, 1970

17 Afe 1962 Yearbook of Jehovah’s Witnesses nhoma no kaa Ahenni Som Sukuu no botae ho asɛm sɛ: “Wɔ wiase a adagyew nnim koraa yi mu no, ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo a ɔwɔ Yehowa adansefo asafo mu yɛ ɔbarima a otumi toto nneɛma yiye wɔ n’asetenam sɛnea ɛbɛyɛ a obetumi de n’adwene asi asafo no muni biara so na ama asafo no mufo anya ne so mfaso. Bere koro no ara mu no, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ onua a asafo no nti obu n’ani gu n’ankasa abusua so, na mmom ɛsɛ sɛ ɔde adwenemtew yɛ adwuma. Hwɛ hokwan kɛse ara a Ahenni Som Sukuu no ama asafo asomfo a wɔwɔ wiase nyinaa anya de ahyiam agye ntetee a ɛbɛboa wɔn ma wɔayɛ adwuma a Bible ka sɛ ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo yɛ no!”​—1 Tim. 3:​1-7; Tito 1:​5-9.

18. Ɔkwan bɛn so na Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa nya Ahenni Som Sukuu no so mfaso?

18 Onyankopɔn nkurɔfo nyinaa anya Ahenni Som Sukuu no so mfaso. Ɔkwan bɛn so? Sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo de nea wɔasua wɔ sukuu no mu yɛ adwuma a, wɔma wɔn nuanom nya ɔhome sɛnea Yesu yɛe no. Sɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo a odwen afoforo ho ka asɛm a ɛyɛ dɛ, yɛ aso tie yɛn anaa ɔbɛsra yɛn a, so ɛmma yɛn ani nnye? (1 Tes. 5:​11) Mmarima a wɔte saa no yɛ nhyira ankasa ma asafo a wɔwom no!

19. Sukuu afoforo bɛn na Nkyerɛkyerɛ Boayikuw no hwɛ so, na dɛn nti na wɔyɛ saa sukuu ahorow no?

19 Teokrase sukuu afoforo. Nkyerɛkyerɛ Boayikuw a ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw no ase no hwɛ sukuu afoforo a wɔde tete anuanom a wɔwɔ hokwan ahorow wɔ ahyehyɛde no mu no so. Wɔayɛ saa sukuu ahorow no sɛ ɛmmoa anuanom a asɛyɛde hyehyɛ wɔn nsa​—asafo mu mpanyimfo, amansin so ahwɛfo, ne Baa Boayikuw mufo​—na ama wɔatumi ayɛ nnwuma pii a wɔde ahyɛ wɔn nsa no yiye. Nkyerɛkyerɛ a egyina Bible so no boa anuanom ma wɔkɔ so hyɛ wɔne Yehowa abusuabɔ mu den, na wɔde Kyerɛwnsɛm no mu nnyinasosɛm di dwuma bere a wɔrehwɛ Yehowa nguan a wɔsom bo a ɔde wɔn ahyɛ wɔn nsa so no.​—1 Pet. 5:​1-3.

Asomfo Ntetee Sukuu adesuakuw a edi kan wɔ Malawi

Asomfo Ntetee Sukuu adesuakuw a edi kan wɔ Malawi, 2007

20. Dɛn nti na Yesu tumi kae sɛ yɛn nyinaa yɛ nnipa a ‘Yehowa akyerɛkyerɛ’ wɔn, na dɛn na woasi wo bo sɛ wobɛyɛ?

20 Ɛda adi pefee sɛ, Mesia Ahenni no so Hene no ahwɛ ama wɔatete n’akyidifo yiye. Wɔde saa ntetee yi fi soro na ɛba fam: Yehowa tetee ne Ba no, na Ɔba no nso atete n’akyidifo. Ɛno nti na Yesu tumi kae sɛ yɛn nyinaa yɛ nnipa a ‘Yehowa akyerɛkyerɛ’ wɔn no. ( Yoh. 6:​45; Yes. 54:​13) Momma yennye ntetee a yɛn Hene no de rema yɛn no ntom. Afei nso, momma yɛnkae sɛ, saa ntetee yi nyinaa atirimpɔw paa ne sɛ ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ den wɔ honhom fam sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi ayɛ asɛnka adwuma no pɛpɛɛpɛ.

a Yɛyɛ dɛn hu sɛ Agya no tetee Ɔba no ma ohuu sɛnea ɔbɛkyerɛkyerɛ? Susuw eyi ho hwɛ: Mfatoho pii a Yesu de dii dwuma wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu no maa nkɔmhyɛ bi a wɔkyerɛwee mfe pii ansa na wɔrewo no no nyaa mmamu. (Dw. 78:2; Mat. 13:​34, 35) Ɛda adi sɛ saa nkɔmhyɛ no Kyerɛwfo, Yehowa, na ɔka too hɔ sɛ ne Ba no de mfatoho, anaa abebu na ɛbɛkyerɛkyerɛ.​—2 Tim. 3:​16, 17.

b Asram bi akyi no, Yesu “paw afoforo aduɔson somaa wɔn baanu baanu” ma wɔkɔkaa asɛm no. Ɔtetee wɔn nso.​—Luka 10:​1-16.

c Ebinom akɔ Gilead Sukuu yi bi bɛboro pɛnkoro.

d Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea asɛmpatrɛwfo a wɔanya ntetee wɔ Gilead no aboa ma asɛnka adwuma no akɔ so yiye wɔ wiase nyinaa ho nsɛm pii a, hwɛ Jehovah’s Witnesses​—Proclaimers of God’s Kingdom nhoma no ti 23.

e Wɔde Ahenni Asɛmpakafo Sukuu no abesi sukuu ahorow abien a etwa to no ananmu.

f Seesei mpanyimfo nyinaa nya hokwan kɔ Ahenni Som Sukuu a ɛsono bere tenten a wɔde yɛ emu biara wɔ mfe kakra ntam no bi. Efi afe 1984 no, asafo mu asomfo nso anya ntetee wɔ saa sukuu yi mu.

So Wugye Di sɛ Ahenni no Wɔ Hɔ Ampa?

  • Ntetee bɛn na Yesu nya fii n’Agya hɔ?

  • Ɔkwan bɛn so na Ɔhene no atete n’akyidifo ma wɔabɛyɛ asɛmpakafo?

  • Ntetee bɛn na wɔde ama anuanom mmarima a wɔfata na ama wɔatumi adi asɛyɛde ahorow a wɔde ahyɛ wɔn nsa no ho dwuma?

  • Dɛn na wobɛyɛ de akyerɛ sɛ w’ani sɔ ntetee a Ɔhene no de ama yɛn no?

SUKUU A WƆDE TETE AHENNI NO ASOMFO

KRISTOFO ABRABƆ NE YƐN ASƐNKA

Atirimpɔw: Wɔde tete adawurubɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no yiye.

Bere Tenten: Wɔyɛ no bere nyinaa.

Beae: Ahenni Asa so.

Wɔn a Wɔkɔ: Wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo no nyinaa a wogye Bible nkyerɛkyerɛ tom na wɔbɔ wɔn bra ma ɛne Kristofo gyinapɛn hyia no betumi de wɔn ho ahyem. Sɛ wopɛ sɛ wode wo ho hyem a, ka ho asɛm kyerɛ Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka sohwɛfo no.

Mfaso: Asafo nhyiam a yɛyɛ no nnawɔtwe no mu no ma yehu sɛnea yɛbɛyɛ nhwehwɛmu na yɛakasa ma atɔ asom. Bio nso, yesua sɛnea yebetie afoforo na yɛaboa wɔn ma wɔn nso abɛn Yehowa.

Arnie yɛ ɔhwɛfo kwantufo a ɔde mfe pii ayɛ adwuma yi. Ɔno nso kae sɛ: “Ná mepo dodow, enti sɛ me ne afoforo rekasa a na ɛyɛ den sɛ mɛhwɛ wɔn anim. Saa [asafo nhyiam] yi aboa me ma manya ahotoso. Yehowa nam sukuu yi so atete me ma masua sɛnea sɛ merekasa a mɛhome ne sɛnea mede m’adwene besi biribi so. Meda Onyankopɔn ase sɛ waboa me ma seesei mitumi kamfo no wɔ asafo no mu ne asɛnka mu.”

Ɔdawurubɔfo kumaa bi reyɛ ne Bible akenkan dwumadi wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu mu

SUKUU A WƆYƐ MA ASAFO MU MPANYIMFOg

Atirimpɔw: Ɛboa asafo mu mpanyimfo ma wonya Onyankopɔn asɛm mu nimdeɛ a emu dɔ, na ɛma wodi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma yiye wɔ asafo no mu.

Bere Tenten: Nnanum.

Beae: Baa dwumadibea no na ɛkyerɛ; wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa so.

Wɔn a Wɔkɔ: Baa dwumadibea no na ɛto nsa frɛ asafo mu mpanyimfo no.

Mfaso: Momma yɛnhwɛ nsɛm a wɔn a na wɔwɔ adesuakuw a ɛto so 92 wɔ Patterson, New York, U.S.A., no mu bi aka:

“Manya sukuu no so mfaso paa, na aboa me ma mahu sɛnea mete ankasa ne sɛnea metumi ahwɛ Yehowa nguan no.”

“Nea masua yi bɛboa me wɔ me nkwa nna nyinaa mu.”

AKWAMPAEFO ƆSOM SUKUU

Atirimpɔw: Ɛboa akwampaefo ma ‘wɔyɛ wɔn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.’​—2 Tim. 4:5.

Bere Tenten: Nnansia.

Beae: Baa dwumadibea no na esi ho gyinae; wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa so.

Wɔn a Wɔkɔ: Wɔn a wɔde afe biako anaa nea ɛboro saa ayɛ daa akwampae adwuma no nyinaa fata, na ɔmansin sohwɛfo no na ɔto nsa frɛ wɔn ma wɔkɔ sukuu no bi. Akwampaefo bi a wɔayɛ adwuma no akyɛ a mfe anum a atwam wɔnkɔɔ sukuu no bi no betumi asan akɔ bio.

Mfaso: Lily kae sɛ: “Sukuu no aboa me ma mitumi gyina nsɛnnennen a mihyia wɔ asɛnka ne m’asetena mu no ano. Sukuu no aboa ma mitumi sua ade yiye, ama me nkyerɛkyerɛ atu mpɔn, na mitumi de Bible di dwuma yiye. Seesei mitumi boa afoforo, meboa nhyehyɛe a mpanyimfo no yɛ, na meyɛ me fam de ma asafo no nya nkɔso.”

Brenda a wakɔ sukuu no mprenu no kae sɛ: “Sukuu no aboa ma mede m’adwene nyinaa si me som adwuma so kɛse, ama matete m’ahonim yiye, na mede m’adwene asi afoforo a mɛboa wɔn so. Nokwasɛm ni, Yehowa yam ye paa!”

SUKUU A WƆYƐ MA WƆN A WƆABA BETEL FOFORO

Atirimpɔw: Sukuu yi boa wɔn a wɔaba Betel foforo no ma wotumi som wɔ hɔ.

Bere Tenten: Da biara wɔde nnɔnhwerew nnan na ɛyɛ, na wɔyɛ no saa nnanan.

Beae: Betel.

Wɔn a Wɔkɔ: Betel abusua no mufo ankasa ne wɔn a wɔyɛ adwuma wɔ Betel bere tiaa bi mu (afe anaa nea ɛboro saa) nyinaa wɔ hokwan sɛ wɔkɔ bi.

Mfaso: Demetrius kɔɔ sukuu no bi wɔ afe 1980 mfe no mu. Ɔkae sɛ: “Sukuu no maa sɛnea misua ade tuu mpɔn, na ɛboaa me ma mihuu ɔkwan a metumi afa so atena Betel mfe pii. Akyerɛkyerɛfo no, nneɛma a yesuae, ne afotu a wɔde mae no ma mihui sɛ Yehowa dwen me ho, na ɔpɛ sɛ mesom no yiye wɔ Betel.”

AHENNI ASƐMPAKAFO SUKUUh

Atirimpɔw: Wɔde ntetee soronko ma wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma mu (awarefo, mmarima asigyafo, ne mmea asigyafo) sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa ne n’ahyehyɛde no betumi de wɔn adi dwuma yiye. Wɔde wɔn a wɔawie sukuu no mu dodow no ara bɛkɔ mmeae a mmoa ho hia kɛse wɔ wɔn ankasa man mu. Wobetumi ama ebinom a wonnya nnii mfe 50 no asom sɛ bere tiaa mu akwampaefo titiriw ma wɔakɔ nkuraase akɔboa ma adwuma no anya nkɔso.

Bere Tenten: Asram abien.

Beae: Baa dwumadibea no na ɛkyerɛ; wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa so.

Onuawa bi wɔ asɛnka mu

Anuanom mmarima ne mmea nya teokrase ntetee so mfaso

Wɔn a Wɔkɔ: Wɔn a wɔwɔ bere nyinaa som adwuma no mu a wɔadi mfe 23 kosi 65 a wɔwɔ apɔwmuden, na wɔn tebea bɛma wɔn kwan ma wɔakɔsom wɔ baabiara a wohia mmoa na wokura adwene sɛ “Mini, soma me” no, betumi akɔ bi. ( Yes. 6:8) Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔkɔ sukuu no bi nyinaa, anuanom mmarima ne mmea asigyafo, ne awarefo yɛ wɔn a wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no atoa so, anyɛ yiye koraa no, mfe abien. Sɛ wɔyɛ awarefo a, anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn a wɔaware mfe abien. Ɛsɛ sɛ anuanom mmarima no yɛ asafo mu mpanyimfo anaa asomfo a wɔasom atoam mfe abien. Sɛ wɔyɛ sukuu yi bi wɔ wo man mu a, wɔbɛyɛ nhyiam ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ bi no wɔ ɔmantam nhyiam ase na wɔde ɛho nsɛm ato wɔn anim.

Mfaso: Anuanom a wɔakɔ Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo ne Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo no bi no aka sukuu no ho nsɛm pii a ɛhyɛ nkuran. Wɔ afe 2013 no, Akwankyerɛ Kuw no penee so ma wɔkaa sukuu abien no boom ma seesei wɔfrɛ no Ahenni Asɛmpakafo Sukuu. Afei de, akwampaefo pii a wɔwɔ ahofama, a anuanom mmea asigyafo ka ho betumi akɔ sukuu yi bi.

ƆWƐN-ABAN GILEAD BIBLE SUKUU

Atirimpɔw: Wotumi ma wɔn a wɔawie sukuu no mu bi kɔsom wɔ Betel, anaa wɔkɔsom sɛ amansin so ahwɛfo, ne asɛmpatrɛwfo. Sɛ wɔn a wɔawie sukuu no de nea wɔasua no di dwuma yiye a, wɔboa ma asɛnka adwuma no ne adwuma a wɔyɛ wɔ Betel no kɔ so yiye.

Bere Tenten: Asram anum.

Beae: Watchtower Educational Center, Patterson, New York, U.S.A.

Gilead asuafo retie Gilead kyerɛkyerɛfo

Gilead adesuafo​—Patterson, New York

Wɔn a Wɔkɔ: Awarefo, mmarima asigyafo, ne mmea asigyafo a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma titiriw no bi dedaw. Baa Boayikuw no betumi ato nsa afrɛ asɛmpatrɛwfo a wonnya nkɔɔ Gilead sukuu no bi, akwampaefo titiriw, Betelfo, anaa amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom ma wɔahyehyɛ akwammisa krataa no bi. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobebisa hokwan no yɛ wɔn a wotumi ka Borɔfo na wɔkyerɛw.

Mfaso: Lade ne Monique a wɔyɛ awarefo a wofi United States a wɔde mfe pii ayɛ asɛmpatrɛw adwuma no na wɔkaa asɛm a edi so yi:

Lade kae sɛ: “Gilead sukuu no atete yɛn ma yetumi kɔyɛ adwuma wɔ wiase baabiara, na yetumi ne yɛn nuanom bom yɛ adwuma.”

Monique nso de kaa ho sɛ: “Sɛ mede nea masua afi Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ adwuma a, ɛma m’ani gye paa wɔ adwuma a mereyɛ no mu. Anigye a ɛte saa a minya no ma mihu sɛ Yehowa dɔ me.”

AHENNI SOM SUKUU

Atirimpɔw: Wɔde tete amansin so ahwɛfo ne asafo mu mpanyimfo ne asomfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ nguan no na wɔadi asɛyɛde ahorow a wɔwɔ wɔ ahyehyɛde no mu ho dwuma yiye. (Aso. 20:​28) Nneɛma a wosusuw ho wɔ sukuu no mu bi fa tebea anaa nsɛm a anuanom rehyia ne asafo ahorow no ahiade ho. Wɔyɛ saa sukuu yi mfe kakra ntam sɛnea Akwankyerɛ Kuw no bɛkyerɛ.

Bere Tenten: Nnansa yi, bere tenten a wɔde yɛ sukuu no akɔ so asesa.

Beae: Wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa so.

Wɔn a Wɔkɔ: Ɔmansin sohwɛfo na ɔto nsa frɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo a ɛsɛ sɛ wɔkɔ bi no. Baa dwumadibea no na ɛto nsa frɛ amansin so ahwɛfo.

Mfaso: “Yɛde bere tiaa bi na ɛyɛ sukuu no, nanso nneɛma pii wom na ɛhyɛ mpanyimfo den ma wɔkɔ so de anigye ne akokoduru yɛ wɔn adwuma wɔ Yehowa som mu. Ɛboa mpanyimfo a wɔyɛ foforo ne wɔn a wɔasom akyɛ ma wɔhwɛ nguan no yiye, na wɔde adwenkoro ne nsusuwii koro yɛ wɔn adwuma.”​—Quinn.

“Sukuu no boa yɛn ma yɛte nsɛm ase de hyɛ yɛn gyidi den, na ɛma yehu nneɛma a ebetumi asɛe yɛn gyidi. Afei ɛma yehu ɔkwampa a yɛbɛfa so ahwɛ nguan no.”​—Michael.

SUKUU A WƆYƐ MA AMANSIN SO AHWƐFO NE WƆN YERENOMi

Atirimpɔw: Ɛboa amansin so ahwɛfo ma wɔsom asafo ahorow no yiye, ɛma “wɔbɔ wɔn ho mmɔden wɔ ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu,” na wɔhwɛ anuanom a wɔhyɛ wɔn nsa no so yiye.​—1 Tim. 5:​17; 1 Pet. 5:​2, 3.

Bere Tenten: Ɔsram baako.

Beae: Baa dwumadibea no na ɛkyerɛ.

Wɔn a Wɔkɔ: Baa dwumadibea no na ɛto nsa frɛ amansin so ahwɛfo ne wɔn yerenom.

Mfaso: “Afei na yɛate ase paa sɛ Yesu ne ahyehyɛde no ti. Yɛahu sɛ, sɛ yɛkɔsra anuanom a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran na yɛboa ma biakoyɛ tena asafo biara mu. Sukuu no ma yehui sɛ, ɛwom sɛ ɔmansin so hwɛfo de afotu ma, na ɛtɔ bere bi mpo a ɔboa teɛteɛ nneɛma de, nanso ne botae paa ne sɛ ɔbɛma anuanom ahu sɛ Yehowa dɔ wɔn.”​—Joel ne Connie, adesuakuw a edi kan, 1999.

SUKUU A WƆYƐ MA BAA BOAYIKUW MUFO NE WƆN YERENOM

Atirimpɔw: Wɔde boa Baa Boayikuw mufo ma wotumi hwɛ Betel adwuma so yiye. Afei nso, ɛboa wɔn ma wɔhwɛ asafo ahorow no dwumadi ne amansin a ɛwɔ wɔn asasesin mu no so.​—Luka 12:​48b.

Bere Tenten: Asram abien.

Beae: Watchtower Educational Center, Patterson, New York, U.S.A.

Wɔn a Wɔkɔ: Ɔsom Boayikuw a ɛhyɛ Akwankyerɛ Kuw no ase no na ɛto nsa frɛ Baa Boayikuw anaa Ɔman Boayikuw mufo ne wɔn yerenom ma wɔkɔ bi.

Mfaso: Lowell ne Cara kɔɔ adesuakuw a ɛto so 25 no bi. Seesei wɔsom wɔ Nigeria.

Lowell kae sɛ: “Sukuu no kaee me sɛ, ɛmfa ho adwuma dodow a mereyɛ no, sɛ mepɛ sɛ mesɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ meyɛ nea ɔpɛ.”

Cara nso kaa asuade bi a onya fii sukuu no mu ho asɛm sɛ: “Sɛ merentumi nkyerɛkyerɛ biribi mu tiawa a, ɛnde na ɛsɛ sɛ misua ho ade yiye ansa na makyerɛkyerɛ afoforo.”

g Ɛnyɛ ɔman biara mu na wɔyɛ saa sukuu yi bi seesei.

h Ɛnyɛ ɔman biara mu na wɔyɛ saa sukuu yi bi seesei.

i Ɛnyɛ ɔman biara mu na wɔyɛ saa sukuu yi bi seesei.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena