Teokrase Ɔsom Sukuu
Atirimpɔw: Wɔde tete adawurubɔfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ayɛ asɛmpaka ne ɔkyerɛkyerɛ adwuma no yiye.
Bere Tenten: Wɔyɛ no bere nyinaa.
Beae a Wɔyɛ No: Ahenni Asa so.
Wɔn a Wɔfata sɛ Wɔkɔ Bi: Wɔn a wɔde wɔn ho abɔ asafo no nyinaa a wogye Bible nkyerɛkyerɛ tom na wɔbɔ wɔn bra ma ɛne Kristofo gyinapɛn hyia.
Ɔkwan a Wɔfa so De Wɔn Ho Hyem: Teokrase Ɔsom Sukuu sohwɛfo na ɔkyerɛw asuafo no din.
Sharon a yare bi abubu no kae sɛ: “Teokrase Ɔsom Sukuu no aboa me ma mahu sɛnea mɛyɛ nhwehwɛmu na makasa ma atɔ asom. Bio, masua sɛnea mɛboa afoforo nso ma wɔabɛn Yehowa.”
Arnie yɛ ɔhwɛfo kwantufo a ɔde mfe pii ayɛ adwuma yi. Ɔno nso kae sɛ: “Ná mepo dodow na na ɛyɛ den sɛ me ne nnipa rekasa a mɛhwɛ wɔn anim. Sukuu yi aboa me ma mahu sɛ me nso me ho hia. Yehowa nam sukuu yi so atete me ma masua sɛnea yɛhome ne sɛnea mede m’adwene besi dwumadi bi so. Meda Yehowa ase sɛ wɔaboa me ma seesei mitumi kamfo no wɔ asafo no ne asɛnka mu.”
Sukuu a Wɔyɛ Ma Wɔn a Wɔaba Betel Foforo
Atirimpɔw: Sukuu yi boa wɔn a wɔaba foforo no ma wotumi som wɔ Betel.
Bere Tenten: Dapɛn biara wɔde simma 45 na ɛyɛ; wɔyɛ saa adapɛn 16.
Beae a Wɔyɛ No: Betel.
Wɔn a Wɔfata sɛ Wɔkɔ Bi: Betel abusua no mufo ankasa anaa wɔn a wɔma wɔsom wɔ Betel bere tiaa bi, ebia afe anaa nea ɛboro saa.
Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Wɔn a wɔaba Betel foforo nyinaa wɔ hokwan sɛ wɔkɔ bi.
Demetrius kɔɔ sukuu no bi 1980 ne 1990 ntam hɔ baabi. Ɔkae sɛ: “Sukuu no boaa me ma mihuu sɛnea yesua ade yiye, na ɛboaa me ma mihuu sɛnea mɛtena Betel akyɛ. Sukuu no, akyerɛkyerɛfo, ne afotu a wɔde mae ma mihui sɛ Yehowa dwen me ho, na ɔpɛ sɛ mitumi som yiye wɔ Betel.”
Kaitlyn nso kae sɛ: “Sukuu no boaa me ma mede m’adwene sii ade a ɛho hia paa so, kyerɛ sɛ, sɛnea me ne Yehowa ntam bɛyɛ papa. Ama manya anisɔ ama Yehowa, ne fie, ne n’ahyehyɛde no.”
Ahenni Som Sukuu
Atirimpɔw: Wɔde tete ahwɛfo akwantufo ne asafo mu mpanyimfo anaa asomfo sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi ahwɛ nguan no yiye na wɔadi asɛyɛde ahorow a wɔwɔ wɔ ahyehyɛde no mu ho dwuma pɛpɛɛpɛ. (Aso. 20:28) Wɔhwɛ tebea anaa nsɛm a anuanom rehyia ne asafo no ahiade na wɔde aba sukuu no mu. Wɔyɛ sukuu yi bere ne bere mu sɛnea Akwankyerɛ Kuw no bɛkyerɛ.
Bere Tenten: Nnansa yi, wɔde nnanu anaa nnanu ne fã na ɛyɛ ahwɛfo akwantufo de, wɔde da koro ne fã na ɛyɛ asafo mu mpanyimfo de no, na asomfo no nso wɔde da koro na ɛyɛ wɔn de no.
Beae a Wɔyɛ No: Wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa so.
Wɔn a Wɔfata sɛ Wɔkɔ Bi: Ahwɛfo akwantufo, asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.
Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Ɔmansin sohwɛfo to nsa frɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo a ɛsɛ sɛ wɔkɔ bi nyinaa. Baa dwumadibea to nsa frɛ ahwɛfo akwantufo.
Quinn (a ɔwɔ ase ha) kae sɛ: “Yɛde bere tiaa bi na ɛyɛ sukuu no, nanso nneɛma pii wom na ɛhyɛ mpanyimfo den ma wɔkɔ so de anigye yɛ wɔn adwuma ‘sɛ mmarima’ wɔ Yehowa asafo no mu. Ɛboa mpanyimfo a wɔyɛ foforo ne wɔn a wɔasom akyɛ ma wɔhwɛ nguan no yiye, na ‘wɔde adwenkoro ne nsusuwii koro’ yɛ wɔn adwuma.”
Michael nso kae sɛ: “Sukuu no boa yɛn ma yɛte nsɛm ase de hyɛ yɛn gyidi den, na ɛma yehu nneɛma a ebetumi asɛe yɛn gyidi. Afei ɛma yehu ɔkwampa a yɛbɛfa so ahwɛ nguan no. Yɛda Yehowa ase wɔ n’ayamye ho.”
Akwampaefo Ɔsom Sukuu
Atirimpɔw: Ɛboa akwampaefo ma ‘wɔyɛ wɔn som adwuma no pɛpɛɛpɛ.’—2 Tim. 4:5.
Bere Tenten: Nnawɔtwe abien.
Beae a Wɔyɛ No: Baa dwumadibea no na esi ho gyinae; wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa so.
Wɔn a Wɔfata sɛ Wɔkɔ Bi: Wɔn a wɔde afe biako anaa nea ɛboro saa ayɛ daa akwampaefo.
Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Ɔmansin sohwɛfo to nsa frɛ akwampaefo a wɔfata ma wɔkɔ sukuu no bi.
Lily (a ɔwɔ nifa so) kae sɛ: “Sukuu no aboa me ma mitumi gyina nsɛnnennen a mihyia wɔ asɛnka adwuma no mu ne m’asetenam ano. Sukuu no aboa ma mutumi sua ade yiye, ama me nkyerɛkyerɛ atu mpɔn, na mitumi de Bible di dwuma yiye. Seesei mitumi boa afoforo, meboa nhyehyɛe a mpanyimfo no yɛ, na meyɛ me fam de ma asafo no nya nkɔso.”
Brenda akɔ sukuu no mprenu, na ɔkae sɛ: “Sukuu no aboa ma mede m’adwene nyinaa si me som so, na m’ahonim yɛ adwuma yiye. Mahu sɛ ehia paa sɛ meboa afoforo. Nokwasɛm ni, Yehowa adɔe sõ!”
Sukuu a Wɔyɛ Ma Asafo mu Mpanyimfo
Atirimpɔw: Ɛboa asafo mu mpanyimfo ma wodi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma wɔ asafo no mu, na ɛma wotumi som Yehowa yiye.
Bere Tenten: Nnanum.
Beae a Wɔyɛ No: Baa dwumadibea no na ɛkyerɛ; wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa so.
Wɔn a Wɔfata sɛ Wɔkɔ Bi: Asafo mu mpanyimfo.
Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Baa dwumadibea no na ɛto nsa frɛ asafo mu mpanyimfo no.
Hwɛ nsɛm a wɔn a na wɔwɔ adesuakuw a ɛto so 92 mu wɔ United States no bi kae:
“Sukuu no aboa me paa. Ama mahu sɛnea mete ankasa ne sɛnea mɛhwɛ Yehowa nguan no.”
“Seesei metumi de Bible mu nsɛntitiriw ahyɛ afoforo nkuran.”
“Nea masua yi bɛboa me me nkwa nna nyinaa.”
Sukuu a Wɔyɛ Ma Ahwɛfo Akwantufo ne Wɔn Yerenom
Atirimpɔw: Ɛboa amansin ne amantam so ahwɛfo ma wɔsom asafo ahorow no yiye bere a ‘wɔrebɔ wɔn ho mmɔden wɔ ɔkasa ne ɔkyerɛkyerɛ mu’ no.—1 Tim. 5:17; 1 Pet. 5:2, 3.
Bere Tenten: Asram abien.
Beae a Wɔyɛ No: Baa dwumadibea no na ɛkyerɛ.
Wɔn a Wɔfata sɛ Wɔkɔ Bi: Amansin anaa amantam so ahwɛfo.
Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Baa dwumadibea no na ɛto nsa frɛ ahwɛfo akwantufo ne wɔn yerenom.
Joel a ɔkɔɔ adesuakuw a edi kan no wɔ 1999 mu no kae sɛ: “Afei na yɛate ase paa sɛ Yesu ne ahyehyɛde no ti. Yɛahu sɛ, sɛ yɛkɔsra anuanom a, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ wɔn nkuran na yɛboa ma biakoyɛ tena asafo biara mu. Sukuu no ma yehui sɛ, ɔhwɛfo kwantufo tu fo na ɛtɔ bere bi mpo a ɔboa teɛteɛ nneɛma, nanso ne botae paa ne sɛ ɔbɛma anuanom ahu sɛ Yehowa dɔ wɔn.”
Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Anuanom Mmarima Asigyafo
Atirimpɔw: Esiesie asafo mu mpanyimfo ne asomfo a wɔnwaree ma wɔde asɛyɛde pii hyɛ wɔn nsa wɔ Yehowa ahyehyɛde no mu. Wɔn a wɔawie sukuu no mu dodow no ara nya dwumadi wɔ wɔn man mu; wɔde wɔn kɔ baabi a mmoa ho hia biara. Ebinom nso, sɛ wɔn tebea ma wɔn kwan a, wotumi ma wɔkɔ ɔman foforo so kɔboa. Wɔma ebinom nso yɛ bere tiaa mu akwampaefo titiriw. Wɔma saafo no kɔ nkuraase, baabi a asafo nni anaa adawurubɔfo nnɔɔso kɔboa adwuma no.
Bere Tenten: Asram abien.
Beae a Wɔyɛ No: Baa dwumadibea no na ɛkyerɛ; wɔtaa yɛ wɔ Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa so.
Wɔn a Wɔfata sɛ Wɔkɔ Bi: Anuanom mmarima a wɔnwaree a wɔadi fi mfe 23 kosi 62 a wɔte apɔw a wɔpɛ sɛ wɔkɔsom wɔ baabi a wohia mmoa. (Mar. 10:29, 30) Ansa na wɔbɛfrɛ wɔn no na wɔasom sɛ daa kwampaefo mfe abien anaa nea ɛboro saa. Bio nso ɛsɛ sɛ wɔyɛ anuanom a wɔde mfe abien asom atoam sɛ asafo mu mpanyimfo anaa asomfo.
Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Wɔne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ sukuu no bi no hyiam wɔ ɔmansin nhyiam ase de ho nsɛm pii ma wɔn.
Rick a owiee adesuakuw a ɛto so 23 wɔ United States no kae sɛ: “Bere a wɔde me nuu sukuu no mu puei no, mihui sɛ Yehowa honhom ayɛ me mu adwuma ankasa. Sɛ Yehowa ma wo adwuma a, na wama wo kahyire a wode bɛsoa. Mihui sɛ, sɛ mede nea mepɛ to nkyɛn yɛ Onyankopɔn apɛde a, ɔbɛhyɛ me den.”
Andreas a ɔsom wɔ Germany nso kae sɛ: “Mihui sɛ sɛnea Onyankopɔn ahyehyɛde no yɛ adwuma no boro adwene ne ntease so; ɛyɛ anwonwade ankasa. Sukuu no ahyɛ me mpamden ama adwuma a ɛda m’anim. Afei nso yesuaa nsɛm pii wɔ Bible mu a ɛma mihuu nokwasɛm yi: Sɛ mesom me nuanom ne Yehowa a, ɛma minya anigye a enni kabea.”
Bible Sukuu a Wɔyɛ Ma Kristofo Awarefo
Atirimpɔw: Wɔde ntetee soronko ma awarefo sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa betumi de wɔn adi dwuma yiye wɔ n’ahyehyɛde no mu. Sɛ wowie sukuu no a, wɔbɛma wɔn mu pii akɔsom wɔ baabi a wohia mmoa wɔ wɔn man mu. Ebia wɔbɛma ebinom akɔsom wɔ ɔman foforo so, sɛ wɔn tebea ma wɔn kwan a. Wɔbɛma ebinom nso ayɛ bere tiaa mu akwampaefo titiriw. Wɔbɛma saafo no akɔ nkuraase, baabi a asafo nni anaa adawurubɔfo nnɔɔso akɔboa adwuma no.
Bere Tenten: Asram abien.
Beae a Wɔyɛ No: Seesei wɔyɛ sukuu yi wɔ United States, na efi September 2012 rekɔ no, wɔbɛyɛ bi nso wɔ aman bi so wɔ wiase nyinaa. Wɔyɛ wɔ Ahenni Asa anaa Nhyiam Asa so.
Wɔn a Wɔfata sɛ Wɔkɔ Bi: Awarefo a wɔadi mfe 25 kosi 50 a wɔte apɔw na wɔn tebea bɛma wɔakɔsom wɔ baabi a wohia mmoa. Adwene a saafo no kura ni: “Mini, soma me.” (Yes. 6:8) Ansa na wɔbɛfrɛ wɔn no, na wɔaware mfe abien anaa nea ɛboro saa. Afei nso ɛsɛ sɛ wɔayɛ bere nyinaa som adwuma no atoam mfe abien. Ɛsɛ sɛ ɔbarima no yɛ asafo mu panyin anaa ɔsomfo a wasom atoam mfe abien.
Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Wohyia wɔn a wɔpɛ sɛ wɔkɔ sukuu no bi no wɔ ɔmantam nhyiam ase, na wɔde ho nsɛm pii ma wɔn. Sɛ wɔnyɛ nhyiam yi bi wɔ ɔmantam nhyiam ase wɔ wo man mu na wopɛ sɛ wokɔ sukuu yi bi a, wubetumi akyerɛw baa dwumadibea no abisa ho asɛm.
Eric ne Corina (a wɔwɔ nifa so) kɔɔ sukuu yi nea edi kan koraa wɔ 2011 mu. Wɔkae sɛ: “Yebehui sɛ dapɛn awotwe tumi sesa nnipa koraa, na ebue kwan kɛse ma awarefo a wɔpɛ sɛ wɔyɛ pii wɔ Yehowa som mu. Yɛasi yɛn bo sɛ yebetwitwa nneɛma so ma yɛn asetena ayɛ wɛ na yɛatumi anya bere ayɛ nneɛma a ɛho hia.”
Ɔwɛn-Aban Gilead Bible Sukuu
Atirimpɔw: Wɔde tete sukuufo no ma ebinom kɔsom sɛ asɛmpatrɛwfo wɔ nkurow akɛse mu, ebinom som sɛ ahwɛfo akwantufo, na afoforo nso kɔsom wɔ Betel. Botae no ne sɛ wɔbɛhyɛ anuanom den ma wɔn ase atim. Afei wɔn a wɔakɔ bi no boa ma nneɛma kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ Betel.
Bere Tenten: Asram anum.
Beae a Wɔyɛ No: Watchtower Educational Center, Patterson, New York, U.S.A.
Wɔn a Wɔfata sɛ Wɔkɔ Bi: Awarefo a wɔreyɛ bere nyinaa som adwuma no—asɛmpatrɛwfo a wonnya nkɔɔ sukuu no bi, akwampaefo titiriw, ahwɛfo akwantufo, anaa Betelfo. Ansa na wɔbɛfrɛ wɔn no na wɔn baanu nyinaa ayɛ bere nyinaa som adwuma no atoam mfe abiɛsa anaa nea ɛboro saa. Ɛsɛ sɛ wotumi ka Borɔfo kyerɛw, na wɔkenkan no yiye.
Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Baa Boayikuw no na wɔma awarefo a wɔfata kɔ sukuu no bi.
Seesei Lade ne Monique a wofi United States som wɔ Afrika. Lade ka sɛ: “Gilead sukuu no atete yɛn ma yebetumi akɔyɛ adwuma wɔ wiase baabiara, ahyɛ yɛn den ma yetumi ne yɛn nuanom bom yɛ adwuma.”
Monique nso ka sɛ: “Sɛ mede nea masua afi Onyankopɔn Asɛm mu no yɛ adwuma a, m’ani gye paa wɔ nea wɔde ahyɛ me nsa mu. Anigye a ɛte saa da no adi sɛ Yehowa dɔ me.”
Sukuu a Wɔyɛ Ma Baa Boayikuw Mufo ne Wɔn Yerenom
Atirimpɔw: Wɔde boa Baa Boayikuw mufo ma wotumi hwɛ Betel adwuma so yiye. Wɔhwɛ asafo ahorow no dwumadi so, na wɔhwɛ amansin ne amantam a ɛwɔ wɔn asasesin mu no so. Bio nso wosua nsɛm asekyerɛ, nhoma tintim, ne nhoma a wɔde mena ho nsɛm.
Bere Tenten: Asram abien.
Beae a Wɔyɛ No: Watchtower Educational Center, Patterson, New York, U.S.A.
Wɔn a Wɔfata sɛ Wɔkɔ Bi: Baa Boayikuw anaa Ɔman Boayikuw mufo anaa obi a wɔrebɛpaw no ma wasom saa.
Ɔkwan a Wɔfa so Kɔ Bi: Akwankyerɛ Kuw no na ɛto nsa frɛ anuanom mmarima ne wɔn yerenom ma wɔkɔ bi.
Lowell ne Cara a wɔkɔɔ adesuakuw a ɛto so 25 som wɔ Nigeria. Lowell ka sɛ: “Sukuu no kae me sɛ adwuma a meyɛ anaa nneɛma dodow a egu me so biara no, sɛ mepɛ sɛ mesɔ Yehowa ani a, ɛsɛ sɛ meyɛ nea ɔpɛ. Sukuu no sii so dua sɛ sɛnea Yehowa dɔ ne nkoa no, saa ara na ɛsɛ sɛ me nso me ne afoforo di.”
Cara nso ka sɛ: “Asɛm biako a daa midwen ho ni: Sɛ merentumi nkyerɛkyerɛ biribi mu tiawa mma obi nte ase a, ɛnde na ɛsɛ sɛ misua ho nsɛm pii ansa na mayɛ m’adwene sɛ mɛkyerɛ obi.”