Asomfo Ntetee Sukuu—Ɔpon Kɛse A Emu Adwumayɛ Dɔɔso
1 Yehowa nam odiyifo Yeremia so ka too hɔ sɛ: ‘Mesisi me nkurɔfo so ahwɛfo na wɔahwɛ wɔn, na wɔrensuro bio, na wɔn koma rentu, na wɔn mu bi renka anaa wɔrenyera.’ (Yer. 23:4) Ɛnnɛ, wɔreyɛ saa nguanhwɛ adwuma yi wɔ nnipa a wofi amanaman nyinaa mu. Asafo mu mpanyimfo mpempem pii na wɔreyɛ eyi. Eyinom akyi no, mmerante asafo a wɔte sɛ obosu atu wɔn ho ama resom Yehowa. (Dw. 110:3) Nokwarem ni, saa anuanom ahobrɛasefo yi yɛ nhyira kɛse ma Onyankopɔn nkurɔfo! Bere a anoboaboa adwuma yi rekɔ so no, ɛho da so ara hia sɛ mmarima a wɔfata tu wɔn ho ma som wɔn nuanom.
2 Nhyehyɛe pa a wɔnam so tete mpanyimfo ne asomfo a wɔnwaree de asɛde pii hyehyɛ wɔn nsa ne Asomfo Ntetee Sukuu no. Asuafo bɛboro 22,000 a wofi aman bɛyɛ 140 mu na wɔanya ntetee yi wɔ sukuu no adesuakuw ahorow 999 a wɔayɛ fi bere a wɔhyɛɛ ase 1987 mu no. Wɔ saa anuanom yi fam no, sukuu no abɛyɛ ‘ɔpon kɛse a emu adwumayɛ dɔɔso’ ampa.—1 Kor. 16:9.
3 Sukuu no Atirimpɔw: Asomfo Ntetee Sukuu no botae ne sɛ ɛbɛtete mmarima a wɔfata ma wɔatumi adi dwuma ahorow wɔ ahyehyɛde no fã biara a ehia mu. Sukuu no ma wotu mpɔn wɔ sɛnea wodi asɛmpaka adwuma no anim, hwɛ nguan no so, san kyerɛkyerɛ wɔ asafo no mu. Wowie sukuu no a, wɔma asuafo no bi kɔyɛ akwampaefo atitiriw anaa ahwɛfo akwantufo wɔ wɔn man mu anaa amannɔne. Wɔma afoforo nso kɔsom wɔ wɔn asafo mu anaa mmeae a mmoa ho hia kɛse wɔ wɔn man mu.
4 Wɔ sukuu a wɔde adapɛn awotwe yɛ yi mu no, adesuafo no sua Bible no yiye paa. Wɔtɔ wɔn bo ase hwehwɛ Bible nkyerɛkyerɛ ahorow, nguanhwɛfo asɛde ahorow ne akwankyerɛ a wɔde bedi Kristofo asetra mu nsɛnnennen ho dwuma mu. Afei nso wosua nea Kyerɛwnsɛm no kyerɛ fa nneɛma sohwɛ, asenni, ne ahyehyɛde no ho nsɛm ho. Wɔde baguam ɔkasa ho ntetee soronko ma wɔn na wofi ɔdɔ mu boa wɔn ma wonya honhom mu nkɔso.
5 Ahwehwɛde: Ntease wom sɛ nea wɔhwehwɛ wɔ obi ho ansa na wafata sɛ ɔbɛkɔ sukuu no korɔn. Anyɛ yiye koraa no, ɛsɛ sɛ wɔn a wobisa hokwan no de mfe mmienu atoa so asom sɛ mpanyinfo anaa asafo mu asomfo. Ɛsɛ sɛ wɔn nyinaa yɛ ahokwafo a wɔadi fi mfe 23 kosi 50. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobisa kwan no tumi kenkan ade, wonim akyerɛw na wɔka kasa a wɔde yɛ sukuu no yiye. Saa ara nso na ehia sɛ wɔwɔ ahoɔden a wonhia ayarehwɛ anaa aduan soronko bi. Wɔtaa pɛ wɔn a wɔyɛ daa akwampaefo.
6 Ɛsɛ sɛ wɔn a wɔde wɔn ho ma no fi wɔn pɛ mu siesie wɔn ho sɛ wɔbɛsom baabiara a wobehia wɔn. Sɛ wobetumi ayɛ eyi a, wohia adwene a na Yesaia wɔ a enti ɔde ne ho mae ntɛm so sɛ ɔbɛyɛ adwuma titiriw bi no. Ɔkae sɛ: “Mini, soma me!” (Yes. 6:8) Yesaia asetra mu nyinaa, ɔbrɛɛ ne ho ase. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobisa Asomfo Ntetee Sukuu yi hokwan no ma ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn nuanom ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom wɔn no kanyan wɔn sen sɛ wɔbɛhwehwɛ dibea anaa mpanyinni. Wɔhwɛ kwan sɛ adesuafo no de ntetee pa a wobenya sɛɛ no bɛyɛ adwuma de aboa afoforo.—Luka 12:48.
7 Ɛso Mfaso: Wɔ dapɛn awotwe a wɔde sua ade paa yi mu no, ‘wɔde gyidi ne kyerɛ pa no mu nsɛm yɛn adesuafo no.’ (1 Timoteo 4:6) Eyi siesie wɔn ma wɔboa afoforo a wɔwɔ wɔn asafo ahorow ne amansin mu no hyɛ wɔn nkuran. Wɔ mmeae pii a wɔde adesuafo a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu yi akɔ no, asɛnka adwuma anya nkɔso; wɔahyɛ mmabun titiriw nkuran ma wɔayɛ akwampae adwuma; na wɔde mmoa a ɛfata rema afoforo pii a wɔreba Onyankopɔn asafo mu no.
8 Woyɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo a wonwaree a woadi fi mfe 23 kosi 50? Adɛn na wummisa Asomfo Ntetee Sukuu no ho kwan? Woyɛ onua aberante a woredwen wo daakye wɔ Yehowa som mu ho? Dɛn nti na wonyɛ wo ho awiɛmfoɔ nkwati akɛsesɛm ne nneɛma a ɛtwetwe adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahyɛn ‘ɔpon kɛse a emu adwumayɛ dɔɔso’ yi mu? Ebetumi ama woanya anigye ne akomatɔyam kɛse. Ampa ara, Asomfo Ntetee Sukuu no so aba mfaso ama adesuafo a wɔawie sukuu no ne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no.
[Kratafa 3 adaka]
Sɛnea Wonyaa Ntetee No So Mfaso
“Ntetee no ama matu mpɔn yiye wɔ me som adwuma mu ne sɛnea mifi Kyerɛwsɛm no mu de nyansa hwɛ nguan so no.”
“Sukuu no ama mede ahotoso kɛse yɛ m’asɛde ahorow wɔ asafo no mu.”
“Ama m’abrabɔ ne sɛnea na me te nka wɔ teokrase ne Onyankopɔn ahyehyɛde ho no asesa koraa.”
“Ntetee a minyae no ama mahu sɛ ehia sɛ mitu me ho ma na mekɔsom baabi a mmoa ho hia no.”