Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkaebɔ Ahorow
    Ahenni Som—1993 | November
    • Nkaebɔ Ahorow

      ◼ Nhoma a yɛde bɛma November: New World Translation of the Holy Scriptures ne The Bible—God’s Word or Man’s? nhoma no. December: Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn. January: Nhoma biara a ekura nkratafa 192 a wotintim no wɔ krataa a etumi dodow anaa ɛpa so anaa nea wotintimii ansa na 1980 reba biara. Asafo ahorow a wonni saa nhoma no bi no betumi de Mankind’s Search for God ama. February: Wubetumi Atra Ase Daa wɔ Paradise wɔ Asase So. MONHYƐ NO NSOW: Asafo ahorow a wobehia atifi hɔ ɔsatu nhoma ahorow no mfa ɔsram biara “Literature Order Form” (S-14) a edi hɔ no nkra bi.

      ◼ Yɛwɔ Sing Praises to Jehovah kasɛt ahorow 113 a ɛhyehyɛ album 5 mu pii wɔ baa dwumadibea ha. Sɛ yɛbɔ ka nnwom a yɛto wɔ Ahenni Asa no ho a ɛma ɛyɛ dɛ. Ne bo: ₵32,500.

      ◼ Wɔ July Yɛn Ahenni Som no Nkaebɔ afã hɔ no, yɛka kyerɛɛ asafo ahorow no sɛ wɔmfa “Literature Order Form” (S-14) no nkra nneɛma a wɔmfa mfiri ne nea wɔde ma akwampaefo kwa a wɔkra no afe afe no. Ɛde besi nnɛ no, asafo pii nyɛɛ saa. Saa ara na afe a etwaam no, asafo pii buu wɔn ani guu eyi so, na ɛmaa wɔn de kaa akyiri koraa. Monkwati eyi. Yɛsrɛ mo monhyɛ no nsow sɛ ɛsɛ sɛ mokra nneɛma a wɔmfa mfiri no ma wɔn a wobisa no nkutoo. Monhwɛ Yɛn Ahenni Som a yɛaka ho asɛm wɔ atifi hɔ no mu na moanya ho nsɛm afoforo.

      ◼ Video Kasɛt a Ɛwɔ Hɔ:

      Engiresi: Purple Triangles. Akwampaefo gye no ₵3,600 na adawurubɔfo ne afoforo gye no 4,800. Yɛsrɛ mo monyɛ nsakrae yi wɔ “Cost List” no so.

      ◼ MONHYƐ EYI NSOW TITIRIW: Yɛasakra bere a wɔbɛyɛ “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” Ɔmantam Nhyiam no wɔ Sunyani no. Afei wɔbɛyɛ no fi December 16 kosi 19, 1993.

  • Kenkan Yɛn Man Yi mu Kasa mu Nyan!
    Ahenni Som—1993 | November
    • Kenkan Yɛn Man Yi mu Kasa mu Nyan!

      1 Ɛyɛ anigye sɛ yebehu sɛ Nyan! a wotintim no adu dodow a ɛsen biara a ɛne 13,240,000 wɔ kasa horow 67 a Twi ne Ewe ka ho mu. Hwɛ sɛnea Yehowa ahyira The Golden Age (a mprempren wɔfrɛ no Nyan!) kakraa bi a wofii ase tintim wɔ 1919 mu no so!—Fa toto Sakaria 4:10 ho.

      2 Yɛn Man yi mu Kasa mu “Nyan!” Dodow a Wotintim: Wɔ ɔman yi mu no, Nyan! a wodii kan tintimii ne October 8, 1975 Twi de no. October 8, 1978 Nyan! a na ne dodow yɛ 23,800 no ne nea ɛsen biara a wɔatintim wɔ Twi mu. Ɛda adi pefee sɛ na nnipa pii kenkan Twi Nyan! no saa bere no.

      3 Hwɛ anigye ara na ɛyɛ bere a wotintim Ewe Nyan! a edi kan a ɛne September 8, 1992 de no! Togo ne Ghana nsasesin no titiriw na wodii ahurusi.

      4 Bere a wotintim Twi Nyan! a ne dodow sen biara wɔ 1978 mu no, na adawurubɔfo 22,000 na wɔwɔ Ghana. Mprempren a adawurubɔfo 41,000 na wɔwɔ Ghana (aka kakraa bi na adu 1978 de no mmɔho) no, yebetumi aka sɛ Twi akenkanfo nso adɔɔso pii.

      5 Wogyae Twi Nyan! no tintim wɔ anohyeto bere no mu, nanso wɔde March 8, 1991 de no san fii ase bio, na nea edi kan a wotintimii no dodow yɛ 3,550. Mprempren, wotintim 3,400. Sɛ yɛde toto dodow a na wotintim no kan no ho a, ɛda adi sɛ wɔn a na wɔkenkan Twi Nyan! no kan ne nnansa yi no mu binom agyae kenkan.

      6 Ewe Nyan! a edi kan a wotintimii no dodow yɛ 4,700. Mprempren, wotintim 3,900. Wɔ eyi nso mu no, wɔn a wofii ase kenkanee no bi agyae kenkan.

      7 Dɛn Nti na Wɔn a Wɔkenkan no So Retew?: Ade biako a wɔkyerɛ sɛ ama wɔn a wɔkenkan yɛn man yi mu kasa mu Nyan! so retew ne mprempren sikasɛm mu ahokyere no. Ɛwom sɛ yensua Nyan! wɔ asafo nhyiam horow mu te sɛ Ɔwɛn-Aban de, nanso esiane sɛ Twi Nyan! yɛ nsɛmma nhoma a ɛba ɔsram biara nti, so ɛyɛ den dodo sɛ wode ₵150 bɛto hɔ ɔsram biara de atɔ biako?

      8 Nea Wotintim a Yɛbɛma ne Dodow Akɔ Anim: Ofiwuranom pii nnim mpo sɛ wotintim Nyan! wɔ Twi ne Ewe mu. Ɔman yi mu adawurubɔfo dodow no ara ne afiwuranom yɛ Bible adesua wɔ yɛn man yi mu kasa mu nhoma ahorow mu dedaw. Enti, dɛn nti na womfa yɛn man yi mu kasa mu Nyan! no nkyerɛ Bible asuafo a wɔte saa, na wumfi ase mma wɔn nsɛmma nhoma daa?

      9 Monhwɛ nsɛm binom a ɔman yi mufo ani begye ho kwan. Sɛ́ nhwɛso no, ogya a ɛhyew mfuw nsase haw adwene wɔ ɔman yi mu bere nyinaa. November 8, 1993 Nyan! a ɛwɔ yɛn man yi mu kasa mu no kura asɛm bi a ɛfa ogya a ɛhyew mfuw nsase ho. Ɛbobɔ nneɛma pii a ɛma ogya hyew mfuw nsase din, na ɛhyɛ siw a yebesiw ano ho nkuran. Asɛm no yɛ tiawa na wɔn a wɔte nkuraase a ogya hyew mfuw nsase wɔ hɔ no ani begye ho ntɛm.

      10 Esiane sɛ Nyan! no bi mu yɛ den nti, ɛtɔ da bi a yɛn nsɛm asekyerɛfo no yɛ nhwehwɛmu pii na wɔatumi anya nsɛmfua, nsɛm ne kasakoa a ɛne Engiresi de no hyia. Sukuufo a woresua Twi ne Ewe de akɔyɛ sɔhwɛ no betumi anya so mfaso denam eyi a wɔde bedi dwuma anya nsɛmfua afoforo pii, na wɔama sɛnea wɔkyerɛw yɛn man yi mu kasa horow no ayɛ papa no so.

      11 Yɛn man yi mu kasa mu nsɛmma nhoma no da nsow, efisɛ yenni nsɛmma nhoma a ɛwɔ yɛn man yi mu kasa mu wɔ ɔman yi mu. Sɛ wutumi kenkan Ewe anaa Twi a, kra yɛn man yi mu kasa mu Nyan! na w’ankasa woakenkan. Kra bi ma wo mma a wonim akenkan fa boa wɔn na ama wɔanya kasa no mu nimdeɛ pii. Monkra dodow a ɛfata mfa nkɔ asɛnka. Sɛ moboa na mudi ho dwuma a, yɛn man yi mu kasa mu Nyan! no betumi aba mprenu ɔsram biara te sɛ Engiresi de no. Yɛhwɛ saa da no kwan denneennen.

  • Asram Atitiriw Asɛnka Adwuma
    Ahenni Som—1993 | November
    • Asram Atitiriw Asɛnka Adwuma

      1 So December ne January betumi ayɛ asram atitiriw asɛnka adwuma ama wo? Akwamma pii wɔ saa asram no mu ma adwumayɛfo ne sukuufo. Sɛ woyere wo ho kakraa bi a, wubetumi ayɛ asɛnka adwuma kɛse a ɔmantam nhyiam no mfa ho.

      2 Adawurubɔfo nkumaa a wɔabɔ wɔn asu no mu binom benya nna afoforo a wɔmfa nkɔ sukuu na wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo wɔ asram yi mu. Hwɛ nkuranhyɛ ara a wobenya sɛ wɔne mpanyimfo, asomfo, ne adawurubɔfo afoforo bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu! Sɛ wo nsɛm tebea remma wo kwan mma wonyɛ ɔkwampaefo wɔ asram yi biara mu a, so wubetumi ne wɔn a wɔreyɛ akwampae adwuma no ayɛ asɛnka adwuma nnɔnhwerew kakraa bi aka ho? Ɛda adi sɛ eyi bɛhyɛ mo nyinaa nkuran.

      3 Nokwarem no, sɛ adawurubɔfo no nyinaa bɔ mmɔden a, ebia mpanyimfo no betumi ayɛ kuw adansedi ho nhyehyɛe da biara wɔ nnapɔnna nna no biara mu gye sɛ nhyiam bere no nkutoo mu.

      4 Mprempren yi ne bere a ɛsɛ sɛ ankorankoro ne mmusua ne afei asafo no nyinaa yɛ nhyehyɛe de nnapɔnna asram no yɛ asram atitiriw ma asɛnka adwuma wɔ mo asafo no mu.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena