So Nea Aniwa Hu Nkutoo na Wuhu?
1 Bere a yɛyɛ yɛn baguam ɔsom adwuma no, adwene a yedi kan nya wɔ nnipa bi ho no betumi ama yɛatwentwɛn yɛn nan ase sɛ yɛbɛka asɛmpa no akyerɛ wɔn. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔbarima bi a wamuna kusuu de anibɔne hwɛ wo daa bere a wokɔ ne fipamfo a wakyerɛ nokware no ho anigye hɔ a, dɛn na wobɛyɛ? Onuawa kwampaefo bi a eyi too no no yɛɛ n’adwene sɛ ɔbɛkɔ ɔbarima no nkyɛn ne no akɔkasa. Ɔbarima no annye ne nkyia no so fɛw so. Nanso anwonwasɛm ne sɛ otiee Bible mu asɛm no, na ɔde anigye penee so sɛ obesua ade. Esiane sɛ onuawa no annyina nea ohui so ammu atɛn nti, ebuee kwan maa ɔbarima yi ne ne yere ma wosuaa nokware no.
2 Hu a onuawa foforo bi huu aberante bi a ɔwɔ ti nhwi atenten ma osuroe mfiase no, nanso osii ne bo sɛ obedi aberante no adanse bere biara a ɔba sotɔɔ a ɔyɛ adwuma wom no mu. Ne mmɔdenbɔ no sow aba pa, na mprempren aberante no yɛ Ɔdansefo a wɔabɔ no asu. Dɛn na ɛremma yɛnka ntɛm ara sɛ nnipa a wɔte saa no rentie yɛn?
3 Yesu Nhwɛso a Yebesuasua: Ná Yesu nim sɛ ɔde ne nkwa bɛto hɔ ama obiara. Enti, wamma sɛnea ohu afoforo ammu n’abam. Ohui sɛ sɛ wɔde mmoa a ɛfata ma nnipa a wɔagye dimmɔne mpo na wɔhyɛ wɔn nkuran a, ebia wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ nsakrae. (Mat. 9:9-13) Ɔbɔɔ mmɔden sɛ ɔbɛboa adefo ne ahiafo nyinaa. (Mat. 11:5; Marko 10:17-22) Ɛmmra sɛ yennyina sɛnea yehu wɔn a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no so mmu wɔn atɛn, na yɛammu yɛn ani angu obi a ebia ɔwɔ koma pa so. (Mat. 7:1; Yoh. 7:24) Dɛn na ebetumi aboa yɛn ma yɛasuasua Yesu nhwɛso pa no?
4 Yɛnam Bible a yesua no so abehu sɛ Onyankopɔn Asɛm wɔ tumi a ɛma obi sakra n’adwene, ne suban, ne ne nipasu. (Efe. 4:22-24; Heb. 4:12) Enti ɛsɛ sɛ yenya adwempa bere nyinaa na yegyaw nea aka no ma Yehowa, Nea otumi hu nnipa komam no.—1 Sam. 16:7; Aso. 10:34, 35.
5 Ɛmmra sɛ asɛmpa no a yɛbɛka akyerɛ nnipa nyinaa a yɛnhwɛ obiara anim ɛmfa ho sɛnea yehu wɔn no bɛma yɛayɛ pii wɔ otwa adwuma kɛse no mu wɔ nna a edi akyiri yi mu.—1 Tim. 2:3, 4.